Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/14 kr. 4
  • Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 1

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 1
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 1
Yɛn Ahenni Som—2014
km 8/14 kr. 4

Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 1

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 1

Dwom 46 ne Mpaebɔ

Asafo Bible Adesua:

cl ti 12 ¶9-15 (Simma 30)

Teokrase Ɔsom Sukuu:

Bible akenkan: Numeri 17-21 (Simma 10)

No. 1: Numeri 17:1-13 (Simma 4 anaa nea ennu saa)

No. 2: Bere a Yesu Fii Ase Dii Hene no, Dɛn na Esii?​—fg adesua 7 asɛmmisa 4 (Simma 5)

No. 3: Dɛn na Ɛbɛba Atoro Som ne Wɔn a Wɔde Wɔn Ho Hyem no So?​—ol adesua 6 ¶12-13 (Simma 5)

Ɔsom Nhyiam:

Dwom 98

10 min: Fa Nsɛmma Nhoma Ma wɔ September Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Di kan ma wɔmfa nsɛm a yɛbɛtumi aka a ɛwɔ kratafa yi no nyɛ ɔyɛkyerɛ mmienu. Nea edi kan no ma wɔnkyerɛ sɛnea yɛbɛtumi de Ɔwɛn-Aban no ama. Nea ɛtɔ so mmienu, sɛnea yɛde Nyan! no bɛma. Afei, monsusu nsɛm a yɛbɛtumi aka de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ama no mu biara ho.

10 min: Dɛn Na Yɛtumi Yɛe? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Wɔkae sɛ yɛmfa asɛm a ɛne “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu​—Fa Ahotoso Ka Ahenni no Ho Asɛm” nyɛ adwuma. Ma atiefo nka mfaso a wɔanya afi so. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛnnennen a wɔn ankasa ahyia bere a wɔpɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm no. Ɛyɛɛ dɛn na wɔtumi dii saa nsɛnnennen no so?

10 min: Ɔsatu Titiriw no Ho Amanneɛbɔ. Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo bɛdi ho dwuma. Nsɛntitiriw a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi mu a ɛma yɛhu sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɔ Ahenni no ho dawuru no, bɔ ne nyinaa mua. Mo asafo no de saa akwankyerɛ no dii dwuma sɛn? Bere a yɛyɛɛ ɔsatu no, ɔsom adwuma no afã bɛn na mobɔɔ mu mmɔden paa?

Dwom 45 ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena