Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfiri Aseɛ November 17
NNAWƆTWE A ƐFIRI ASEƐ NOVEMBER 17
Dwom 26 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 16 ¶1-9 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 23-27 (Simma 10)
No. 1: Deuteronomium 25:17–26:10 (Simma 4 anaa nea ɛnnuru saa)
No. 2: So Nokware Som Yɛ Biako Pɛ?—fg adesua 10 asɛmmisa 1 (Simma 5)
No. 3: Wo ne Yehowa Nkurɔfo Mmɔ—ol adesua 8 ¶9-13 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiamu:
10 min: What’s a Real Friend? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛgyina video a wɔato din What’s a Real Friend? no so. (Kɔ jw.org, na hwɛ BIBLE TEACHINGS > TEENAGERS aseɛ hɔ.) Di kan yi video no kyerɛ atiefoɔ no. Afei fa nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi yɛ adwuma na wo ne atiefoɔ no mmɔ nkɔmmɔ: (1) Hwan paa na ɔyɛ adamfo pa? (2) Wopɛ sɛ wofa obi adamfoɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ? (3) Wobɛyɛ dɛn anya adamfo pa? (4) Dɛn na wobɛyɛ na aboa ama mo adamfofa no mu ayɛ den? (Asafo ahodoɔ a wɔrentumi nyi video no nyɛ nhyehyɛeɛ nsusu nsɛntitre a ɛwɔ asɛm a wɔato din “Young People Ask—Who Are My True Friends?” [“Mmɔfra Bisa Sɛ—Hwanom na Wɔyɛ Me Nnamfo Paa?”] no bi ho. Ɛwɔ September 2011 Awake! mu, kratafa 19.)
10 min: Ɔdɔ Ma Wɔhunu sɛ Yɛyɛ Yesu Akyidifoɔ. (Yoh. 13:35) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛgyina afe 2014 Yearbook no so; ɛwɔ kratafa 48, nkyekyɛmu 1 kɔsi kratafa 49, nkyekyɛmu 3; ne kratafa 69, nkyekyɛmu 1 kɔsi kratafa 70, nkyekyɛmu 2. Ma atiefoɔ nka nea wɔasua afiri mu.
10 min: “Ɛkwan Foforɔ a Yɛfa so Di Adanseɛ wɔ Badwam.” Nsɛmmisa ne mmuaeɛ. Sɛ mo asasesini no fã baabi wɔ hɔ a nkurɔfoɔ pii taa fa a, ɛnneɛ bisa ɔsom adwuma sohwɛfoɔ no ma ɔnkyerɛ nhyehyɛeɛ a asafo no ayɛ ama badwam adansedie. Afei ma atiefoɔ nka osuahu a wɔanya.
Dwom 92 ne Mpaebɔ