Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ July 6
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ JULY 6
Dwom 80 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 27 ¶1-9 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Ahemfo 7-8 (simma 8)
No. 1: 1 Ahemfo 8:27-34 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Yosef Sɔ Ne Nuanom Hwɛ—my adesua 24 (simma 5)
No. 3: Nneɛma Hyɛ Wo So a, Ɛdɛn na Wobɛtumi Ayɛ?—igw kr. 24 ¶1-3 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Kae tete.’—Deut. 32:7.
10 min: Fa Nsɛmma Nwoma Ma wɔ July Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Nea ɛdi kan koraa no, ma wɔmfa nsɛm a ɛwɔ nifa so no nyɛ ɔyɛkyerɛ mmienu mfa nkyerɛ sɛnea yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛma. Afei monsusu nsɛm a yɛbɛtumi aka no mu biara ho.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Wode Yɛɛ Adwuma? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Bere a yɛresusu asɛm a ɛne, “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! Yɛ Bible Adesua Wɔ Pon Ano” ho no, wɔkaa sɛ yɛmfa nyɛ adwuma. Ma atiefo nka sɛnea nyansahyɛ no aboa wɔn, na wɔnka osuahu a ɛhyɛ nkuran.
Dwom 67 ne Mpaebɔ