October 24-30
2 AHENE 1-2
Dwom 79 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 1)
BIBLE MU AKORADE
“Ntetee Pa Ho Nhwɛso”: (Simma 10)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)
2Ah 2:11—Bere a Elia “faa ahum mu kɔɔ soro” no, ɛhe na ɔkɔe? (w05 8/1 9 ¶1)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
Bible Akenkan: (Simma 4) 2Ah 2:1-10 (th adesua 10)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3) Fa asɛmti a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no yɛ adwuma. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asaasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no na toa w’asɛm no so. (th adesua 12)
Sankɔhwɛ: (Simma 4) Fa asɛmti a wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka no fi ase. Kyerɛ no sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye sika biara, na ma no Bible adesua kaad no bi. (th adesua 13)
Bible Adesua: (Simma 5) lff adesua 07 no afã a yɛato din nea yɛasua, ntimu, ne fa wei si w’ani so (th adesua 14)
KRISTOFO ABRABƆ
“Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Mu Nneɛma Bi a Ebetumi Aboa Wo”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Bisa ɔdawurubɔfo bi a ɔne obi sua Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no nsɛm kakra. Bisa no sɛ: Nhoma a yɛne nkurɔfo sua yi, ɛdɛn na ɛma w’ani gye ho? Video a ɛwom no, ɛboa wo suani no sɛn? Nsɛmmisa a ɛma osuani no ka ne komam asɛm no nso, sɛn na ɛboa no?
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) lff adesua 24
Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3)
Dwom 66 Ne Mpaebɔ