Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g24 nɔma 1 kr. 10-12
  • Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Wɔn Abusuafo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Wɔn Abusuafo?
  • Nyan!—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A EHIA SƐ YENYA OBU MA YƐN ABUSUAFO
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • NEA YƐREYƐ
  • Wubetumi Anya Mmoa
    Nyan!—2020
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Wokɔ JW.ORG a, Wubenya Afotusɛm a Wode Bɛbɔ Wo Bra
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Adesua Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2024
g24 nɔma 1 kr. 10-12
Ɔbarima bi kura ne fon, na ne yere rekasa ne ho nso omfii no; wutumi hu sɛ ɔbarima no bo afuw. Wɔn ba abarimaa rehwɛ wɔn.

Adɛn Nti Na Nkurɔfo Nni Obu Mma Wɔn Abusuafo?

NEA ENTI A EHIA SƐ YENYA OBU MA YƐN ABUSUAFO

Sɛ yenya obu ma yɛn abusuafo a, ɛma asomdwoe ba fie, na ɛma okunu, ɔyere ne mmofra nyinaa te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ.

  • Nhoma bi a wɔato din The Seven Principles for Making Marriage Work ka sɛ, sɛ obi bu ne hokafo a, ɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ n’ani gye ne ho; “ɛnyɛ nneɛma akɛseakɛse a ɔbɛyɛ na ɛbɛkyerɛ, na mmom nneɛma nketenkete a ɔbɛyɛ no daa.”

  • Nhwehwɛmu ama abɛda adi sɛ, sɛ mmofra sua sɛ wɔbenya obu ama afoforo a, ɛma wɔte nka sɛ wɔn so wɔ mfaso, wɔne wɔn awofo ntam yɛ papa, na adwinnwen ntaa nhyɛ wɔn so.

NEA WUBETUMI AYƐ

Wo ne w’abusua mmom nyɛ nhyehyɛe. Nea edi kan, sɛ yɛka “obu” a, hwɛ hu sɛ wo ne w’abusua nyinaa nim nea ɛkyerɛ. Nea ɛtɔ so mmienu, suban a mopɛ sɛ abusua no mufo da no adi, ne nea mompɛ sɛ wɔda no adi no, kyerɛw to hɔ. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, wo ne w’abusua mmom nsusuw nhyehyɛe a moayɛ no ho, na ama obiara ahu nea obetumi ayɛ de akyerɛ sɛ obu ade.

“Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye.”—Mmebusɛm 21:5

Di kan yɛ wei ho nhwɛso. Sɛ w’abusuafo di mfomso a, woteɛteɛm gu wɔn so anaa? Sɛ wɔrekyerɛ wɔn adwene a, wotweetwee wɔn? Anaa, sɛ wɔrekasa wo ho a, ɛyɛ a womfii wɔn anaa wutwa wɔn ano?

Nyansahyɛ: Bɔ mmɔden hu obu sɛ, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wode ma wo hokafo ne wo mma, na ɛnyɛ sɛ, ehia sɛ wɔyɛ biribi ansa na woabu wɔn.

“Obiara nni kan mfa nidi mma ne yɔnko.” —Romafo 12:10.

Sɛ wo ne obi nyɛ adwene mpo a, da obu adi kyerɛ no. Ɛyɛ a nka nsɛm bi te sɛ, “Wo de, daa . . . ” anaa, “Wo de, da koro koraa nni hɔ a . . . ” Sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ yaw saa kyerɛ yɛn abusuafo a, ebetumi ahye wɔn na ama asɛm a ɛnyɛ asɛm mpo adan asɛm kɛse.

“Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw de, ɛhyɛ abufuw.” —Mmebusɛm 15:1.

Ababaa bi rehwɛ video wɔ jw.org so.

NEA YƐREYƐ

Yehowa Adansefo hyɛ mmusua nkuran sɛ wɔnnya obu mma wɔn ho, na yɛtaa ka ho asɛm wɔ yɛn nhoma ne video ahorow mu. Obiara nsa betumi aka bi a ontua hwee.

NEA YƐDE BOA AWAREFO: Nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din Mmoa a Wɔde Ma Abusua No betumi aboa okununom ne ɔyerenom ama . . .

  • wɔayɛ atiefo pa

  • wɔagyae akayɛ

  • wɔagyae akasakasa

(Hwehwɛ ɔfã a yɛato din “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No” wɔ jw.org)

NEA YƐDE BOA AWOFO: Nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din Mmoa a Wɔde Ma Abusua No betumi aboa awofo ama wɔahu sɛnea wɔbɛtete wɔn mma ama . . .

  • wɔayɛ osetie

  • wɔaboa wɔ fie nnwuma mu

  • wɔaka “mepaakyɛw” ne “medaase”

(Hwehwɛ afã a yɛato din “Mmofra Ntetee” ne “Mmabun Ntetee.” Ɛwɔ jw.org)

Hwɛ nkekaho a ɛwɔ nhoma a yɛato din Questions Young People Ask—Answers That Work, Volume 1 mu. Nkekaho no asɛmti ne “Questions Parents Ask” [Nsɛm a Awofo Bisa]. (Hwehwɛ “Questions Parents Ask” wɔ jw.org)

NEA YƐDE BOA MMABUN: Mmerante Ne Mmabaa afã a ɛwɔ jw.org no, wokɔ hɔ a wubenya nsɛm, video, ne dwumadi nkrataa a ebetumi aboa mmabun ama . . .

  • wɔne wɔn nuanom ne wɔn awofo atena asomdwoe mu

  • wɔahu sɛnea wɔne wɔn awofo bɛka mmara a wɔahyehyɛ ama wɔn no ho asɛm wɔ obu mu

  • wɔahu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn awofo agye wɔn adi

(Hwehwɛ ɔfã a yɛato din “Mmerante Ne Mmabaa” wɔ jw.org)

Wokɔ jw.org wɛbsaet so a worentua hwee. Afei nso, ɛho renhia sɛ wokyerɛw wo ho nsɛm wɔ wɛbsaet no so ansa na woatumi akɔ so.

Joseph Ehrenbogen.

SUA PII KA HO

Bere a Joseph Ehrenbogen waree no, na odi aturuturasɛm, na na wanom nnubɔne nso ama aka ne hɔ. Yehowa Adansefo de Bible boaa no ma ɔsesaa ne suban ma anigye baa n’abusua mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm pii a, hwehwɛ asɛm a yɛato din “Mahu Sɛnea Mebu Mmea ne Me Ho.” Ɛwɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena