Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 14
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 14
Dwom 32 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 15 ¶7-12 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Filipifo 1-4–Kolosefo 1-4 (Simma 10)
No. 1: Filipifo 3:17–4:9 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Ɛyɛ Papa sɛ Obi Begyae N’awofo Som?—rs-E kr. 324 ¶1-3 (Simma 5)
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Mpaebɔ Betumi Aboa Ma Yɛako Atia Sɔhwɛ?—Luka 11:9-13; Yak. 1:5 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
15 min: Yɛn Amanaman Ntam Biakoyɛ no Hyɛ Yehowa Anuonyam. Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 165, nkyekyɛm 2, kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 168 no so. Ma atiefo no bi nka osuahu a wɔatintim wɔ yɛn nhoma ahorow mu a ɛkyerɛ sɛ biakoyɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ Yehowa Adansefo ntam no ma wodi yɛn ho adanse pa.
15 min: “Yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 wɔ December Mu!” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma atiefo no mu biara Ahenni Asɛm a Ɛto so 38 no biako. Ma ɔsom adwuma sohwɛfo no nkyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛyɛ mo asasesin no mu adwuma. Ma wɔmfa asɛm tiawa a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ sɛnea yɛde Ahenni Asɛm no bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 53 ne Mpaebɔ