Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 March kr. 8
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Ɔdɔ Ama Onyankopɔn Ne Yɛn Yɔnko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Ɔdɔ Ama Onyankopɔn Ne Yɛn Yɔnko
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Anisɔ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Sɛnea Wobɛkenkan Bible Anya So Mfaso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 March kr. 8

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Ɔdɔ Ama Onyankopɔn Ne Yɛn Yɔnko?

Ɛwom sɛ ɛnnɛ Kristofo nni Mose Mmara no ase, nanso emu ahyɛde mmienu a ɛyɛ kɛse no da so ara yɛ adwuma. Nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nnɛ no nyinaa gyina saa ahyɛde yi so. Ɛne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko. (Mt 22:37-39) Yɛamfa saa ɔdɔ no anwo yɛn, enti ɛsɛ sɛ yesua. Yɛbɛyɛ dɛn asua? Ade titiriw baako ne sɛ yɛbɛkenkan Bible daa. Sɛ yesusuw Onyankopɔn su ahorow no ho sɛnea wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛma yehu “Yehowa papayɛ.” (Dw 27:4) Ɛba saa a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse na ɛma yɛn nsusuwii ne ne de sɛ. Wei ka yɛn ma yedi Onyankopɔn ahyɛde so. Ahyɛde no bi ne sɛ yebeyi yɛn yam adɔ afoforo na yɛde yɛn ho abɔ afɔre ama wɔn. (Yoh 13:34, 35; 1Yo 5:3) Nneɛma mmiɛnsa a ebetumi ama Bible akenkan ayɛ dɛ ni:

  • Dwinnwen ho na fa no sɛ wode w’ani, wo hwene ne w’aso nyinaa reyɛ adwuma. Fa no sɛ wowɔ hɔ bi. Dɛn na anka wubehu, dɛn na anka w’aso bɛte, na ehua bɛn na anka wobɛte? Wohwɛ a, nnipa a asɛm no fa wɔn ho no bɛte nka sɛn?

    Onua bi retwa nea wakenkan afi Bible mu no ho mfonini wɔ n’adwenem
  • Sakra mu. Nea wubetumi ayɛ no bi ni: Kenkan no den, wubetumi nso de afiri abɔ na woadi akenkan no akyi. Sɛ́ anka wobɛkenkan ti ahorow no nnidiso nnidiso no, fa Bible mu nipa bi na kenkan ne ho asɛm anaa fa asɛm pɔtee bi na kenkan ho ade. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, wubetumi ahwɛ asɛm a ɛwɔ Fa Sua Onyankopɔn Asɛm nhoma no, Ɔfã 4 anaa Ɔfã 16 so akenkan Yesu ho ade. Sɛ woreyɛ daa asɛm no a, wubetumi akenkan ti a woyii ɛda no Kyerɛwsɛm no fii mu no nyinaa. Wubetumi agyina bere a wɔde kyerɛw Bible mu nhoma ahorow so akenkan no nnidiso nnidiso.

    Onuawa bi rekenkan Bible wɔ jw.org
  • Kenkan no sɛnea wobɛte ase. Sɛ ti baako pɛ mpo na da biara wobɛkan ate ase adwinnwen ho a, eye sen sɛ wobɛkenkan ti ahorow bebree kɛkɛ. Susuw ho hwɛ nea enti a wɔkaa asɛm pɔtee bi. Dwinnwen asɛm no afã horow nyinaa ho. Fa kyerɛwnsɛm afoforo a ɛwɔ Bible no mfinimfini ne map ahorow yɛ adwuma. Nsɛm a wonte ase wɔ nea woakenkan no mu no, anyɛ yiye koraa yɛ baako mu nhwehwɛmu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a bere dodow a wode bɛkenkan Bible no, fa saa bere dodow no ara dwinnwen nea woakenkan no ho.

    Nkekaho mmienu a ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena