Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 2
DAPƐN A EFI ASE JUNE 2
Dwom 134 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 8 ¶1-8 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Exodus 38-40 (Simma 10)
No. 1: Exodus 40:20-38 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔasan De Paradise Aba?—fg adesua 5 asɛmmisa 3 (Simma 5)
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Satan Bɔ Mmɔden sɛ Ɔbɛma Nnipa Agye Adi sɛ Awufo Nwui Ankasa?—ol adesua 4 ¶15-16 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: Fa Nsɛmma Nhoma Ma wɔ June Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Di kan ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa yi mu no nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no ama. Afei, munsusuw nsɛm a yebetumi aka de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ama no mu biara ho. Ansa na wubewie no, hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔnkenkan nsɛmma nhoma no nhu mu nsɛm yiye, na wɔnyere wɔn ho mfa mma.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Dɛn na Yetumi Yɛe? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Wɔkae sɛ yɛmfa asɛm a ɛne “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Dwinnwen Nea Wubedi Kan Aka Ho” nyɛ adwuma. Ma atiefo nka sɛnea emu nyansahyɛ no aboa wɔn ne osuahu a ɛhyɛ nkuran.
Dwom 44 ne Mpaebɔ