Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 9
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 9
Dwom 62 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 14 ¶1-7 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Korintofo 10-16 (Simma 10)
No. 1: 1 Korintofo 14:7-25 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɛbɛyɛ Dɛn na Nnipa a Wɔnyɛ Pɛ Atumi ‘Ahwehwɛ Yehowa’?—2 Be. 33:12, 13; Yes. 55:6, 7 (Simma 5)
No. 3: Dɛn Nti na Asɛm a Ɛwɔ Yohane 9:1, 2 no Nkyerɛ sɛ Onipa Wu a Wɔsan Wo no Bio?—rs-E kr. 319 ¶2–kr. 320 ¶2 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Mmabun—Dɛn na Mode Mo Asetra Bɛyɛ?—Ɔfã 1. Ɔkasa a egyina Mo Asetra kratawa no nkyekyɛm 1-9 so. Fi komam kamfo mmabun a wɔrehwehwɛ Ahenni no kan no.
10 min: Osuahu a Munyae Bere a Mode Asɛmpa Nhomawa no Yɛɛ Adwuma No. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a na wɔde Asɛmpa nhomawa no refi Bible adesua ase no. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea wɔde nhomawa no bɛyɛ adwuma bere a wɔasan akɔsra obi a wɔmaa no nsɛmma nhoma no.—Hwɛ March 2013 Yɛn Ahenni Som no kratafa 7.
10 min: “Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Amos.” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 96 ne Mpaebɔ