Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 September kr. 2
  • Yɛbɔ Pon Bi Mu na Abofra Bebue a, Dɛn na Yɛbɛyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛbɔ Pon Bi Mu na Abofra Bebue a, Dɛn na Yɛbɛyɛ?
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Awofo, Moreboa Mo Ba Ama Wanya Nkɔso Abɔ Asu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Wɔn Abusuafo?
    Nyan!—2024
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 September kr. 2

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛbɔ Pon Bi Mu na Abofra Bebue a, Dɛn na Yɛbɛyɛ?

Anuanom mmea mmienu redi maame bi ne ne ba adanse

Yɛbɔ pon bi mu wɔ asɛnka mu na abofra bebue a, yɛmma no nkɔfrɛ n’awofo mmra. Yɛyɛ saa a ɛkyerɛ sɛ yebu awofo no, efisɛ wɔn na abofra no hyɛ wɔn ase. (Mme 6:20) Sɛ abofra no ka sɛ yɛmmra dan mu a, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ. Sɛ n’awofo nni hɔ a, yɛnkɔ mmra da foforo.

Sɛ abofra no ani afi kakra mpo a, ne papa mu ne sɛ yebebisa n’awofo ase. Sɛ ɔka sɛ wonni hɔ a, yebetumi abisa no sɛ n’awofo ma no kenkan nhoma biara a ɔpɛ anaa. Ɔka sɛ aane a, yebetumi ama no biribi akan. Yɛpɛ nso a yebetumi akyerɛ no sɛ ɔnkɔ jw.org.

Sɛ abofra bi kyerɛ asɛm no ho anigye na yɛkɔ ne nkyɛn da foforo a, ɛsɛ sɛ yɛma no frɛ n’awofo ba. Wɔba a, yebetumi akyerɛ wɔn nea enti a yɛaba hɔ. Afei nso afotusɛm pii wɔ Bible mu a mmusua de yɛ adwuma a, wɔn nsa rensi fam; yebetumi aka bi akyerɛ wɔn. (Dw 119:86, 138) Yɛfa saa kwan yi so a, ɛbɛma awofo no ahu sɛ yebu wɔn na yedwen wɔn ho. Afei ebedi yɛn ho adanse pa, na ɛbɛma yɛanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ abusua no nyinaa.​—1Pe 2:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena