Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/15 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2015
Yɛn Ahenni Som—2015
km 12/15 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Yɛbɛsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu nnawɔtwe a ɛfi aseɛ December 28, 2015 mu. Wɔde bere a yɛbɛsusu asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

  1. Asɛm a ɛwɔ 1 Berɛsosɛm 20:3 no nti, ebinom ka sɛ Dawid yɛɛ mmarima a ɔfaa wɔn nnommum no ayayade. Saa na asɛm no te anaa? [Nov. 2, w05 2/15 kr. 27]

  2. Dɛn na ɛkaa Dawid ma ɔdaa ayamye adi, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn nso yɛayɛ saa? (1 Be. 22:5) [Nov. 9, w05 10/1 kr. 11 nky. 7]

  3. Bere a Dawid ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Hu Onyankopɔn a wo papa som no no”, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (1 Be. 28:9) [Nov. 16, w10-E 11/1 kr. 30 nky. 3, 7]

  4. Dɛn na Solomon adesrɛ a ɛwɔ 2 Berɛsosɛm 1:10 ma yɛhu fa ne ho, na sɛ yɛsusu mpae a yɛbɔ Yehowa no ho a, dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (2 Berɛsosɛm 1:11, 12) [Nov. 23, w05 12/1 kr. 19 nky. 6]

  5. Sɛnea 2 Berɛsosɛm 6:29, 30, kyerɛ no, su titiriw bɛn na Yehowa wɔ, na adɛn nti na sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ no? (Dw. 55:22) [Nov. 30, w10-E 12/1 kr. 11 nky. 7]

  6. Adɛn nti na Asa bɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no mma ɔnni nkonim, na dɛn na yɛn a yɛreko wɔ honhom fam no bɛtumi asua afi mu? (2 Be. 14:11) [Dec. 7, w12 8/15 kr. 8 nky. 6–kr. 9 nky. 1]

  7. Sɛ yɛhwɛ ɔkwan a Yehowa faa so ne Ɔhene Yehosafat dii no a, dɛn na yɛhu fa ne ho, na sɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne afoforo di? (2 Be. 19:3) [Dec. 14, w03 7/1 kr. 17 nky. 13; cl kr. 245 nky. 12]

  8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛgyina pintinn’ na ‘yɛyɛ komm’ nnɛ, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? (2 Be. 20:17) [Dec. 21, w05 12/1 kr. 21 nky. 1; w03 6/1 kr. 21 nky. 15-16]

  9. Yɛhwɛ nea 2 Berɛsosɛm 21:20 ka faa Yehoram wuo ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? [Dec. 21, w98 11/15 kr. 32 nky. 4]

  10. Sɛnea 2 Berɛsosɛm 26:5 kyerɛ no, hwan na ɔnyaa aberantewaa Usia so nkɛntɛnso pa, na dɛn na mmerante ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛtumi asua afi Kristofo a wɔn ho akokwa hɔ? [Dec. 28, w07 12/15 kr. 10 nky. 2, 4]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena