BIBLE MU AKORADE | YESAIA 29-33
“Ɔhene Bi Bedi Ade Trenee Mu”
Ɔhene Yesu ma yɛn “abirɛmpɔn” anaa mpanyimfo ma wɔhwɛ nguankuw no
Wɔte sɛ “ahum ano guankɔbea.” Enti abasamtu ne ɔtaa a ayɛ sɛ ahum no, wɔbɔ nguankuw no ho ban fi ho
Wɔte sɛ “asase kesee so nsuten.” Wɔn a Onyankopɔn Asɛm ho sukɔm de wɔn no, mpanyimfo no de nokware a wɔmfraa mu ma wɔn. Wei ma wɔn koma tɔ wɔn yam
Wɔte sɛ “asase wosee so botan kɛse onwini.” Wɔde Onyankopɔn Asɛm kyerɛ nguankuw no kwan ma wɔn ho dwo wɔn fɔmm