Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 April kr. 4
  • April 16-22

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 16-22
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 April kr. 4

April 16-22

MARKO 1-2

  • Dwom 130 Ne Mpaebɔ

  • Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)

BIBLE MU AKORADE

  • “Wɔde Wo Bɔne Afiri Wo”: (Simma 10)

    • [Yi video a yɛato din Marko Nhoma No Nnianim Nsɛm.]

    • Mr 2:3-5—Yesu fii ayamhyehye mu de obubuafo bi bɔne kyɛɛ no (jy 67 ¶3-5)

    • Mr 2:6-12—Yesu nam obubuafo a ɔsaa no yare no so kyerɛɛ sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ (“Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw” Mr 2:9 ho adesua asɛm, nwtsty)

  • Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)

    • Mr 1:11—Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yesu no kyerɛ sɛn? (“nne bi fi soro bae,” “Woyɛ me Ba,” “magye wo atom” Mr 1:11 ho adesua nsɛm, nwtsty)

    • Mr 2:27, 28—Adɛn nti na Yesu frɛɛ ne ho sɛ “homeda Wura”? (“homeda Wura” Mr 2:28 ho adesua asɛm, nwtsty)

    • Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?

    • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?

  • Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Mr 1:1-15

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

  • Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ w’asasesin mu no, paw baako na fa kwan bi so di ofiewura no adanse.

  • Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma.

  • Sankɔhwɛ a Ɛto So Mmienu Ho Video: (Simma 5) Yi video no na munsusuw ho.

KRISTOFO ABRABƆ

  • Dwom 44

  • “Mammɛfrɛ Treneefo Na Mmom Nnebɔneyɛfo”: (Simma 7) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Mafi Afiase Abɛyɛ Nipa Mũ. Afei bisa nsɛm a edidi so yi: Ɛdɛn na ɛmaa Donald asetena san dii mũ? Sɛ yɛreka asɛm no a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu na yɛannyɛ nnipa mu nyiyim?—Mr 2:17.

  • Yehowa De Bɔne Kyɛ Ma ‘Ɛboro So’: (Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Yehowa Na Mede No Bedi Kan. Afei bisa nsɛm a edidi so yi: Ɔkwan bɛn na Anneliese faa so san baa Yehowa nkyɛn, na adɛn nti na ɔyɛɛ saa? (Yes 55:6, 7) Wobɛyɛ dɛn de ne suahu no aboa wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho no?

  • Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 17

  • Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)

  • Dwom 86 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena