Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 3 kr. 13
  • Sɛ Woboa Obi a Ohia Mmoa a, Wubenya Nhyira

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Woboa Obi a Ohia Mmoa a, Wubenya Nhyira
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA KYERƐW KRONKRON NO AKA
  • NEA YƐYƐ A ƐKYERƐ SƐ YƐREBOA OBI A OHIA MMOA
  • Momma Yɛmfa Nokwaredi Mmoa Kristo Nuanom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Samariani Yamyefo No Asɛm No Mu?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Wugye Yehowa Mmoa Tom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 3 kr. 13
Ɔbarima bi de map rekyerɛ ɔbarima foforo bi kwan.

Wubetumi aboa afoforo ɛmfa ho mfe a wɔadi, ɔman a wofi mu, anaa ɔsom a wɔwom?

Sɛ Woboa Obi a Ohia Mmoa a, Wubenya Nhyira

Nnipa a wɔwɔ wiase no bebree hia aduan a wobedi ne baabi a wɔbɛda. Nanso wɔn mu bi wɔ hɔ a, nea wohia ara ne sɛ wobenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa nkurɔfo a wɔte saa a, Onyankopɔn ani bɛsɔ, na obehyira yɛn. Adɛn ntia?

NEA KYERƐW KRONKRON NO AKA

“Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa, na nea ɔde ama no, Obetua no ka.”—MMEBUSƐM 19:17.

NEA YƐYƐ A ƐKYERƐ SƐ YƐREBOA OBI A OHIA MMOA

Yesu maa mfatoho bi. Ná ɛfa ɔbarima bi a akorɔmfo werɛmfo tow hyɛɛ no so ho. Wopirapiraa no gyaw no too hɔ sɛ onwu. (Luka 10:29-37) Obi bepuee ɔbarima a na wɔapirapira no no so. Ná onnim no baabiara, nanso ɔfaa no kɔhwɛɛ no. Ɛwom sɛ na ɛsono baabi a wɔn mu biara fi de, nanso ɔboaa no.

Ɔbarima yamyefo yi de aduru guguu ɔbarima a na wɔapirapira no no akuru so, na ɔmaa ne nsa kaa nea ohia biara nso. Wei maa ɛyaw a ɔrefa mu no so tewee.

Dɛn na yebetumi asua afi mfatoho yi mu? Nea na Yesu rekyerɛ yɛn ne sɛ, sɛ yehu sɛ obi hia mmoa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa no. (Mmebusɛm 14:31) Kyerɛw Kronkron no ma yehu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn betu ohia ase na wayi amanehunu afi hɔ. Nanso ebia yebebisa sɛ, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn beyi ohia ne amanehunu afi hɔ, na bere bɛn na ɔbɛyɛ saa? Nneɛma pa a Ɔbɔadeɛ a ɔdɔ wo no abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama wo no, yebesusuw bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

“ONYANKOPƆN NNII ME HUAMMƆ DA”!

Obi a ofi Gambia a watu akɔtena ɔman foforo so anom asɛm

“Miduu aburokyiri no, na minni hwee. Ná minni adwuma, ná minni sika, na na minni baabi a mede me ti bɛto nso. Nea misua fii Kyerɛw Kronkron no mu no boaa me ma mitumi yɛɛ biribi de twitwaa me ho. Ɛmaa meyeree me ho yɛɛ adwuma, enti mammɛyɛ adesoa amma afoforo. Mitumi boaa afoforo mpo. Onyankopɔn nnii me huammɔ da. Ɔma me nsa ka nea mihia daa.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena