Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 20
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 20
Dwom 109 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 14 ¶16-20, adaka a ɛwɔ kr. 147 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 7-10 (Simma 10)
No. 1: Deuteronomium 9:15-29 (Simma 4 anaa nea ɛnnuru saa)
No. 2: Sɛ W’ani Nnye wɔ W’aware Mu a, So Ɛsɛ sɛ Wugyae?—fg adesua 9 asɛmmisa 3 (Simma 5)
No. 3: Po Atoro Som na Som Nokware Som—ol adesua 8 ¶1-4 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiamu:
Bosome yi Asɛmti: “Ka asɛm no, kɔ so ka no dendeenden.”—2 Tim. 4:2
15 min: “Sɛn na Wobɛkyerɛkyerɛ Afe 1914 Mu Akyerɛ Obi?” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefoɔ nkyerɛ wɔn adwene wɔ asɛmmisa biara ho.
15 min: Biribi a Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛakyerɛkyerɛ Afe 1914 Mu. Wofiri wo dwumadie no ase pɛ a, ma wɔmfa simma nson nyɛ ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfoɔ bi mfa nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ November 1, 2014, Ɔwɛn-Aban no kratafa 11 mmoa ne Bible suani ma ɔnte Daniel ti 4 no ase; ɔnkyerɛ sɛnea ɛfa Onyankopɔn Ahennie no ho. Ma atiefoɔ nkyerɛ wɔn adwene wɔ ɔyɛkyerɛ no ho, na wɔnka nea nti a ɛtu mpɔn. Sɛ worebɛwie a, kenkan Adiyisɛm 12:10, 12 na kyerɛ mu sɛ Ahennie no firii aseɛ dii tumi afe 1914 mu; ma atiefoɔ nkyerɛ nea enti a saa nokwasɛm yi kanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no dendeenden.
Dwom 133 ne Mpaebɔ