Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 15
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 15
Dwom 105 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 13 ¶1-10 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Numeri 26-29 (Simma 10)
No. 1: Numeri 27:15–28:10 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɛyɛɛ Dɛn na Bɔne Bae?—fg adesua 8 asɛmmisa 1 (Simma 5)
No. 3: Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn—ol adesua 7 ¶5-8 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
15 min: Dɛn na Yɛtumi Yɛɛ no Afe a Ɛtwaam No? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo bɛdi ho dwuma. Kyerɛ nea mo asafo no tumi yɛe wɔ ɔsom afe a ɛtwaam no mu, na fa nea motumi yɛe wɔ ɔsatu titiriw a yɛyɛɛ no August mu no nso ka ho. Ka nneɛma a mobɔɔ mmɔden wom ho asɛm, na kamfo anuanom. Ma atiefo nka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wɔnyae bere a yɛyɛɛ ɔsatu wɔ August mu no. Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a ɔtrɛw ne som adwuma mu saa bosome no nsɛm. Sɛ worebɛwie a, ma asafo no nhu ɔsom adwuma no afã bi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho mmɔden wɔ ɔsom afe a ɛreba no mu, na kyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so adi ho dwuma.
15 min: “Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Nahum.” Nsɛmmisa ne mmuae.
Dwom 46 ne Mpaebɔ