Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 September kr. 8-9
  • September 29–October 5

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September 29–October 5
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 September kr. 8-9

SEPTEMBER 29–OCTOBER 5

ƆSƐNKAFO 3-4

Dwom 93 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Awarefo bi de anigye abom rekenkan Bible.

Mommom nyɛ ade, na momma Yehowa mmɛka mo ho

1. Ahama a Ɛbɔ Ho Mmiɛnsa No, Monhyɛ Mu Den

(Simma 10)

Gye bere ne wo yere anaa wo kunu mmɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a ɛbɛboa mo (Ɔsɛ 3:1; ijwhf asɛm 10 ¶2-8)

Mommom nyɛ ade (Ɔsɛ 4:9; w23.05 23-24 ¶12-14)

Wo ne wo yere anaa wo kunu nyere mo ho ne Yehowa nkɔ so mfa adamfo denneennen (Ɔsɛ 4:12; w23.05 21 ¶3)


BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ metaa tew me ho fi me yere anaa me kunu ho, kyerɛ sɛ, ebia me nko ara mitutu akwan kogye m’ani, anaa adwuma taa de me tutu akwan a me yere anaa me kunu nka ho a, ɛbɛka m’aware sɛn?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Ɔsɛ 3:8—Bere bɛn na ɛnsɛ sɛ ‘yɛdɔ obi’? (it “Ɔdɔ” ¶39)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Ɔsɛ 4:​1-16 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE. Fa Ɔwɛn-Aban No. 1 2025 no fi nkɔmmɔ ase. Sɛ onipa no de asɛm foforo bɛbom a, dan nkɔmmɔ no kɔ n’asɛm no so. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Da a edi kan a wokɔɔ onipa no nkyɛn no, ogyee Ɔwɛn-Aban No. 1 2025 no bi. Ka kyerɛ no sɛ wopɛ wo ne no sua Bible. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 4)

6. Ɔkasa

(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 12—Asɛmti: Onyankopɔn Nyiyi Nnipa Mu. (th adesua 19)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 131

7. Sɛ Mente-Me-Ho-Ase Sɔre Wɔ W’aware Mu a, Fa Yehowa Akwankyerɛ Yɛ Adwuma

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yehowa ama Kristofo a wɔaware biribiara a wɔhia na ama wɔn ani agye, na wɔn aware no asɔ. Ne nyinaa akyi no, ɛwom ara a mente-me-ho-ase betumi asɔre wɔ okunu ne ɔyere ntam. (1Ko 7:28) Sɛ wɔanhwɛ ansiesie saa ɔhaw no a, ebetumi asɛe wɔn anigye, na wɔanya adwene mpo sɛ, wɔn aware no de, wɔyɛ no hwee a ɛrenyɛ yiye. Sɛ ɔhaw a ɛte saa wɔ mo aware mu a, dɛn na mubetumi ayɛ?

Video a yɛato din, Ɔdɔ Kann—Ɛne Deɛn? no, ɛfa aberante ne ababaa bi aware ho. Ná nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ wɔn aware no mu. Eduu baabi no, na ababaa no pɛ sɛ osi gyinae bi, nanso wamfa Yehowa amma mu. Wokae afotu a ababaa no papa de maa no no?

Yi VIDEO a yɛato din, Ɔdɔ Kann—Ɛne Deɛn?—Ne Fã Bi. Afei bisa sɛ:

  • Sɛ mente-me-ho-ase ba yɛn aware mu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ siesie?—Yes 48:17; Mt 19:6

Sɛ ɔhaw ba w’aware mu na ani sõsõ a, yere wo ho sɛ wobɛbɛn Yehowa kɛse; kɔ so bɔ no mpae, kɔ adesua daa, kenkan Bible, na kɔ asɛnka bere nyinaa. Yere wo ho sɛ wode Bible mu afotu besiesie ɔhaw no. Afei, yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu, na ɛbɛboa wo ama woahu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ. Sɛ woyɛ saa a, woma Yehowa hu sɛ wopɛ sɛ ɔboa wo na ohyira wo.—Mme 10:22; Yes 41:10.

Video a yɛato din, “Ɛnyɛ Asomdwoe Biara Ne Asomdwoe, Enti Ma W’ani Nna Hɔ!​—Darrel ne Deborah Freisinger.” Wɔama onuawa bi ayɛ ne ho sɛ bere a na Onuawa Freisinger yɛ ababaa; ɔrehwɛ mfoni bi.

Yi VIDEO a yɛato din, Ɛnyɛ Asomdwoe Biara Ne Asomdwoe, Enti Ma W’ani Nna Hɔ!—Darrel ne Deborah Freisinger. Afei bisa sɛ:

  • Sɛnea Onua ne Onuawa Freisinger siesiee ɔhaw a ani sõsõ a ɛbaa wɔn aware mu no, ɛdɛn na woasua afi mu?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 22, ɔfã 5 no nnianim nsɛm, ne adesua 23

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 51 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena