Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Ɔwɛn-Aban November 1
“Sɛ ɛko si a, ɛyɛ a afanu no nyinaa susu sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi. Wohwɛ a Onyankopɔn pene akodie so? [Twɛn ma ɔmmua.] Ɔwɛn-Aban yi ma yɛhu nea enti a tete no Onyankopɔn dii ako ne nea ɔbɛyɛ de ayi akokoakoko afiri wiase koraa.” Kenkan Dwom 46:9 na fa Ɔwɛn-Aban no ma no.
Nyan! November
“Nnipa mpempem pii ani nnye nyaatwom ne atoro nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ so wɔ nyamesom mu no ho. Wohwɛ nea ɛrekɔ so yi a, ɛbɛwie ɔsom ahorow no sɛn? [Twɛn ma ɔmmua.] Saa nwoma yi twe adwene si Bible nkɔmhyɛ bi so. Ɛwɔ Adiyisɛm nwoma no mu, na ɛma yɛhu sɛ nnipa bɛdwane afiri atoro som mu na awiei koraa wɔasɛe no.”