Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
JULY 11-17
BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 20-21
it-1 932 ¶1
Gibeon
Ɔhene Saul bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛhyew Gibeonfo no ase, nanso anyɛ yiye. Mfe pii akyi no, na wɔda so ara wɔ hɔ. Nea Saul de yɛɛ Gibeonfo no, wonyaa abotare twɛnee sɛ Yehowa bɛma ɛho ada hɔ wɔ bere a ɛsɛ mu. Ampa ara Yehowa yɛɛ saa; ɔmaa ɔkɔm ba toaa so mfe mmiɛnsa wɔ Dawid ahenni mu. Enti Dawid bisaa Yehowa ɛho asɛm, ɛnna Yehowa kaa sɛ, mogyahwiegu bi akɔ so. Dawid huu saa no, obisaa Gibeonfo no nea ɔnyɛ mfa mpata wɔn. Woyii no ano sɛ, asɛm a ɛda hɔ no “nyɛ dwetɛ ne sika asɛm.” Nea wɔkae no, na ɛyɛ ne kwan so, efisɛ Mose Mmara no ka sɛ owudifo de, ɛnsɛ sɛ wogye agyede biara de gye no nkwa. (Nu 35:30, 31) Ná Gibeonfo no nim sɛ, sɛ wɔmmaa wɔn kwan a, wɔrentumi mfa wɔn pɛ nkum obiara. Enti wɔtwɛnee ara kosii sɛ Dawid bisaa wɔn nea wɔpɛ, ɛnna wɔkaa sɛ wɔmfa Saul ‘asefo’ nson mma wɔn. Ka a Bible kaa sɛ, Saul ne ne fie di mogya ho fɔ no kyerɛ sɛ, ɛwom, awudi a ɛkɔɔ so no, Saul na odii mu tintiman, nanso ebetumi aba sɛ ɔkwan bi so no, na ‘n’asefo’ no ho wom bi. (2Sa 21:1-9) Ɛno nti, na ɛnyɛ sɛ wɔrehwɛ agyanom bɔne ho akum wɔn mma. (De 24:16) Mmom, mmara a ese “nkwa nsi nkwa ananmu” no na na wɔrehwɛ ama ayɛ adwuma.—De 19:21.
JULY 18-24
BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 22
w10 6/1 26 ¶4-6
“Wo Nso Wubedi No Nokware”
Yɛnto yɛn bo ase nhwɛ Dawid asɛm no yiye. Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase sɛ “wubedi no nokware” no, ebetumi nso akyerɛ “wobɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ no.” Obi dɔ obi a, ɛno na ɛma odi nokware ma no. Wɔn a wodi nokware ma Yehowa no, ɔdɔ wɔn, na ɔbata wɔn ho denneennen.
Afei nso hyɛ no nsow sɛ, sɛ yɛka sɛ obi di obi nokware a, ɛnyɛ atenka bi a onya wɔ ne mu kɛkɛ, mmom ɔde ne nneyɛe na ɛkyerɛ. Yehowa de ne nneyɛe na ɛkyerɛ ne nokwaredi. Dawid huu no saa. Bere a Dawid kɔɔ amanehunu mu no, Yehowa bɔɔ ɔhene nokwafo no ho ban, na ɔkyerɛɛ no kwan. Bere a Yehowa ‘gyee no fii n’atamfo nyinaa nsam’ no, wamfa Yehowa aseda anni, ɔkyerɛɛ ho anisɔ.—2 Samuel 22:1.
Dɛn na yɛfa fi Dawid asɛm yi mu? Ɛne sɛ, Yehowa nyɛ obi a ɔdannan anaa ɔsesa. (Yakobo 1:17) Yehowa si pi; ɔnyɛ obi a ɛnnɛ ɔka sɛɛ, ɔkyena na wasesa n’ano. Afei nso daa odi ne bɔhyɛ so. Wohwɛ nnwom foforo bi a Dawid kyerɛwee a, ɔkaa sɛ: ‘Yehowa rennyaw n’anokwafo.’—Dwom 37:28.
JULY 25-31
BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 23-24
it-1 146
Arauna
Baabi a na Dawid bɛbɔ afɔre no, nantwi a na ɔde bɛbɔ, ne nneɛma a na ɔde bɛsɔ gya de abɔ afɔre no nyinaa, ɛbɛyɛ sɛ Arauna yɛe sɛ ɔde rekyɛ no. Nanso Dawid kaa sɛ, ɛnyɛ ade a obegye a ɔrentua ho ka. Wohwɛ 2 Samuel 24:24 a, ɛka sɛ Dawid tɔɔ awiporowbea no ne anantwi no nyinaa dwetɛ nnwetɛbona 50 (dɔla 110). Nanso 1 Beresosɛm 21:25 ka sɛ Dawid tɔɔ awiporowbea no sika kɔkɔɔ nnwetɛbona 600 (bɛyɛ dɔla 77,000). Nea ɔkyerɛw Samuel Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu no, baabi ketewaa bi a na wobesi afɔremuka no ne nneɛma a na wɔde bɛbɔ afɔre no na na ɔreka ho asɛm. Enti wohwɛ mu a, sika a na Dawid betua wɔ ho na ɔkaa ho asɛm. Nanso, nea ɔkyerɛw Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no de, na ɛsono nea ɔreka ho asɛm. Nea ɛte ne sɛ, saa asaase a Dawid bɔɔ afɔre wɔ ne fã ketewaa bi no, asaase no nyinaa na akyiri yi wosii asɔrefie no wɔ so. Saa asaase kɛse no bo na nea ɔkyerɛw Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no kaa ho asɛm. (1Be 22:1-6; 2Be 3:1) Enti ɛnyɛ baabi ketewaa bi a Dawid sii afɔremuka no bo na na ɔreka ho asɛm. Mmom ɛbɛyɛ sɛ asaase kakraka a wosii asɔrefie no sii so no, ne bo a ɛyɛ sika kɔkɔɔ nnwetɛbona 600 no ho asɛm na na ɔreka.
AUGUST 1-7
BIBLE MU AKORADE | 1 AHENE 1-2
it-2 987 ¶4
Solomon
Adoniya ne n’apamfo no tee nnwom bi wɔ Gihon. Ná ɛne baabi a wɔwɔ no mu ntwe. Wɔsan tee sɛ nkurɔfo reteɛteɛm sɛ: “Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!” Ɛbaa saa no, ehu kaa wɔn; ná wonhu nea wɔnyɛ, enti wɔpɛɛ baabi fae. Nanso Solomon anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛma bi afa wɔn ani so; ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi saa de afi n’adedi no ase. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ, ɔbɛma asomdwoe adi hene wɔ n’ahenni mu. Adoniya mmom na obedii hene a, wutumi hu sɛ anka obekum Solomon. Adoniya guan kɔɔ baabi a afɔremuka no wɔ no, na Solomon soma ma wɔkɔfaa no bae. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔremfa ne nsa nka no, nanso sɛ onnim na sɛ odi bɔne a, ɛnde ɔremfa ne ho nkyɛ no. Ɔne no kasa wiei na ogyaa no kwan ma ɔkɔɔ ne fie.—1Ah 1:41-53.
it-1 49
Adoniya
Nanso Dawid wu akyi no, Adoniya kohuu Bat-seba, na ɔsrɛɛ no sɛ, onnyina n’ananmu nsrɛ Solomon sɛ ɔmfa Abisag a na ɔhwɛ Dawid no mma no nware. Asɛm a Adoniya kae sɛ “me na anka ɛsɛ sɛ midi ade, na me na na Israel nyinaa ani da so sɛ mɛyɛ ɔhene” no kyerɛ sɛ, na ohu no sɛ wɔagye adedi no afi ne nsam akɔma obi foforo. Nanso ɔno ara san kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ, asɛ ogye tom sɛ Onyankopɔn gyina Solomon akyi. (1Ah 2:13-21) Ebetumi aba sɛ nea enti a na ɔrepɛ Abisag aware ara ne sɛ, saa bere no na ahenni no afi ne nsa, enti na ɔrepɛ biribi de adwudwo ne koma. Nanso wohwɛ nea ɔyɛe no a, na ɛkyerɛ paa sɛ n’ani da so ara bere adedi no. Nea enti ne sɛ, saa bere no, Israel ne aman afoforo a ɛwɔ apuei fam no, sɛ ɔhene bi wu a, na ne yerenom ne ne mpenafo kodi nea obedi n’ade no nsam. (Fa toto 2Sa 3:7; 16:21 ho.) Saa pɛpɛɛpɛ nso na Solomon huu no, enti ɔhyɛe sɛ Benaia nkum Adoniya. Ɔno nso antwentwɛn so koraa na okokum no.—1Ah 2:22-25.
AUGUST 15-21
BIBLE MU AKORADE | 1 AHENE 5-6
w11 2/1 15
So Wunim?
Sida nnua a na ɛwɔ Lebanon no, na agye din paa, efisɛ na ɛyɛ nnua a ɛyɛ den, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ huam. Afei nso na mmoa ntumi nwe nsɛe no. Enti wutumi hu sɛ, nnua a Solomon de sii asɔrefie no, na ɛyɛ papa paa. Kan no, wokɔ Lebanon mmepɔw mu a, na kwae a sida nnua ayɛ mu ma nyɛ na. Nanso ɛnnɛ wokɔ hɔ a, sida nnua akuwakuw kakraa bi na wubehu.
it-1 424
Sida
Esiane sɛ na wɔde sida nnua pii bɛyɛ adwuma nti, na wohia adwumayɛfo mpempem pii a wobebu nnua no, na wɔde akɔ Tiro anaa Sidon wɔ Mediterranea mpoano. Wodu hɔ a, na wɔkyekyere nnua no bom de gu nsu no so de kɔ baabi te sɛ Yopa. Afei na woyi fi po no so de kɔ Yerusalem. Nea ɛbɛyɛ na adwuma wei nyinaa atumi akɔ so no, Solomon ne Hiram yɛɛ nhyehyɛe too ho. (1Ah 5:6-18; 2Be 2:3-10) Wei akyi no, wɔkɔɔ so de nnua no bae ara ma eduu baabi no, wɔkaa Solomon ho asɛm sɛ, “ɔmaa sida nnua dɔɔso sɛ sikamɔɔ nnua” wɔ n’ahenni mu.—1Ah 10:27; fa toto Yes 9:9, 10 ho.
it-2 1077 ¶1
Asɔrefie
Nea ɛbɛyɛ na adwuma no akɔ so wɔanowɔano no, Solomon faa apaafo 30,000 fii Israel. Bosome biara na ɔma wɔn mu 10,000 kɔ Lebanon kodi bosome baako wɔ hɔ, na wɔabedi abosome mmienu wɔ wɔn fie. (1Ah 5:13, 14) “Ahɔho” a na wɔte asaase no so no, ɔfaa wɔn mu 70,000 a na wɔbɛsoa nneɛma, ne 80,000 a wɔbɛpae abo. (1Ah 5:15; 9:20, 21; 2Be 2:2) Afei Solomon paw mmarima 550 de wɔn totoo adwuma no ano, na ɛbɛyɛ sɛ ɔpaw mmarima foforo 3,300 sɛ wɔmmoa wɔn. (1Ah 5:16; 9:22, 23) Ebetumi aba sɛ, wɔn a ɔde wɔn totoo adwuma no ano ne wɔn aboafo no, na wɔn mu 250 yɛ Israelfo, ɛnna 3,600 yɛ “ahɔho” a wɔte Israel.—2Be 2:17, 18.
Tweetwee Bible Mu
g 5/12 17, adaka
Bible—Nhoma a Emu Nkɔmhyɛ Nyinaa Ba Mu, Ɔfa 1
ƐKA BERE PƆTEE A NSƐM BI SISII
Bible tumi ka bere pɔtee a nsɛm bi sisii, na ɛyɛ biribi a ɛboa paa. Ɛho nhwɛso baako ne asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 6:1 no. Saa kyerɛwsɛm no kyerɛ bere a Ɔhene Solomon fii ase sii Yerusalem asɔrefie no. Ɛka sɛ: “Bere a Israelfo fi Egypt asaase so bae no, n’afe a ɛto so 480 [anaa mfe 479 akyi] no, na ɛyɛ Solomon afe a ɛto so anan fi bere a ɔbɛyɛɛ Israel hene. Saa afe no, ofii ase sɛ ɔresi Yehowa fi no wɔ Siw bosome no (kyerɛ sɛ, bosome a ɛto so abien no) mu.”
Sɛ yɛhwɛ nsɛm bi a esisii wɔ Bible mu na yɛde bu akontaa a, yebehu sɛ, bere a wɔde Solomon sii ade so no, n’afe a ɛtɔ so nnan no sii afe 1034 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba). Sɛ yɛkan kɔ yɛn akyi mfe 479 a, ɛde yɛn bɛba abesi afe 1513 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba). Ɛno ne afe a Israelfo tu fii Egypt.
AUGUST 22-28
BIBLE MU AKORADE | 1 AHENE 7
it-1 348
Boas, II
Asɔrefie fɛfɛ a Solomon sii no, na adum akɛse mmienu a wɔde kɔbere ayɛ sisi abantenten no anim. Nea na esi atifi no, wɔtoo no din Boas. Ebetumi akyerɛ “Ahoɔden Mu.” Edum a na esi anaafo no nso, wɔfrɛɛ no Yakin. Ɛkyerɛ, “Ma [Yehowa] Mma Entim Pintinn.” Sɛ wugyina adum mmienu no ntam na w’akyi kyerɛ asɔrefie no a, Yakin bɛwɔ wo nifa so, na Boas awɔ wo benkum so. Enti sɛ wokan edin no mmienu fi nifa so kɔ benkum so a, ɛbɛyɛ ‘[Yehowa] mma [asɔrefie] no ntim hɔ pintinn wɔ ahoɔden mu.’—1Ah 7:15-21.
Tweetwee Bible Mu
it-1 263
Aguare
Sɛ obi betumi de ɔsom a ɛho tew ama Yehowa a, ɛsɛ sɛ odi ne ho ni. Wohwɛ nhyehyɛe a wɔyɛe a na wɔde som wɔ ɔsom ntamadan no mu ne akyiri yi sɛnea na wɔsom wɔ asɔrefie hɔ no a, ɛma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Bere a wɔresra Ɔsɔfo Panyin Aaron ne ne mma no ma wɔasom wɔ ntamadan no mu no, woguaree ansa na wɔrehyɛ asɔfotaade no. (Ex 29:4-9; 40:12-15; Le 8:6, 7) Ná ɛsɛn a wɔde kɔbere ayɛ a nsu wom si ɔsom ntamadan no adiwo. Saa nsu no na na asɔfo no de hohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. Akyiri yi, bere a wosii Solomon asɔrefie no, na ɛsɛn kɛse bi a wɔfrɛ no ɛpo no si hɔ a wɔde emu nsu hohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. (Ex 30:18-21; 40:30-32; 2Be 4:2-6) Mpata Da no, na ɔsɔfo panyin no guare mprenu. (Le 16:4, 23, 24) Wɔn a na wokogyaa Asasel ɔpapo no, wɔn a na wɔde mmoa a wɔde abɔ afɔre awie no kɔ asoɛe no akyi, ne wɔn a na wɔde nantwi kɔkɔɔ no kɔ asoɛe no akyi no, na ɛsɛ sɛ woguare na wɔhoro wɔn ntaade ansa na wɔasan aba asoɛe hɔ.—Le 16:26-28; Nu 19:2-10.
AUGUST 29–SEPTEMBER 4
BIBLE MU AKORADE | 1 AHENE 8
Tweetwee Bible Mu
it-1 1060 ¶4
Ɔsoro
Solomon a osii Yerusalem asɔrefie no kaa sɛ, “ɔsoro ne ɔsoro mu soro” mpo sua ma Onyankopɔn. (1Ah 8:27) Yehowa na ɔbɔɔ ɔsoro, enti ɔkorɔn koraa kyɛn ɔsoro, na “ne din nkutoo na ɛkorɔn kyɛn edin biara. Ne kɛseyɛ tra asaase ne ɔsoro.” (Dw 148:13) Ɔsoro a yɛn ani tua yi, Yehowa tumi susuw a ɔmmrɛ ho koraa. Otumi susuw no te sɛ nea obi tumi bue ne nsam de ne kokurobeti ano kosi ne nsateaa ketewa ano susuw biribi no. (Yes 40:12) Asɛm a Solomon kae no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni baabi pɔtee a ɔte. Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara, anaa biribiara a wubehu biara Onyankopɔn hyɛ mu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, Solomon san kaa sɛ yɛkasa a, Yehowa ‘mfi ɔsoro, ne tenabea hɔ ntie.’ Ne tenabea a ɔreka ho asɛm no yɛ baabi a Onyankopɔn ne abɔfo no te wɔ soro.—1Ah 8:30, 39.