Nkaebɔ Ahorow
◼ Nwoma a yɛde bɛma July ne August: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ!, Tie Onyankopɔn, anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa. September ne October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan!
◼ Aka nnawɔtwe ama moakɔ ɔmantam nhyiam no, monyɛ ɔsom nhyiam no mu nsakrae, na momfa bere no bi ntĩ nhyiam ho nkaebɔ a ɛhyɛ April 2015 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Momfa krataa a n’asɛmti ne “Ahwɛyiye a yɛbɛyɛ bere a yɛakɔ Kristofo nhyiam ase” a wɔkyerɛw no August 3, 2013 kɔmaa asafo ahorow no mu nsɛm nka ho. Sɛ mokɔ mo nhyiam wie a, bosome baako anaa mmienu akyi no, mobɛtumi de asafo mu ahiade bere no ayɛ ntĩmu ma adawurubɔfo aka nhyiam no mu nsɛm pɔtee a aboa wɔn wɔ asɛnka mu.