Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/14 kr. 1
  • Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 11

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 11
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 11
Yɛn Ahenni Som—2014
km 8/14 kr. 1

Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase August 11

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 11

Dwom 71 ne Mpaebɔ

Asafo Bible Adesua:

cl ti 11 ¶9-16 (Simma 30)

Teokrase Ɔsom Sukuu:

Bible akenkan: Numeri 7-9 (Simma 10)

No. 1: Numeri 9:9-23 (Simma 4 anaa nea ennu saa)

No. 2: Dɛn Nti na Yesu Yɛ Ɔhene a Ɔfata?​—fg adesua 7 asɛmmisa 2 (Simma 5)

No. 3: Afã Bɛn na Nyamesom Akannifo Anya wɔ Akodi Mu?​—ol adesua 6 ¶7-10 (Simma 5)

Ɔsom Nhyiam:

Dwom 107

5 min: “1914-2014: Ahenni no Adi Tumi Mfe Ɔha!” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan asɛm a ɛwɔ kratafa yi atifi no. Ɔsom Nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ wɔ ɔsram yi mu no bɛtwe adwene asi Ahenni no so. Kyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛkɔ asɛnka.

10 min: “Fa Wɛbsaet Kratawa Foforo no Yɛ Adwuma.” Monsusu kratawa no mu nsɛm ho. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Ɔdawurubɔfo bi de kratawa no ama obi, na ɔde ne fon anaa biribi a ɛte saa rekyerɛ onipa no sɛnea ɔbɛtumi akɔ jw.org so.

15 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu​—Fa Ahotoso Ka Ahenni no Ho Asɛm.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma adawurubɔfo mmienu mfa tebea a edi so yi nyɛ ɔyɛkyerɛ: Wɔdi santen mu retɔ ade wɔ sotɔɔ bi mu. Onipa a ɔgyina ɔdawurubɔfo no nkyɛn rehwɛ atesɛm krataa mu na ɔka sɛ: “Wiase bɛn koraa ni? Obiara sɔre a ɔse mɛtumi ayɛ, nanso nneɛma sɛe ara na ɛresɛe.” Ɔdawurubɔfo no ne ne ho kasa. Ɔka sɛ: ‘Asɛm yi de, ɛnsɛ sɛ meka m’ano tom. Ɛsɛ sɛ meka Ahenni no ho asɛm kyerɛ no!’ Afei, ɔdawurubɔfo no ka kyerɛ onipa no sɛ: “Eyi de ka na ka bio; da koro mpo nni hɔ a yɛnte asɛmmɔne. Nanso ma memfa me kratawa yi nkyerɛ wo. Wɛbsaet a ɛreka ho asɛm no aboa me ma manya nsɛmmisa a ɛho hia paa ho mmuae.” Ɔdawurubɔfo no twe n’adwene si kratawa no mu asɛm baako so, na onipa no nso kyerɛ ho anigye.

Dwom 92 ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena