Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr22 January kr. 1-2
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • JANUARY 10-16
  • FEBRUARY 21-27
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2022
mwbr22 January kr. 1-2

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

JANUARY 10-16

BIBLE MU AKORADE | ATEMMUFO 17-19

it-2 390-391

Mika

1. Ná ɔyɛ Efraimni. Bere bi, Mika yɛɛ biribi de buu Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so nwɔtwe no so. (Ex 20:15) Nea ɔyɛe ne sɛ, ɔfaa ne maame nnwetɛbona 1,100. Bere a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne maame na ɔde sika no maa no no, maame no kaa sɛ: “Nea ɛte biara, mehyira dwetɛ a ɛwɔ me nsam no so ama Yehowa, na me ba yi de ayɛ ohoni a wɔasen ne dade honi. Enti meresan de ama wo.” Afei maame no yii sika no mu nnwetɛbona 200, na ɔde maa obi a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma ma “ɔde yɛɛ ohoni a wɔasen ne dade honi” ma wɔde kosisii Mika fie. Ná Mika wɔ “abosomfi bi,” na ɔyɛɛ efɔd ne terafim ahoni, na ɔmaa ne ba baako yɛɛ ɔsɔfo maa no. Nea Mika yɛe no, na ɔpɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ ɔreyɛ de ahyɛ Yehowa anuonyam, nanso na ɛyɛ bɔne kɛse paa. Ná etia Onyankopɔn mmara a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom ahoni no. (Ex 20:4-6) Afei nso, Yehowa nhyehyɛe a ɛfa asɔfodi ne ntamadan ho no, na ɔde ato nkyɛn reyɛ nea ɔpɛ. (Ate 17:1-6; De 12:1-14) Akyiri yi, Mika bɔɔ Lewini aberante bi a yɛfrɛ no Yonatan paa sɛ ɔnsom sɛ ne sɔfo. Ná ɔyɛ Mose ba Gersom aseni. (Ate 18:4, 30) Mika dii mfomso susuwii sɛ Yehowa pene nea wayɛ no so, enti ɔkaa sɛ: “Afei na mahu sɛ Yehowa ne me bedi no yiye.” (Ate 17:7-13) Nanso saa Yonatan yi, na ɔnyɛ Aaron aseni, enti na onni hokwan mpo sɛ ɔsom sɛ ɔsɔfo. Ɛno koraa nso yɛ biribi foforo a Mika yɛ de sɛee n’asɛm.—Nu 3:10.

it-2 391 ¶2

Mika

Ɛno akyi no, Mika ne mmarima bi tiw Danfo no. Bere a wɔkɔtoo wɔn a Danfo no bisaa wɔn amanneɛ no, Mika kaa sɛ: “Moafa m’anyame a mayɛ, na ɔsɔfo no nso mode no kɔ. Moafa me biribiara.” Ɔkaa saa no, Danfo no ka kyerɛɛ no sɛ, ɔkɔ so di wɔn akyi teɛteɛm gu wɔn so a, wobekum no. Mika hui sɛ wɔn ho yɛ den sen ɔne ne mmarima no, enti ɔsan n’akyi kɔɔ ne fie. (Ate 18:22-26) Akyiri yi, Danfo no kokunkum nkurɔfo a wɔte Lais, na wɔde ogya hyew kurow no. Wowiei no, wɔsan kyekyee kurow no tenaa mu, na wɔtoo kurow no din Dan. Yonatan ne ne mma bɛyɛɛ asɔfo maa Danfo no. “Wɔde Mika honi a wɔasen no sii hɔ, na bere a nokware Nyankopɔn no fi [kyerɛ sɛ ntamadan no] da so wɔ Silo no nyinaa, na ɛwɔ wɔn nkyɛn.”—Ate 18:27-31.

FEBRUARY 21-27

BIBLE MU AKORADE | 1 SAMUEL 6-8

it-2 163 ¶1

Onyankopɔn Ahenni

Wɔkaa Sɛ Wohia Ɔhene a Obedi Wɔn So. Israelfo fii Egypt bɛyɛ mfe 400 akyi no, wobisae sɛ wɔmma wɔn ɔhene a obedi wɔn so te sɛ aman a aka no. Saa bere no, na Onyankopɔn ne Abraham ayɛ apam ma mfe 800 atwam. Bisa a wobisaa ɔhene no, nea na ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔapo Yehowa; wɔmpɛ sɛ odi wɔn so hene. (1Sa 8:4-8) Israelfo no, na wɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛhyehyɛ ahenni bi. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, na Yehowa ahyɛ Abraham ne Yakob bɔ sɛ ɔbɛyɛ biribi saa. Afei nkɔm a Yakob hyɛ faa ne ba Yuda ho bere a ɔda owupa so no ka ho bi nti na na Israelfo no rehwɛ kwan sɛ wobenya ɔhene adi wɔn so no. (Ge 49:8-10) Bio nso, nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no bere a wofii Egypt (Ex 19:3-6), asɛm bi a ɔkae bere a ɔne wɔn reyɛ Mmara apam no (De 17:14, 15), ne nsɛm bi a ɔmaa Baalam kae nyinaa ka ho bi nti na na wɔwɔ anidaso sɛ daakye bi wobenya ɔhene a obedi wɔn so no. (Nu 24:2-7, 17) Saa anidaso anaa akwanhwɛ yi, Samuel maame Hanah kaa ho asɛm wɔ mpaebɔ mu. (1Sa 2:7-10) Nanso asɛm no ne sɛ, “ahintasɛm kronkron” a ɛfa saa Ahenni yi ho no, na Yehowa nnya nyii ne nyinaa adi. Afei nso, bere a ɔbɛhyehyɛ saa Ahenni no, sɛnea ɛte, sɛnea ɔbɛhyehyɛ no, sɛ́ ɔbɛhyehyɛ no soro anaa asaase so, ne nea ɛkeka ho nyinaa, na onnya mmaa emu nnaa hɔ. Enti ka a Israelfo no kaa sɛ wonsi wɔn so hene no, na ɛyɛ aniammɔnho paa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena