Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ October 19
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ OCTOBER 19
Dwom 54 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
ia nkr. 2-3 ne nnianim nsɛm ¶1-15 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Berɛsosɛm 8-11 (simma 8)
No. 1: 1 Berɛsosɛm 11:15-25 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Akwansrafoɔ 12 No—my adesua 38 (simma 5)
No. 3: So Onyankopɔn Tie Mpaebɔ Nyinaa?—fg adesua 12 asɛmmisa 1 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Gye nhini na tintim wɔ gyidie no mu.’—Kol. 2:6, 7.
20 min: “Nea Ɛbɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Apusu Nkurɔfo.” Nsɛmmisa ne mmuaeɛ. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ mmienu. Nea ɛdi kan no, ɔbaa bi ka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ ne ba awu na seesei ɔwɔ soro. Ɔdawurubɔfo no kenkan Ɔsɛnkafoɔ 9:5 de kyerɛɛ tebea a awufo wom. Nanso ɔbaa no ani annye asɛm no ho efisɛ wanhu awerɛkyekyesɛm biara wɔ kyerɛwsɛm no mu. Ɔyɛkyerɛ a ɛtɔ so mmienu no mu deɛ, ɔdawurubɔfo no kyekyee ne werɛ, na ɔkenkan Yohane 5:28, 29 maa no huu anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo. Afei ofiewura no kyerɛɛ asɛm no ho anigye.
10 min: Mpanin ne Mmofra Nyinaa Bɛtumi Ayɛ Nhwɛso Pa. (Filip. 3:17; 1 Tim. 4:12) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛgyina 2015 Yearbook no so. Ɛwɔ kratafa 71, nkyekyɛm 2, kɔsi kratafa 72, nkyekyɛm 4; ne kratafa 76 kɔsi 77. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
Dwom 90 ne Mpaebɔ