Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 September kr. 4-5
  • September 15-21

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September 15-21
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 September kr. 4-5

SEPTEMBER 15-21

MMEBUSƐM 31

Dwom 135 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Maame bi ne ne babea te akongua mu. Maame no ayi ne yam ne ne ba no rebɔ nkɔmmɔ.

1. Maame Bi De Afotu Pa Maa Ne Ba—Nea Yebetumi Asua Afi Mu

(Simma 10)

Adwene a Yehowa wɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho no, fa kyerɛkyerɛ wo mma (Mme 31:​3, 10; w11 4/1 19 ¶7-8)

Adwene a Yehowa wɔ wɔ nsã ho no, fa kyerɛkyerɛ wo mma (Mme 31:​4-6; ijwhf asɛm 4 ¶11-13)

Sɛnea Yehowa boa nkurɔfo no, kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔnyɛ saa ara (Mme 31:​8, 9; g17.6 9 ¶5)

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 31:​10-31—Dɛn na ɛboaa Israelfo no ma wɔtumi kyeree Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm guu wɔn tirim? (w92 11/1 11-12 ¶7-8)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 31:​10-31 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Obi aka asɛm bi a ɛtɔ asom anaa wayi ne yam ayɛ biribi. Gyina nea onipa no ayɛ no so ne no mmɔ nkɔmmɔ. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) AFIE AFIE. “Bible Mu Nsɛm a Yɛde Anigye Kyerɛkyerɛ Mu” a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no nkekaho A no, wo ne onipa no mmɔ baako ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 5) AFIE AFIE. Da a edi kan a wokɔɔ onipa no nkyɛn no, ogyee Ɔwɛn-Aban No. 1 2025 no bi. To nsa frɛ no ma ommetie ɔkasa titiriw a yebetie no nnansa yi ara no bi. (lmd adesua 7 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 121

7. Boa Wo Mma Ma Wɔnhu Sɛnea Wɔde Ɛlɛtrɔnik Mfiri Bɛyɛ Adwuma Yiye

(Simma 8) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Woahu abofra bi a okura smatfon anaa tablɛt a ɔremiamia so pɛn? Mmofra de, wɔmmrɛ koraa na wɔahu ɛlɛtrɔnik mfiri mu! Enhia sɛ obi kyerɛ wɔn ansa na wɔahu mu, nanso sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma yiye de, bere nyinaa ɛsɛ sɛ obi kyerɛ wɔn. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ama ɔde ɛlɛtrɔnik mfiri ayɛ adwuma yiye?

Video a yɛato din, “Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye” no fã bi. Sophia da mpoano redwudwo ne ho; ɔrehwɛ ne tablɛt so. Bonsu bi de bɔɔl redi agorɔ wɔ nsu mu wɔ Sophia nkyɛn, nanso ɔnhwɛ hɔ.

Yi VIDEO a yɛato din, Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye. Afei bisa sɛ:

  • Bere a yedi wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so no, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛhwɛ tew so?

  • Nneɛma foforo bɛn na ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de yɛ?

Sɛ worehyehyɛ mmara wɔ w’abusua mu a, nhwɛ nea awofo bi reyɛ, mmom hwɛ nea Bible ka. (Ga 6:5) Wubetumi abisa wo ho sɛ:

  • Mahu sɛ me ba no ankasa tumi sisi gyinae pa anaa? Wayɛ nneɛma bi ama mahu sɛ otumi hyɛ ne ho so ma enti sɛ mede me ara me fon anaa me tablɛt ma no, anaa metɔ bi ma no a, ɔde bɛyɛ adwuma yiye?—1Ko 9:25

  • Ɛsɛ sɛ mema me ba de ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma bere a ɔno nko ara atew ne ho hyɛ baabi anaa?—Mme 18:1

  • App ahorow bɛn na mɛma kwan ama me ba de ayɛ adwuma, na wɛbsaet ahorow bɛn na mɛma kwan ama wakɔ hɔ? Nea ɛwɔ he na meremma ɔmfa nyɛ adwuma anaa ɔrenkɔ hɔ?—Efe 5:​3-5; Flp 4:​8, 9

  • Bere tenten ahe na mɛma me ba kwan ama wadi wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so da biara, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere ayɛ nneɛma foforo nso a ɛho hia na ɛyɛ anigye?—Ɔsɛ 3:1

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 7)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 18-19

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 2 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena