Asɛmmisa Afã
◼ Bere bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛne Bible suani bi gyae adesua?
Sɛ wohu sɛ wo Bible suani bi nnya nkɔso a, ebia ɛho bɛhia sɛ wode anifere gyae adesua no. (Mat. 10:11) Susu ho: Sɛ wo ne no yɛ nhyehyɛe sɛ mobɛsua ade a, ɛyɛ a ɔdi so? Ɔdi kan sua nwoma no ansa na adesua no adu so? Waba asafo nhyiam bi pɛn? Ɔka nea ɔsua no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo? Ɔde nea ɔsua fi Bible mu no bɔ ne bra? Nanso, di kan hwɛ mfe a osuani no adi ne sɛnea ne mmɔdenbɔ te na da ntease adi, efisɛ yɛn asuafo nyinaa nkɔso ntumi nyɛ pɛ. Sɛ wo ne obi gyae adesua a, ma no nhu sɛ daakye sɛ ɔpɛ sɛ ɔtoa adesua no so a, ɛkwan da hɔ.—1 Tim. 2:4.