Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ July 27
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ JULY 27
Dwom 18 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 28 ¶1-9 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Ahemfo 15-17 (simma 8)
No. 1: 1 Ahemfo 15:16-24 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Mfasoɔ Bɛn na Ɔyerenom Bɛtumi Anya Afiri Bible Mu?—igw kr. 26 ¶3-4 (simma 5)
No. 3: Ɔhemmɔne Di Egypt So—my adesua 27 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo.’—Mat. 28:19, 20.
10 min: W’asɛnka Adwuma no Retu Mpɔn? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Wɔde asɛm a wɔato din “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu” aba Yɛn Ahenni Som mu atoatoa so. Sɛ wohwɛ nea ɛdii kan bae February 2014 no a, nkyekyɛm a ɛdi kan pɛɛ no, wobɛhu nea enti a wɔde saa asɛm yi baa Yɛn Ahenni Som mu. Ka ho asɛm. Nea aba atwam no bi ne nea ɛwɔ he? Afei ma anuanom nka mfaso pɔtee a wɔanya afi so. Bosome biara, asɛmti ketewa bi pue wom a wɔato din “Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu.” Hyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔnhwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de saa nyansahyɛ no ayɛ adwuma.
10 min: Fa “Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?” Boa Wo Bible Suani. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Monsusu ho nhwɛ sɛnea yɛbɛtumi de ɔfã a ɛdidi so yi aboa yɛn Bible suani ma ɔde Bible no adi dwuma yie: (1) “Sua Bible no Bue.” (2) Asɛmmisa 19: “Nhoma ahorow a ɛwɔ Bible mu no ka dɛn ho asɛm?” (3) Asɛmmisa 20: “Sɛ worekenkan Bible a, dɛn na ɛbɛma woanya so mfaso kɛse?” Ma ɔdawurubɔfo bi nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa. Ɔne ne Bible suani asua ade awie, na wɔresusu ɔfã yi bi ho.
10 min: “Nneɛma a Yɛde Kyerɛkyerɛ.” Nsɛmmisa ne mmuaeɛ.
Dwom 125 ne Mpaebɔ