Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase March 31
DAPƐN A EFI ASE MARCH 31
Dwom 105 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 5 ¶1-8 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Exodus 1-6 (Simma 10)
No. 1: Exodus 2:1-14 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ate Bible no Ase?—fg adesua 3 asɛmmisa 4 (Simma 5)
No. 3: Abɔfo Yɛ Onyankopɔn Asomfo—ol adesua 3 ¶15-17 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: “Fa Nsɛmma Nhoma Dedaw Yɛ Adwuma.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Kyerɛ nsɛmma nhoma dedaw a mowɔ, na ma anuanom nhu sɛ wobetumi agye bi akɔ asɛnka. Sɛ wɔde nsɛmma nhoma dedaw ama na wɔanya ho osuahu bi a, ma wɔnka nkyerɛ. Sɛ worebewie a, ma ɔsom adwuma sohwɛfo no nkyerɛ baabi a mo asafo no akyekyɛ Nkaedi nsato krataa no akodu.
10 min: So Wokae? Ɔkasa a asafo mu panyin ma. Fa asɛm a wɔato din “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 4” no ma ɔkasa. Ɛwɔ September 2008, Yɛn Ahenni Som mu (km-Gh). Fa kyerɛw nsɛm no si emu nsɛntitiriw no so dua, na kyerɛ sɛnea mubetumi de emu nsɛm no ayɛ adwuma wɔ mo mpɔtam hɔ.
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Monkenkan Mateo 28:20 ne 2 Timoteo 4:17. Munsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm yi betumi aboa yɛn wɔ asɛnka adwuma mu no ho.
Dwom 135 ne Mpaebɔ