MARCH 23-29
YESAIA 48-49
Dwom 89 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Tie Yehowa Nkyerɛkyerɛ Na Fa Yɛ Adwuma
(Simma 10)
Yehowa kyerɛkyerɛ n’asomfo (Yes 48:17; lff adesua 35 nkyekyɛm 1)
Ɛsɛ sɛ yetie Yehowa asɛm (Yes 48:18a; ijwbq asɛm 44 ¶2-3)
Sɛ yetie Yehowa asɛm a, yɛn asomdwoe “bɛyɛ sɛ asubɔnten,” na yɛn trenee “ayɛ sɛ po asorɔkye” (Yes 48:18b; lv 199 ¶8)
NEA ƐKYERƐ: Wɔ Hebri kasa mu no, wɔka sɛ obi wɔ “asomdwoe” a, ebetumi akyerɛ sɛ ɔwɔ apɔwmuden, ɔwɔ ahobammɔ, n’asom dwo no, ɔwɔ ahotɔ, ɔwɔ nnamfo pa, na ɔne Yehowa ntam yɛ kama.
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yes 49:8—Saa nkɔmhyɛ yi, ne mmamu yɛ mmiɛnsa. Kyerɛkyerɛ mu. (it “Bere a Ɛfata” ¶1-3-mwbr)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yes 48:9-20 (th adesua 11)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ wo busuani bi a wagyae adesua kɔ ma ommetie ɔkasa titiriw no, na ɔmmra Nkaedi no bi. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)
5. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Obi pɛ sɛ ɔba Nkaedi no bi. Kyerɛ no nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
6. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 5) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ wɔama Nkaedi kasa no awie. Obi a n’ani gye asɛm no ho baa bi, ɛnna wabisa wo nsɛm bi. Ma no mmuae. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)
Dwom 107
7. Ɛda Titiriw Paa a Ɛwɔ Afe No Mu No Reba—Yɛ Nea Wubetumi Biara Fa Boaboa Wo Ho Ma Saa Da No
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Sɛ yɛkɔ Nkaedi no afe biara a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi ahyɛde a Yesu de maa yɛn no so. Afei nso, akyɛde a Yehowa de ama yɛn a ɛno ne agyede no, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ. (Lu 22:19) Nkaedi no, ɛsan nso ma yenya bere de dwinnwen ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba Yesu dɔ yɛn no ho. (Ga 2:20; 1Yo 4:9, 10) Ɛdɛn na yɛbɛyɛ de asiesie yɛn koma ama Nkaedi no, na agyede a Yehowa de ama yɛn no, yɛakyerɛ sɛ yɛn ani sɔ paa? Ɛdɛn na yebetumi ayɛ de aboa nkurɔfo a wɔn ani gye asɛmpa no ho ama wɔn nso atumi ayɛ saa?
Nkaedi Bible akenkan a wɔde ama yɛn no, kenkan da biara de, na dwinnwen ho
Agyede a Yehowa ne Yesu de akyɛ yɛn no, dwinnwen ho. Afei, sɛnea wobɛbɔ wo bra de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no nso, dwinnwen ho
Yere wo ho paa to nsa frɛ w’abusuafo, nkurɔfo a wunim wɔn, ne wɔn a wɔte wo mpɔtam ma wɔmmetie ɔkasa titiriw no, na wɔmmra Nkaedi no bi
Ahɔho a wɔbɛba Nkaedi no, tew w’anim kyerɛ wɔn, na ma wɔn akwaaba. Ma w’ani nkɔ nkurɔfo a w’ankasa wotoo nsa frɛɛ wɔn a wɔbɛba no ho. Nanso, wɔn a aka a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔbɛba no, mmu w’ani ngu wɔn so. Wubetumi ama wɔabɛtena wo nkyɛn
Sɛ ahɔho no bisa nsɛm a, gye bere ma wɔn mmuae
Ma w’ani nna hɔ na ma wɔn a wɔagyae adesuaba ne asɛnkakɔ a wɔbɛba Nkaedi no akwaaba. Asafo mu mpanyimfo titiriw mfa wɔn ani nto fam, na sɛ nkurɔfo a wɔayi wɔn afi asafo no mu bi ba Nkaedi no a, wɔahu wɔn ama wɔn akwaaba
Yi VIDEO a yɛato din, Yesu “Baa sɛ Ɔrebɛhwehwɛ na Wagye Deɛ Ayera.” Afei bisa sɛ:
Wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ a wɔbɛba Nkaedi no bi no, ɛdɛn na wuhui wɔ video yi mu a ɛma wuhu sɛ ɛho hia paa sɛ yɛtew yɛn anim kyerɛ wɔn, na yɛma wɔn akwaaba?
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 72-73