Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr20 June kr. 1-3
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • JUNE 1-7
  • JUNE 8-14
  • JUNE 15-21
  • JUNE 29–JULY 5
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2020
mwbr20 June kr. 1-3

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

JUNE 1-7

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 44-45

Tweetwee Bible Mu

it-2 813

Ataade a Wosuan Mu

Tete no, sɛ Yudafo redi awerɛhow a, na wɔtaa suan wɔn ataade mu. Ná aman a atwa wɔn ho ahyia no bi nso taa yɛ saa, titiriw bere a wɔate sɛ wɔn dɔfo bi awu no. Sɛ obi resuan n’ataade mu a, na onyi ataade no mfi ne ho ntetew mu pasaa, mmom nea na ɔyɛ ne sɛ, ɔtew ataade no fi ne kɔn mu besi ne koko so.

Yakob ba panyin Ruben ne obi a odi kan a Bible ma yehu sɛ osuan n’ataade mu. Bere a obehui sɛ Yosef nni abura no mu no, ne werɛ howee, enti osuan n’ataade mu kae sɛ: “Abofra no nni hɔ! Ɛdɛn na mɛyɛ?” Ruben na na ɔyɛ abakan, enti ɔno na na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ Yosef. Bere a wɔka kyerɛɛ wɔn papa Yakob sɛ aboa bi akyere Yosef no, Yakob suan n’ataade mu, na ɔde atweaatam sii n’asen sui. (Ge 37:29, 30, 34) Afei nso, bere a Yosef nkoa kaa sɛ Benyamin awia Yosef sika kuruwa no, Yakob mma a aka no sunsuan wɔn ntaade mu de kyerɛe sɛ wɔn werɛ ahow.—Ge 44:13.

JUNE 8-14

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 46-47

Tweetwee Bible Mu

it-1 220 ¶1

Nneyɛe Ahorow Bi Ne Nea Ɛkyerɛ

Sɛ́ Wobɛka Obi a Wawu Ani Agu So. Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Yosef na ɔde ne nsa bɛka w’ani agu so.” (Ge 46:4) Saa asɛm no kyerɛ sɛ, sɛ Yakob wu a, Yosef na na ɔbɛka n’ani agu so. Tete no, sɛ agya bi wu a, na ɛyɛ abakan no asɛde sɛ ɔka ne papa ani gu so. Enti ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yakob no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde hokwan no ma Yosef sɛ abakan.—1Be 5:2.

nwtsty Aso 7:14 ho adesua asɛm

Wɔn nyinaa dodow yɛ 75: Bere a Stefano kaa sɛ Yakob abusua a wɔkɔɔ Egypt no dodow yɛ 75 no, ɛnyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi na ɛbɛyɛ sɛ ɔfa kae. Saa nɔma no nni Hebri Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ Masoret nkyerɛwee no mu. Ge 46:26 ka sɛ: “Akra a wofi Yakob asen mu a wodii n’akyi kɔɔ Egypt nyinaa yɛ akra aduosia asia. Yakob mma yerenom nka ho.” Nkyekyɛm 27 no toa so sɛ: “Akra a wofi Yakob fie baa Egypt no nyinaa si aduɔson.” Kyerɛwnsɛm ahorow yi ma yehu sɛ, ɔkwan a wɔfaa so kan Yakob abusua a wokopuee Egypt no, nsonsonoe wɔ mu. Ebetumi aba sɛ nnipa 66 a wɔkaa wɔn ho asɛm no yɛ nnipa a Yakob ne ne mma woo wɔn. Nnipa 70 no nso betumi ayɛ nnipa a wɔkɔɔ Egypt no nyinaa dodow. Ex 1:5 ne De 10:22 nso kaa Yakob asefo a wɔkɔɔ Egypt no ho asɛm sɛ, na wɔn dodow yɛ “70.” Ɛnde, adɛn nti na Stefano kaa sɛ nnipa 75 na wɔkɔɔ Egypt? Bere a Stefano reka nnipa dodow a wɔkɔɔ Egypt no ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ ɔde Yakob mmanananom nyinaa kaa ho. Ebinom kyerɛ sɛ, esiane sɛ Septuagint nkyerɛase no kaa Yosef mma Manase ne Efraim ho asɛm wɔ Ge 46:20 nti, ɛbɛyɛ sɛ wɔkan wɔn mma ne wɔn mmanananom nso kaa ho; enti na wɔn dodow bɛyɛɛ 75 no. Afoforo nso ka sɛ, Yakob mma no yerenom a wɔamfa wɔn anka nɔma a ɛwɔ Ge 46:26 ho no ka ho bi nti na wɔn dodow yɛ 75 no. Enti ebetumi aba sɛ “75” no yɛ nnipa a wɔkɔɔ Egypt no nyinaa dodow. Ɛbɛyɛ sɛ afeha a edi kan mu no, Hebri Kyerɛwnsɛm a na ɛwɔ hɔ no na wogyinaa so kaa sɛ nnipa “75” na wɔkɔɔ Egypt. Mfe pii a abɛsen kɔ no, na nhomanimfo pii nim sɛ, Greek Septuagint no ka wɔ Ge 46:27 ne Ex 1:5 sɛ, nnipa “75” na wɔkɔɔ Egypt. Bio nso, afe 1900 mu hɔ no, wohuu Nhoma Mmobɔwee mmienu bi wɔ Ɛpo a Awu no mu. Ná wɔakyerɛw Ex 1:5 wɔ Hebri kasa mu wɔ so. Nea na ɛwɔ so ne sɛ, nnipa a wɔkɔɔ Egypt no dodow yɛ “75.” Ebetumi aba sɛ, Stefano gyinaa tete Hebri nkyerɛwee a akyɛ paa yi mu baako so na ɛkaa asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 7:14 no. Nea nhomanimfo aka yi, sɛ ɛyɛ nokware oo, sɛ ɛnyɛ nokware oo, yɛrentumi nkyerɛ. Nanso nea yebetumi aka ne sɛ, nnipa dodow a Stefano kaa sɛ wɔkɔɔ Egypt no ma yehu sɛ, ɛsono ɔkwan a obiara faa so kan Yakob abusua mufo dodow a wɔkɔɔ Egypt no.

JUNE 15-21

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 48-50

it-1 1246 ¶8

Yakob

Aka kakra ama Yakob awu no, ohyiraa Yosef mma mmienu, Efraim ne Manase. Onyankopɔn maa Yakob de ne nsa nifa too Efraim a na ɔyɛ akumaa no so, na ɔde ne nsa benkum too Manase a na ɔyɛ panyin no so, efisɛ na Efraim bɛyɛ kɛse asen ne nua panyin Manase. Ná abakan biara nya agyapade mmɔho mmienu, enti Yakob ka kyerɛɛ Yosef a na obenya hokwan abɛyɛ abakan no sɛ: “Mede asase a menam nkrante ne agyan so gye fii Amorifo hɔ no bɛka wo de no ho ma ayɛ kɛse asen wo nuanom de no.” (Ge 48:1-22; 1Be 5:1) Ná Yakob adi kan atɔ asase bi a ɛbɛn Sekem afi Hamor mma nkyɛn. Ɛnyɛ nkrante ne agyan na ɔde nyaa saa asase no. (Ge 33:19, 20) Enti asɛm a ɔka kyerɛɛ Yosef no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ, daakye Yakob asefo bɛko agye Kanaan asase no. Nanso wohwɛ sɛnea Yakob kaa asɛm no a, wobɛka sɛ na wakɔko agye asase no dedaw. Saa bɔhyɛ no ma yehu sɛ, na Yakob wɔ gyidi. (Hwɛ AMORIFO.) Asase a Efraim ne Manase abusuakuw no nyae bere a Israelfo ko gyee Kanaan no, ɛno ne agyapade mmɔho mmienu a Yosef nsa kae no.

it-2 206 ¶1

Nna a Edi Akyiri

Nkɔm a Yakob Hyɛe Bere a Na Ɔda Owupa So. Bere a Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ, “Mommoa mo ho ano na menkyerɛ mo sɛnea mo tebea bɛyɛ wɔ akyiri nna no mu” anaa “nna a edi akyiri no mu.” “Akyiri nna” a ɔkae no kyerɛ bere a nsɛm a ɔrebɛka no befi ase asisi. (Ge 49:1) Bɛboro mfe ahanu a atwam no, na Onyankopɔn aka akyerɛ Yakob nana Abram anaa Abraham sɛ, wobedi n’asefo ani mfe 400. (Ge 15:13) Sɛ saa a, ɛnde na “akyiri nna” a Yakob kae no remfi ase kosi sɛ mfe 400 a wɔde bedi wɔn ani no bɛba awiei. (Sɛ wopɛ Genesis 49 ho nsɛm pii a, hwɛ Yakob mma no mu biara ho asɛm wɔ Insight nhoma no mu.) Ná Yakob nkɔmhyɛ no san fa “Onyankopɔn Israel” anaa honhom fam Israel no nso ho.—Ga 6:16; Ro 9:6.

Tweetwee Bible Mu

it-1 289 ¶2

Benyamin

Ná Benyamin asefo nim akodi paa. Wohwɛ nkɔm a Yakob hyɛ faa ne dɔba Benyamin ho bere a ɔda owupa so no a, ɛma wuhu nea enti a ɛte saa. Ɔkae sɛ: “Benyamin bɛyɛ sɛ pataku a ɔtetew mmoa mu. Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakyere no no, na anwummere nso ɔbɛkyɛ asade mu.” (Ge 49:27) Ná Benyaminfo a wodi ako no nim tae tow paa. Sɛ “nhwi” mpo sɛn hɔ a, na wɔn mu biara betumi de ne nsa benkum anaa ne nsa nifa atow ɔbo atew a ɔmfom. (Ate 20:16; 1Be 12:2) Ehud a ɔyɛ abenkumma a okum Eglon hene no, na ɔyɛ Benyaminni. (Ate 3:15-21) Ɛwom, na Benyamin abusuakuw no na na ‘ɛyɛ ketewa wɔ Israel mmusuakuw’ no nyinaa mu, nanso wɔn mu na wɔpaw Kis ba Saul sɛ Israel hene a odi kan. Hyɛ no nsow sɛ wei sii wɔ Israel ahenni no “anɔpa” anaa ne mfitiase pɛɛ. Afei nso, Saul yi ara na ɔko gyee Israelfo no fii Filistifo nsam. (1Sa 9:15-17, 21) Saa ara na Israel ahenni no “anadwo” anaa n’awiei no, Ɔhemmaa Ester ne Ɔman Soafo Panyin Mordekai a na wofi Benyamin abusuakuw mu no yɛɛ biribi de twitwa gyee Israelfo no. Saa bere no na Persia Ahemman no ahyɛ mmara sɛ wɔntɔre Israelfo ase.—Es 2:5-7.

JUNE 29–JULY 5

BIBLE MU AKORADE | EXODUS 4-5

Tweetwee Bible Mu

it-2 12 ¶5

Yehowa

Sɛ wunim obi din a, ɛnkyerɛ sɛ “woahu no” anaa wunim no yiye. Ná ogyimifo Nabal nim Dawid din, nanso obisaa sɛ, “Hena ne Dawid?” Ná ɛte sɛ nea Nabal rebisa sɛ, “Dawid koraa, ɔne hena?” (1Sa 25:9-11; fa toto 2Sa 8:13 ho.) Saa ara na Farao bisaa Mose sɛ: “Hena ne Yehowa a mintie no mma Israel nkɔ? Minnim Yehowa biara, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.” (Ex 5:1, 2) Asɛm a Farao kae no ma yehu sɛ, na onnim sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na na onnim sɛ Yehowa wɔ Egypt ahemfo ne wɔn biribiara so tumi. Afei nso, na Farao nnim sɛ Yehowa betumi ahyɛ no ma wadi asɛm a na ɔde asoma Mose ne Aaron no so. Nanso na ɛrenkyɛ na Farao ne ne man Egypt ne Israelfo ahu nea edin Yehowa no kyerɛ ne onii a edin no da no so no yiye. Ná Yehowa aka akyerɛ Mose sɛ, obeyi Israelfo afi Egypt de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asase a ɔkaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛnea ɛbɛyɛ a N’atirimpɔw bɛbam. Onyankopɔn kae sɛ, ɔyɛ saa wie a, ‘Wobehu sɛ ɔno ne Yehowa wɔn Nyankopɔn.’—Ex 6:4-8; hwɛ ADE NYINAA SO TUMFOƆ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena