SEPTEMBER 1-7
MMEBUSƐM 29
Dwom 28 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Gyidi Ne Amanne a Ɛnsɔ Yehowa Ani No, Nnye Nntom
(Simma 10)
Tie Yehowa asɛm, na w’ani begye paa (Mme 29:18; wp16.6 6, adaka)
Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo nyansa a wode behu sɛ amanne bi sɔ n’ani anaa ɛnsɔ n’ani (Mme 29:3a; w19.04 17 ¶13)
Mma nkurɔfo mmpiapia wo mma wonkɔyɛ amanne bi a ɛnsɔ Yehowa ani (Mme 29:25; w18.11 11 ¶12)
Sɛ woto wo bo ase yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible mu, na wokyerɛkyerɛ wo nsɛm mu yiye a, ɛbɛboa wo na nkurɔfo ampiapia wo amma woamfa wo ho ankɔhyɛ amanne a ɛnsɔ Yehowa ani mu
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 29:5—Yɛka sɛ obi redɛfɛdɛfɛ obi a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na Bible ka sɛ, sɛ ‘obi dɛfɛdɛfɛ ne yɔnko a, na ɔde asau resum ne nan afiri’? (it “Adɛfɛdɛfɛ” ¶1)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 29:1-18 (th adesua 5)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ onipa no ma ommetie ɔkasa titiriw a yebetie no nnansa yi ara no bi. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa Ɔwɛn-Aban No. 1 2025 no fi nkɔmmɔ ase. Sɛ onipa no de asɛm foforo bɛbom a, dan nkɔmmɔ no kɔ n’asɛm no so. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)
6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 5) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Onipa no aka akyerɛ wo sɛ, ɔko ho asɛm haw no. Fa Ɔwɛn-Aban No. 1 2025 no bi ma no. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)
Dwom 159
7. Asafo Mu Ahiade
(Simma 15)
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb ɔfã 4 no nnianim nsɛm, ne adesua 14-15