Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no Ho Mmuae? (T-37). September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? anaa nkratawa a edidi so yi mu baako: Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? (T-30), Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye? (T-31), Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu? (T-32), Hena Paa na Odi Wiase Yi So? (T-33), Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? (T-34).
◼ Sɛ ɛka nnawɔtwe ama moakɔ ɔmantam nhyiam no a, monyɛ Ɔsom Nhyiam no mu nsakrae, na momfa bere no ntĩ nhyiam nkaebɔ a ɛhyɛ April 2014, Yɛn Ahenni Som no mu. Krataa a wɔkyerɛw no August 3, 2013 kɔmaa asafo ahorow nyinaa no, momfa emu nsɛm nka ho. N’asɛmti ne “Ahwɛyiye a yɛbɛyɛ bere a yɛakɔ Kristofo nhyiam ase. Sɛ mokɔ mo nhyiam wie a, ɔsram baako anaa mmienu akyi no, mobɛtumi de asafo mu ahiade bere no ayɛ ntĩmu ama adawurubɔfo aka nhyiam no mu nsɛm pɔtee a wɔahu sɛ ɛboa wɔ asɛnka mu ho asɛm.