KRISTOFO ABRABƆ
Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Mu Nneɛma Bi a Ebetumi Aboa Wo
Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, emu video ne nsɛmmisa a ɛma osuani ka ne komam asɛm no, w’ani gye ho? N’afã a yɛato din “Ebinom Ka Sɛ,” “Fa Wei Si W’ani So,” ne “Yɛ Nhwehwɛmu” no nso ɛ? Nneɛma foforo bɛn na ɛwɔ nhoma no mu a ebetumi aboa wo bere a woreyɛ asuafoyɛ adwuma no?—Mt 28:19, 20.
Nhoma Ne Video Ahorow: Wo ne obi resua nhoma no a, ebia wo de, nea yɛaprinte no na wode yɛ adwuma. Sɛ saa a, ɛnde video ne nhoma a ɛwom no, wobɛyɛ dɛn anya ne nyinaa wɔ faako? Bue nhoma no wɔ fon anaa tablɛt so, na hwɛ soro hɔ. Wubehu sɛ wɔahyehyɛ Ɔfã 1 kosi Ɔfã 4. Nea wopɛ no, fa wo nsa bɔ so. Wubehu adesua a ɛwɔ saa ɔfã no nyinaa wɔ hɔ. Afei kɔ ase hɔ paa, na bɔ ɔfã a yɛato din Nhoma Ne Video Ahorow no so, na wubehu nhoma ne video a ɛwɔ saa ɔfã no mu nyinaa. (Hwɛ mfoni 1.)
“Nea Yɛaprinte”: Sɛ wo ne obi resua ade na woabue nhoma no wɔ fon anaa tablɛt so a, ɛwom ara a wubetumi de ato “Nea Yɛaprinte” anaa “Printed Edition” hɔ. Sɛ wubue kɔ baabi a moresua no a, bɔ dɔt mmiɛnsa a ɛwɔ soro hɔ paa wɔ nifa so no so, na bɔ “Printed Edition” no so. Ɛbɛma woahu sɛnea ɛte wɔ nea yɛaprinte no mu. Wopɛ sɛ wosan kɔ w’akyi a, bɔ dɔt mmiɛnsa no so bio, na bɔ “Ɛlɛtrɔnik De” anaa “Digital Edition” no so.
“Masiesie Me Ho Sɛ Mefi Asɛnka Ase Anaa Mɛbɔ Asu?”: Ɛrekɔ nhoma no awiei no, wubehu saa ɔfã yi. Nsɛm a ɛwɔ nnaka mmienu a ɛwɔ hɔ no mu no kyerɛ nea obi yɛ a, ɛbɛma watumi ne asafo no akɔ asɛnka na wabɔ asu. (Hwɛ mfoni 2.)
Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu: Wokɔ saa ɔfã yi a, wubehu nsɛntitiriw bi a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ hɔ. Sɛ wubue wɔ fon anaa tablɛt so a, wubehu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ hɔ no, emu biara, link wɔ ase. Wobɔ so a, ɛbɛsan de wo akɔ baabi a na wowɔ no. (Hwɛ mfoni 2.)
Wo Bible asuafo a wɔrenya nkɔso no, hwɛ sɛ wo ne wɔn besua Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no awie. Sɛ wɔbɔ asu mpo na munsua nwiei a, ɛsɛ sɛ wo ne wɔn wie. Sɛ wo ne obi a wabɔ asu resua nhoma no a, wubetumi akɔ so akyerɛw nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne Bible adesua no. Sɛ ɔdawurubɔfo bi ka wo ho na ɔde ne ho hyɛ adesua no mu a, ɔno nso betumi akyerɛw nnɔnhwerew no