Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 21
DAPƐN A EFI ASE JULY 21
Dwom 73 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 10 ¶8-17 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Leviticus 25-27 (Simma 10)
No. 1: Leviticus 26:1-17 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Henanom na Wobenyan Wɔn Aba Nkwa Mu?—fg adesua 6 asɛmmisa 4 (Simma 5)
No. 3: Hena Nkyɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Ahobammɔ?—ol adesua 5 ¶16-17 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: Yɛbɔ Bra Pa na Yɛtwe Yɛn Ho Fi Amanyɔsɛm Ho, Enti Nkurɔfo Bu Yɛn. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2014 Yearbook no so. Ɛwɔ kratafa 120 ne 149. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: Wobɛyɛ Ɔkwampaefo Boafo wɔ August Mu? Ɔkasa. Hwehwɛ anuanom mmienu anaa mmiɛnsa a wonni apɔwmuden anaa wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ August mu, na bisabisa wɔn nsɛm. Nhyehyɛe bɛn na wɔreyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ akwampaefo aboafo no? Ma ɔsom adwuma sohwɛfo no nka asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a wayɛ ama August bosome no.
10 min: “Yehowa Hu Me Sɛn?” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 65 ne Mpaebɔ