Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
MARCH 2-8
BIBLE MU AKORADE YESAIA 41-42
“Nsuro”
w25.05 12 ¶13
Hwehwɛ Awerɛkyekye Fi Yehowa Hɔ
13 Ɛwom sɛ Yehowa kyekyee Yudafo a na wɔwɔ Babilon no werɛ, na ɔma wɔnyaa anidaso nwanwaso bi. Nanso na onim sɛ, sɛ bere so sɛ wɔbenya fahodi a, nsɛm bi a na ebesisi no betumi ateetee wɔn. Ná Yehowa ahyɛ nkɔm sɛ, sɛ saa bere no so a, ɔhenkɛse bi bɛsɛe nkurow a na atwa Babilon ho ahyia no, na akyiri yi wɔatow ahyɛ Babilon ankasa so. (Yes. 41:2-5) Wei nti, na ɛsɛ sɛ Yudafo no bɔ hu anaa? Mfe pii ansa na saa bere no reba no, Yehowa kyekyee ne nkurɔfo werɛ. Ɔkaa sɛ: “Nsuro, efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, efisɛ mene wo Nyankopɔn.” (Kenkan Yesaia 41:10-13.) Bere a Yehowa kaa sɛ “mene wo Nyankopɔn” no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Ɛnyɛ sɛ na ɔrekae Yudafo no sɛ wɔnsom no, efisɛ na wɔnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Mmom na ɔrekae wɔn sɛ, ɔda so ara wɔ wɔn afã.—Dw. 118:6.
ijwbv asɛm 5 ¶4-7
Yesaia 41:10—“Nsuro, Na Me Ne Wo Wɔ Hɔ”
“Meka wo ho.” Yehowa ma n’asomfo hu nea enti a ɛnsɛ sɛ wosuro. Ɛne sɛ, ɛnkaa wɔn nko ara. Esiane sɛ Yehowa hu ɔhaw a n’asomfo refa mu na otie wɔn mpaebɔ nti, ɛte sɛ nea ɔwɔ wɔn nkyɛn pɛɛ.—Dwom 34:15; 1 Petro 3:12.
“Mene wo Nyankopɔn.” Yehowa ka n’asomfo koma to wɔn yam. Nea ɔyɛ ne sɛ ɔkae n’asomfo sɛ nea ɛbɛto wɔn biara, ɔda so ara yɛ wɔn Nyankopɔn, na ogye wɔn tom sɛ wɔyɛ n’asomfo. Wobetumi anya awerɛhyem sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Onyankopɔn kwan a ɛremma ɔmmoa wɔn.—Dwom 118:6; Romafo 8:32; Hebrifo 13:6.
“Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo, mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” Yehowa kaa asɛm koro no ara wɔ akwan mmiɛnsa so. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ, nsu mu oo, awia mu oo, ɔbɛboa wɔn. Ɔkaa nsɛm bi a ɛboa yɛn ma yehu sɛnea ɔboa ne nkurɔfo a wɔakɔ ahokyere mu no. Ɛne sɛ, sɛ obi hwe ase a, Onyankopɔn betumi atene ne nsa nifa de ama ne so.—Yesaia 41:13.
Onyankopɔn Asɛm Bible no ne ade titiriw a Onyankopɔn de hyɛ n’asomfo den na ɔde boa wɔn. (Yosua 1:8; Hebrifo 4:12) Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn a wɔrehyia ɔhaw te sɛ ohia, yare, anaa wɔn a wɔn ho nipa bi awu no, Onyankopɔn Asɛm ma wɔn afotu pa a ɛbɛboa wɔn. (Mmebusɛm 2:6, 7) Afei nso, Onyankopɔn tumi de ne honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ ade no boa n’asomfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adwen yiye, na ɔhaw ammu amfa wɔn so.—Yesaia 40:29; Luka 11:13.
w16.07 18 ¶4-5
“Nsuro. Mɛboa Wo”
Saa asɛm yi mma wo koma ntɔ wo yam? Wo de, twa asɛm a Yehowa kae no ho mfonini hwɛ. Ɛwom sɛ w’ani begye sɛ wo ne Yehowa bɛnantew de, nanso ɛha de, ɛnyɛ ɛno ho asɛm na yɛreka. Sɛ wo ne Yehowa abɔ anan renantew a, anka ɔde ne nsa nifa beso wo nsa benkum mu. Nanso, nea yɛreka yi de, Yehowa teɛ ne “trenee nsa nifa” no de so “wo nsa nifa” mu te sɛ nea ɔreyi wo afi amanehunu bi mu. Bere a ɔreyɛ saa no, ɔhyɛ wo nkuran sɛ: “Nsuro. Mɛboa wo.”
Wuhu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne Adamfo a sɛ asɛm to wo a, ɔbɛboa wo? Yehowa pɛ w’asɛm, odwen wo ho, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo. Sɛ wuhyia ɔhaw bi a, Yehowa pɛ sɛ woka wo koma to wo yam efisɛ n’ani kũ wo ho. Ampa, ɔyɛ “ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.”—Dw. 46:1.
Tweetwee Bible Mu
w01 10/1 20 ¶3
Nokwafo a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ Dɛn?
Yehowa ka kyerɛɛ n’adamfo Abraham sɛ: “Mene wo kyɛm.” (Genesis 15:1; Yesaia 41:8) Na eyi nyɛ anosɛm ara kwa. Yehowa bɔɔ Abraham ne ne fiefo ho ban gyee wɔn fii Farao ne Abimelek nsam. Ɔboaa Abraham ma ogyee Lot fii ahemfo baanan atirisopam no mu. Yehowa maa Abraham a na wadi mfe 100 ne Sara a na wadi mfe 90 no san nyaa awo tumi sɛnea ɛbɛyɛ na Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no atumi afa wɔn so aba. Yehowa kɔɔ so ne Abraham dii nkitaho denam anisoadehu, adaeso, ne abɔfo a ɔsomaa wɔn no so. Nokwarem no, Yehowa dii Abraham nokware bere a na ɔte ase ne ne wu akyi bere tenten nso. Wɔ mfehaha pii a etwaam no mu no, Yehowa dii bɔ ahorow a ɔhyɛɛ Abraham asefo, Israel man no so, ɛmfa ho asoɔden a wɔyɛe. Abusuabɔ a na ɛwɔ Abraham ne Yehowa ntam no yɛ nokwaredi ho adanse a edi mũ—ɔdɔ a wɔda no adi.—Genesis, ti 12 kosi 25.
MARCH 9-15
BIBLE MU AKORADE YESAIA 43-44
Nkɔmhyɛ Bi a Wɔkyerɛw Too Hɔ Bɛyɛ Mfe 200 Ansa Na Ɛreba Mu
lff adesua 3 nkyekyɛm 5
So Wubetumi Agye Bible Mu Nsɛm Adi?
5 Bible kaa nsɛm akɛse bi a ebesisi ho asɛm too hɔ
Monkenkan Yesaia 44:27–45:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
• Nsɛm bɛn na Bible ka too hɔ bɛboro mfe 200 ansa na wɔresɛe Babilon?
Hwɛ VIDEO no.
VIDEO: Bible Ka Too Hɔ Sɛ Wɔbɛsɛe Babilon (0:58)
Abakɔsɛm nso foa so sɛ, aka bɛyɛ mfe 540 ama wɔawo Yesu no, Ɔhene Kores a ofi Persia ne n’asraafo dii Babilon so nkonim. Ɔne n’asraafo no danee asubɔnten a na ɛbɔ kurow no ho ban no ani kɔfaa baabi foforo. Bere a asraafo no duu kurow no kwan ano no, na n’apon ano da hɔ. Enti wɔbɔ wuraa mu a obiara ne wɔn anko, na wodii so nkonim. Saa asɛm yi sii no, mfe 2,500 atwam, nanso Babilon da so ara yɛ amamfo. Wo de, ma yɛnhwɛ sɛnea Bible kaa ho asɛm.
Monkenkan Yesaia 13:19, 20. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
• Sɛnea wɔsɛee Babilon no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi baa mu?
dp 149-152, adaka ¶4
Hena na Obedi Wiase So?
ƆHEMPƆN A ƆWƆ BOASETƆ
HELANI nhoma kyerɛwfo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu kaee no sɛ ɔhempɔn pa a ɔwɔ boasetɔ. Wɔfrɛ no wɔ Bible mu sɛ “nea wasra no” ne “ɔkoropɔn” a ‘ofi apuei’ reba. (Yesaia 45:1; 46:11) Ɔhempɔn a wɔka ne ho asɛm no ne Kores Ɔkɛseɛ a ofi Persia.
Kores fii ase gyee din wɔ bɛyɛ 560/559 A.Y.B. mu, bere a odii ne papa Cambyses I ade na ɔtraa Anshan a ɛyɛ tete Persia kurow anaa mantam bi ahengua so no. Na Anshan hyɛ Media Hene Astyages ase saa bere no. Bere a Kores tew atua tiaa Mediafo ahenni no, odii so nkonim ntɛm ara efisɛ Astyages asraafo baa n’afã. Afei Mediafo begyinaa Kores akyi. Ɛno akyi no, odii Mediafo ne Persiafo anim ma wɔde biakoyɛ dii ako. Eyi na ɛma wonyaa Medo-Persia nniso a bere bi akyi no, n’ahemman trɛw fii Aegean Po ho kosii Indus Asubɔnten ho no.—Hwɛ asase mfonini no.
Nea edi kan no, Kores de Mediafo ne Persiafo asraafo a wɔaka abom no kɔko faa beae a na wɔyɛ basabasa—Media atɔe fam a na Lydia Hene Croesus retrɛw n’ahemman mu akɔ Media asase so no. Bere a Kores koduu Lydia Ahemman no apuei fam hye so wɔ Asia Kumaa no, odii Croesus so nkonim gyee n’ahenkurow Sardi fii ne nsam. Afei Kores dii Ionia nkurow so nkonim de Asia Kumaa nyinaa kaa Medo-Persia Ahemman no ho. Ɔnam saayɛ so bɛyɛɛ Babilon ne ne hene Nabonido tamfo titiriw.
Afei Kores siesiee ne ho sɛ ɔne ɔhoɔdenfo Babilon bɛko. Efi saa bere no, ɔmaa Bible nkɔmhyɛ nyaa mmamu. Na Yehowa nam odiyifo Yesaia so adi kan abɔ Kores din bɛyɛ mfe ahanu a na atwam no sɛ ɔne sodifo a obetu Babilon agu na wagye Yudafo afi nnommumfa mu. Esiane sɛ wodii kan paw Kores saa nti, Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm sɛ ‘nea Yehowa asra no’ no.—Yesaia 44:26-28.
Bere a Kores kɔtow hyɛɛ Babilon so wɔ 539 A.Y.B. mu no, ohyiaa tebea a ɛyɛ den. Esiane sɛ na afasu akɛse ne nsuka a ɛtrɛw na emu dɔ a asubɔnten Eufrate atwitwa atwa kurow no ho ahyia nti, na ɛte sɛ nea wontumi nko mfa. Na ɔfasu a ɛte sɛ bepɔw a kɔbere apon akɛse deda ano wɔ asubɔnten Eufrate kɔn so wɔ baabi a nsu no fa Babilon no. Na Kores bɛyɛ dɛn atumi ako afa Babilon?
Na Yehowa aka asie bɛboro mfe ɔha sɛ ‘ne nsu bɛyow,’ na ‘ɛsɛ sɛ ɛyow.’ (Yeremia 50:38) Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛe no, Kores dan Asubɔnten Eufrate ani kyerɛɛ baabi kilomita kakra wɔ Babilon kusuu fam. Afei n’asraafo no nantew faa asubɔnka no mu, foroo ɔfasu no anim koko no hyɛn kurow no mu a wɔammrɛ efisɛ na kɔbere apon no ano deda hɔ. Te sɛ nea “ɔkoropɔn” de ahoɔhare kyere aboa foforo no, sodifo a ‘ofi apuei’ yi—ko faa Babilon anadwo biako pɛ!
Wɔ Babilon Yudafo fam no, Kores nkonimdi no kyerɛe sɛ ogye a na wobenya afi nnommumfa mu a na wɔahwɛ kwan akyɛ no ne wɔn man mfe 70 amamfoyɛ no awiei adu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei bere a Kores yɛɛ mpaemuka bi a ɛmaa wɔn kwan sɛ wɔnsan nkɔ Yerusalem nsan nkosi asɔrefie no! Kores de asɔrefie hɔ nnwinne a ɛsom bo a Nebukadnesar de kɔɔ Babilon no maa wɔn, maa wɔn kwan sɛ wɔnkra ntaabo mfi Lebanon na wɔmfa ahemfie sika ntua ɔdan no si ho ka.—Esra 1:1-11; 6:3-5.
Na Kores taa yi mmɔborohunu ne boasetɔ adi kyerɛ nnipa a odi wɔn so nkonim no. Ɛbɛyɛ sɛ ade biako nti a oyii su yi adi ne ne nyamesom. Ɛbɛyɛ sɛ na Kores di Persiani diyifo Zoroaster nkyerɛkyerɛ akyi na ɔsom Ahura Mazda—onyame bi a wɔkyerɛ sɛ ɔne nneɛma pa nyinaa bɔfo no. Farhang Mehr kyerɛw wɔ ne nhoma The Zoroastrian Tradition no mu sɛ: “Zoroaster kyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ pɛ wɔ abrabɔ mu. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ Ahura Mazda mfa bɔne ntua bɔne so ka na mmom odi asɛntrenee, enti ɛnsɛ sɛ wosuro no na mmom ɛsɛ sɛ wɔdɔ no.” Ɛbɛyɛ sɛ gye a Kores gyee onyame a obu bra pa na odi asɛntrenee no dii no kaa adwene a na okura wɔ abrabɔ ho na ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔdaa tema adi na wanyɛ nyiyim.
Nanso, na ɔhene no mpɛ Babilon wim tebea koraa. Na ontumi nnyina ahohuru bere mu ɔhyew a ano yɛ den no ano. Enti ɛwom sɛ Babilon kɔɔ so yɛɛ ahemman no ahenkurow, ne nyamesom ne amammerɛ kurow titiriw de, nanso na ɛyɛ n’awɔw bere mu ahenkurow kɛkɛ. Nokwarem no, bere a Kores dii Babilon so nkonim no, ankyɛ na ɔsan kɔɔ n’ahohuru bere mu ahenkurow Ahmeta a ɛwɔ soro kyɛn po bɛyɛ mita 1,900 wɔ Bepɔw Alwand ase no mu. Na hɔnom awɔw bere ne ahohuru bere ma wim yɛ nea ɛfata ma no. Kores sii ahemfie fɛfɛ bi nso wɔ n’ahenkurow a edi kan, Pasargadae, (ɛbɛn Persepolis) a na ɛwɔ kilomita 650 wɔ Ahmeta kesee fam apuei no mu. Na ɔkɔhome wɔ fie a na ɛwɔ hɔ no mu.
Enti wɔkae Kores sɛ nkonimdifo ɔkokodurufo ne ɔhempɔn a ɔwɔ boasetɔ. Ne mfe 30 ahenni no baa awiei bere a owui wɔ ɔko mu wɔ 530 A.Y.B. mu no. Ne ba Cambyses II bedii n’ade traa Persia ahengua so.
w22.03 14 ¶1
Wuhu Nea Sakaria Hui No?
NÁ ANIGYESƐM bi rebobɔ ba. Ná Israelfo no atena Babilon akyɛ paa. Enti bere soe no, Yehowa Nyankopɔn “kanyan Persia hene Kores” sɛ onnyaa wɔn. Ɔhene no bɔɔ dawuru sɛ, Yudafo no nsan nkɔ wɔn kurom “nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn fi” no. (Esra 1:1, 3) Ná wei yɛ anigyesɛm paa! Wei kyerɛ sɛ, na Yudafo no bɛma nokware som so bio wɔ asaase a Onyankopɔn de maa wɔn no so.
lfb adesua 63 ¶5
Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho
Afe baako ntam no, Kores kaa sɛ: ‘Yehowa aka akyerɛ me sɛ, mensan nsi n’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. Yehowa nkurɔfo mu biara a ne koma ka no a ɔpɛ sɛ ɔboa adwuma no betumi akɔboa.’ Enti sɛnea na Yehowa ahyɛ bɔ no, bere a wɔsɛee Yerusalem no, mfe 70 akyi, Yudafo pii san kɔɔ wɔn kurom. Kores san de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa, ne nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii asɔrefie hɔ no nyinaa san kɔe. Woahu sɛnea Yehowa maa Kores boaa Yehowa nkurɔfo no?
Tweetwee Bible Mu
w24.02 30 ¶8
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Nhwɛso a ɛtɔ so mmienu no yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kores a odii Babilon so nkonim no ho. Yehowa kaa sɛ, Kores na obegye Yudafo no afi nkoasom mu na wahyɛ mmara sɛ wɔnsan nkosi Yehowa asɔrefie no. (Yes. 44:26–45:4) Ampa-ne-ampa ara, Kores a ɔbɛyɛɛ Persia hene no na ɔmaa saa nkɔmhyɛ yi baa mu. (Esra 1:1-4) Nanso, Kores ansom nokware Nyankopɔn no. Yehowa nam Kores so maa saa nkɔmhyɛ yi baa mu, nanso wanhyɛ Kores sɛ ɔnsom no.—Mmeb. 21:1.
MARCH 16-22
BIBLE MU AKORADE YESAIA 45-47
“Mene Onyankopɔn, Na Obiara Nni Hɔ a Ɔte Sɛ Me”
w20.06 5 ¶14
“Wo Din Ho Ntew”
14 Satan ayɛ nea obetumi biara sɛ ɔremma nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no mma mu. Satan ayɛ biara nanso nea ɔyɛ biara nkosi hwee. Bible ma yehu nea Yehowa ayɛ, na ɛma yehu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛwom, atua a Satan atew ne wɔn a wɔwɔ n’afa nyinaa ma Yehowa werɛ how paa. (Dw. 78:40) Nanso ne nyansa, n’abotare ne n’atɛntrenee nti wadi ɔhaw yi ho dwuma. Afei nso, wafa akwan pii so akyerɛ sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ. Na nea edi akoten wɔ biribiara a ɔyɛ mu ne ɔdɔ. (1 Yoh. 4:8) Yehowa yɛ adwuma bere nyinaa de tew ne din ho.
cl 42 ¶14
“Yehowa . . . Tumi Sõ”
14 Sɛnea yebehu no, Onyankopɔn de ne tumi bɔ ade, ɔde ne tumi sɛe ade, ɔde ne tumi bɔ nkurɔfo ho ban, ɔde ne tumi siesie nneɛma a asɛe. Sɛ yebetwa no tiaa a, Yehowa de ne tumi yɛ biribiara a ɛne n’atirimpɔw hyia. (Yesaia 46:10) Ɛtɔ da a, Yehowa de ne tumi yɛ adwuma ma yehu ne suban bi a ehia ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔde ne tumi yɛ adwuma ma n’apɛde ba mu. N’apɛde ne sɛ ɔnam Mesia Ahenni no so bɛtew ne din kronkron no ho, na wama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa paa. Nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara, biribiara rentumi nsiw no kwan.
it “Israelfo San Fii Babilon Baa Wɔn Kurom” ¶1
Israelfo San Fii Babilon Baa Wɔn Kurom
AFE 607 ansa na Yesu reba no, Yuda asaase a na nnipa a wɔte hɔ di yiye no bɛdanee ‘amamfo a na obiara nte so.’ Babilonfo tuu Yudafo no fii wɔn asaase no so de wɔn kɔtenaa Babilon, na Yudafo kakra a na aka no nso guan kɔɔ Egypt. (Yer 9:11) Nanso, na Onyankopɔn a ne dɔ nni huammɔ no remma ne nkurɔfo nka obi man so afebɔɔ. Yehowa ka too hɔ sɛ, ne nkurɔfo no “bɛsom Babilon hene mfe 70.” Ɔka kaa ho sɛ, ɛno akyi no, obegye ne nkurɔfo no, na ɔde wɔn mu anokwafo kakra asan akɔ wɔn asaase so. (Yer 25:11, 12; 29:10-14) Saa bere no, na Babilon na edi wiase nyinaa so tumi, na na ɛte sɛ nea obiara rentumi nni wɔn so nkonim da. Nanso, na Babilon rentumi mmɔ nea na Onyankopɔn aka ato hɔ sɛ ɔbɛyɛ no ngu da. Bere no soe no, Yehowa maa Yudafo a wɔde wɔn kɔɔ obi man so no san kɔɔ wɔn asaase so. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, bere nyinaa, sɛ Yehowa hyɛ nkɔm a, ɛba mu pɛpɛɛpɛ!
w99 5/15 14 ¶18-19
Yɛn Ani Gye Sɛ Yehowa Kyerɛ Yɛn Ne Kwan
18 Ɛnnɛ, te sɛ tete mmere mu no, Yehowa kwan so a yɛbɛnantew no hwehwɛ nokwaredi—yɛn bo a yebesi sɛ yɛbɛsom ne nkutoo. Ɛhwehwɛ ahotoso—gyidi a edi mũ a ɛne sɛ Yehowa bɔhyɛ yɛ nokware na ɛbɛbam. Yehowa kwan so a yɛbɛnantew no hwehwɛ osetie—ne mmara a yebedi akyi a yɛmman mfi ho ne ne gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a yebedi so. “[Yehowa, NW] yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee.”—Dwom 11:7.
19 Ahas de ne ho too Siria anyame so hwehwɛɛ ahobammɔ. Israelfo a na wɔwɔ Misraim no susuwii sɛ “ɔsoro hemmaa,” onyamewa a na wɔsom no kɛse wɔ tete Mediterranea Supɔw so no, bɛma wɔadi yiye honam fam. Ɛnnɛ, anyame pii nyɛ ahoni ankasa. Yesu bɔɔ “ahonyade” a yɛbɛsom asen Yehowa no ho kɔkɔ. (Mateo 6:24) Ɔsomafo Paulo kaa “anibere a ɛyɛ abosonsom” ho asɛm. (Kolosefo 3:5) Ɔkaa wɔn a wɔn ‘nyame ne wɔn yafunu’ nso ho asɛm. (Filipifo 3:19) Yiw, sika ne honam fam nneɛma ka anyame titiriw a wɔsom wɔn nnɛ no ho. Nokwarem no, dodow no ara—a asɔrekɔfo pii ka ho—‘de wɔn ani to ahonyade a enni hɔ so.’ (1 Timoteo 6:17) Nnipa pii yɛ adwumaden de som saa anyame yi, na ebinom nya so mfaso—wɔtra afie pa mu, de nneɛma a ne bo yɛ den gye wɔn ani, na wodi nnuan a ahomeka wom. Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wodi yiye saa. Na bere bi akyi no, wɔn a wonya wɔn ho no hu sɛ, saa nneɛma yi mma abotɔyam. Wontumi mfa wɔn ho nto so, ɛyɛ bere tiaa mu ade, na enni honhom fam ahiade ho dwuma.—Mateo 5:3.
Tweetwee Bible Mu
w24.2 30 ¶3-5
Sɛnea Yehowa Tumi Kyerɛ Nea Ebesi Daakye No, Dɛn Na Bible Ka Wɔ Ho?
Yehowa ma n’apɛde yɛ hɔ. Sɛnea Yehowa tumi kyerɛ nea ebesi daakye no, saa asɛm yi fa ho sɛn? Yesaia 46:10 ka sɛ: “Mifi mfiase ka awiei asɛm, na mifi tete ka nea ensii; meka sɛ, ‘Me gyinaesi bɛba mu ɔkwan biara so, na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’”
Ade baako nti a Yehowa betumi aka nea ebesi daakye ne sɛ, ɔwɔ tumi a obetumi ama nsɛm bi asisi. Nsɛm a ebesisi daakye no, ɛnyɛ sɛ asisi dedaw na wɔde ayɛ biribi te sɛ sini a ɛwɔ hɔ, na sɛ Yehowa pɛ sɛ ohu nea ebesi daakye a na wakɔhwɛ. Mmom, Yehowa betumi aka sɛ asɛm bi besi bere pɔtee bi, na bere no so a, wahwɛ ma asi.—Ex. 9:5, 6; Mat. 24:36; Aso. 17:31.
Wei nti, nsɛm bi a Yehowa pɛ sɛ esisi daakye no, Bible de nsɛm te sɛ “mehyɛ too hɔ” ne “mabɔ me tirim” na ɛka ho asɛm. (2 Ahe. 19:25; Yes. 46:11) Asɛmfua a wɔakyerɛ ase “mehyɛ too hɔ” ne “mabɔ me tirim” no, ɛne asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔnwemfo” na ɛnam. (Yer. 18:4) Sɛnea ɔnwemfo a waben wɔ n’adwuma mu betumi de dɔte ayɛ kuku fɛfɛɛfɛ no, saa ara na Yehowa nso betumi adannan nneɛma ma n’atirimpɔw aba mu.—Efe. 1:11.
MARCH 23-29
BIBLE MU AKORADE YESAIA 48-49
Tie Yehowa Nkyerɛkyerɛ Na Fa Yɛ Adwuma
lff adesua 35 nkyekyɛm 1
Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa
Ansa na wubesi gyinae biara no, di kan bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa. Afei, dekode a worebesi ho gyinae no, yɛ ho nhwehwɛmu wɔ Bible mu hwɛ sɛ, dɛn na Yehowa ka fa ho. (Kenkan Mmebusɛm 2:3-6.) Ebi wɔ hɔ a, wubehu sɛ Yehowa ahyɛ mmara pɔtee bi a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Sɛ wuhu biribi saa a, bɔ mmɔden sɛ wode bɛyɛ adwuma, efisɛ nea Yehowa aka no, ɛno paa na ɛbɛboa wo.
Nanso yɛmfa no sɛ wokan Bible no, woanhu mmara pɔtee bi nso ɛ? Wobɛyɛ no dɛn? Ɛno mpo no, Yehowa bɛkɔ so akyerɛ wo “ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so.” (Yesaia 48:17) Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔbɛma woahu nnyinasosɛm anaa Bible mu asɛm bi a ɛbɛboa wo. Dɛn ne nnyinasosɛm? Ɛyɛ nokwasɛm ahorow bi a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu Onyankopɔn adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Mpɛn pii no, sɛ yɛkenkan asɛm bi a esii wɔ Bible mu a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma bi ho. Wei boa yɛn ma yehu n’adwene, na ɛma yetumi sisi gyinae a ɛsɔ n’ani.
ijwbq asɛm 44 ¶2-3
Yetumi Yɛ Nea Yɛpɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho? Nea Yɛyɛ Biara, Onyankopɔn Ahyehyɛ Ato Hɔ Anaa?
● Onyankopɔn yɛɛ nnipa wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Nnipa nte sɛ mmoa. Mmoa de, wɔnnwen; nea wɔbɔɔ wɔn sɛ wɔnyɛ no, saa ara na wɔyɛ wɔn ade. Nnipa nte saa. Yɛn de, yɛne Onyankopɔn di nsɛ, efisɛ yɛn ankasa tumi da suban ahorow bi adi; ebi ne ɔdɔ ne atɛntrenee. Sɛnea Onyankopɔn tumi yɛ nea ɔpɛ no, yɛn nso yetumi yɛ nea yɛpɛ.
● Sɛnea yɛn abrabɔ bɛkɔ daakye no, yɛn ankasa yebetumi ayɛ biribi. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa nkwa, na yentie Onyankopɔn asɛm,’ nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yedi ne mmara nsɛm so. (Deuteronomium 30:19, 20) Sɛ yɛn ankasa yentumi mfa yɛn adwene nyɛ nea yɛpɛ a, ɛnde na ka a Bible ka sɛ yentie Onyankopɔn asɛm no, ntease nnim, na anka ɛyɛ atirimɔdensɛm mpo. Onyankopɔn nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea ɔbɛka biara. Mmom, oyi ne yam ka kyerɛ yɛn mu biara sɛ: “Sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:18.
lv 199 ¶8
‘Munnyin Wɔ Mo Gyidi Kronkron Mu’
8 Yehowa kae yɛn sɛ, sɛ yetie n’asɛm a, yɛn ara na ebesi yɛn yiye. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, yebenya nhyira ahorow mmienu. Nea edi kan, yɛn asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten a ayiri afa so a ɛsen daa na yɛanya abotɔyam. Nea ɛto so mmienu, yɛn trenee bɛyɛ sɛ po asorɔkye. Sɛ wugyina mpoano na wohwɛ sɛnea po bɔ asorɔkye no a, akyinnye biara nni ho sɛ wote nka sɛ ɛnyɛ biribi a ebegyae nnɛ anaa ɔkyena. Wunim sɛ asorɔkye no bɛkɔ so abɔ aba mpoano hɔ daapem. Yehowa ka sɛ wo trenee, anaa trenee kwan a wonam so no bɛtena hɔ daa te sɛ po asorɔkye. Sɛ wokɔ so di no nokware a, ɔremma wo nsa nsi fam da! (Kenkan Dwom 55:22.) So bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam yi nhyɛ gyidi a wowɔ wɔ Yehowa ne ne trenee ahwehwɛde no mu den?
Tweetwee Bible Mu
it “Bere a Ɛfata” ¶1-3
Bere a Ɛfata
Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 49:8 no, ɔsomafo Paul fa kaa asɛm wɔ 2 Korintofo 6:2. Yesaia 49:8 ka sɛ: “Nea Yehowa aka ni: ‘Adom bere mu na mitiee wo, nkwagye da na meboaa wo; na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa, na woasiesie asaase no, na woama wɔasan anya wɔn agyapade a na asɛe no bio.’” Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia yi, mfiase no, na ɛfa Israel man no ho. (Yes 49:3) Nkɔmhyɛ no, ɛda adi pefee sɛ na ɛfa Israelfo a na wɔbɛsan akɔ wɔn asaase so no ho. Enti nkɔmhyɛ no dii kan baa mu bere a Israelfo no nyaa ahofadi fii Babilon no. Saa bere no, wɔka kyerɛɛ Israelfo a na wɔgu afiase no sɛ, ‘Wɔmpue mmra!’ Ɛno akyi no, Israelfo no san kɔɔ wɔn kurom, na wɔsan kɔkyekyee wɔn kurow a na adan amamfo no.—Yes 49:9.
Nanso, na Yehowa adi kan aka ‘akoa’ bi ho asɛm wɔ Yesaia 49:6 sɛ, ɔde saa akoa no bɛyɛ “hann ama amanaman no, na ama [Onyankopɔn] nkwagye akodu asaase ano.” Afei, Yehowa kaa ‘akoa’ koro no ara ho asɛm wɔ Yesaia 49:8 sɛ, “mede wo bɛyɛ apam ama nnipa.” Wei ma yehu pefee sɛ, na nkɔmhyɛ no fa Mesia no ho. Esiane sɛ Kristo Yesu ne Mesia no, na ɔsan yɛ Onyankopɔn “akoa” nti, na nkɔmhyɛ no fa ne ho. (Fa Yes 42:1-4, 6, 7 toto Mt 12:18-21 ho.) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 49:8 no kaa “adom bere” no ho asɛm sɛ, ɛyɛ bere a Yehowa ‘betie’ n’akoa no asɛm, na ‘waboa no.’ Wei nti yebetumi aka sɛ, saa asɛm no, ɛfa bere a na Yesu wɔ asaase so no ho. Saa bere no, Yesu nam “nteɛm a emu yɛ den ne nisu so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro nti, wotiee no.” (Heb 5:7-9; fa toto Yoh 12:27, 28; 17:1-5; Lu 22:41-44; 23:46 ho.) Enti, na ɛyɛ “nkwagye da” ma Onyankopɔn ankasa Ba no. Saa bere no na onyaa kwan dii nokware kosii ase. Wei ma “ɔbɛyɛɛ obi a ɔbɛma wɔn a wotie no no nyinaa anya nkwagye daa.”—Heb 5:9.
Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 49:8 no, Paul nso fa kaa asɛm bere a ɔkyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no. Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘mma wɔnnnye Onyankopɔn adom no mmma ɛnnyɛ ɔkwa.’ Bere a ɔfaa Yesaia 49:8 no mu nsɛm ka wiei no, ɔka kaa ho sɛ: “Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom bere. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagye da.” Wei ma yehu sɛ, na Yesaia nkɔmhyɛ no fa saa Kristofo no nso ho. (2Ko 6:1, 2) Efi Pentekoste afe 33 reba no, na saa Kristofo a wɔasra wɔn no abɛyɛ “Onyankopɔn Israel.” (Ga 6:16) Nanso, adom a na Onyankopɔn de adom wɔn no, na ehia sɛ wɔnam wɔn abrabɔ so kyerɛ sɛ wɔfata. Ɛba saa a, na “bere a ɛfata” no bɛyɛ “nkwagye da” ama wɔn ampa.
APRIL 6-12
BIBLE MU AKORADE YESAIA 50-51
Tie Onii a Onyankopɔn Akyerɛkyerɛ No No
kr 182 ¶5
Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo
5 Wɔ bere a ɛfata mu no, Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne Ba no ma obehuu adwuma a na ɔrebɛyɛ wɔ asase so no. Momma yensusuw nkɔmhyɛ bi a ɛma yehu abusuabɔ a ɛda Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no ne n’Abakan no ntam no ho nhwɛ. (Monkenkan Yesaia 50:4, 5.) Nkɔmhyɛ no ka sɛ, ná Yehowa nyan ne Ba no “anɔpa biara.” Asɛm no twe yɛn adwene si ɔkyerɛkyerɛfo a onyan sukuufo ntɛm anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ wɔn ade no so. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Sɛ yɛbɛka a . . . ɛte sɛ nea Yehowa aso ne Ba no nsam de no rekɔ sukuu sɛnea wɔyɛ sukuufo mmofra no, na afei ɔkyerɛkyerɛ no sɛnea ɔbɛka asɛmpa no.” Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne Ba no ‘nea ɛsɛ sɛ ɔka ankasa’ wɔ “sukuu” a ɔkɔe wɔ soro no mu. (Yoh. 12:49) Agya no san de akwankyerɛ maa ne Ba no ma ohuu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so kyerɛkyerɛ. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔde ntetee a onyae no dii dwuma yiye de kaa asɛmpa no, na afei ɔtetee n’akyidifo no nso ma wohuu sɛnea wɔbɛka asɛm no.
cf 133 ¶13
“Medɔ Agya No”
13 Ɔba no de anigye suaa nneɛma pii fii n’Agya hɔ ansa na ɔreba asaase so abɛyɛ onipa. Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yesaia 50:4-6 ma yehu sɛ, Yehowa hyɛɛ da tetee ne Ba no yiye maa adwuma a na ɔbɛyɛ sɛ Mesia no. Ɛwom, amanehunu a Nea Yehowa Asra No no, anaa Ɔba no bɛfa mu nyinaa, saa ntetee no maa Ɔba no hui, nanso ofi ne pɛ mu ma wɔtetee no. Akyiri yi a Yesu baa asaase so ne bere a onyinii nyinaa, na saa ɔpɛ no da so ara wɔ hɔ. Wei nti, na ɔkɔ n’Agya fie kɔsom no, na nokwasɛm a na Yehowa pɛ sɛ nkurɔfo te wɔ hɔ no nso, na Yesu boa ma wɔkyerɛkyerɛ. Bible ma yehu sɛ, na Yesu taa kɔ hyiadan mu ne asɔrefie hɔ. (Luka 4:16; 19:47) Sɛ yɛpɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu kɔ so yɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ Kristofo nhyiam ahorow. Yɛkɔ hɔ a yɛsom Yehowa, yenya ne ho nimdeɛ pii, na ɛma yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no.
Tweetwee Bible Mu
ip-2 166 ¶2-3
Awerɛkyekye Ma Onyankopɔn Nkurɔfo
2 Wɔ wɔn a wɔwɔ Yuda a wɔkom wɔn koma kɔ Yehowa so fam no, ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Muntie me, mo a mudi trenee akyi na mohwehwɛ [Yehowa, “NW”] no.” (Yesaia 51:1a) ‘Trenee akyidi’ kyerɛ adeyɛ. Wɔn a ‘wodi trenee akyi’ no remfa wɔn ano kɛkɛ nka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Wɔde nsiyɛ bɛbɔ mmɔden ayɛ adetrenee na wɔatra ase ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia. (Dwom 34:15; Mmebusɛm 21:21) Wobebu Yehowa sɛ ɔno nkutoo ne trenee Fibea, na ‘wɔahwehwɛ Yehowa.’ (Dwom 11:7; 145:17) Ɛnyɛ sɛ wonnim Yehowa ne ɔkwan a wɔbɛfa so akɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu dedaw. Mmom no, wɔbɛbɔ mmɔden abɛn no, asom no, abɔ no mpae, na wɔahwehwɛ n’akwankyerɛ wɔ wɔn nneyɛe nyinaa mu.
3 Nanso, sɛ yɛde toto ho a, wɔn a wodi trenee akyi ankasa wɔ Yuda no sua, na eyi betumi ama ehu aka wɔn na wɔn abam abu. Enti bere a Yehowa de abopae reyɛ mfatoho no, ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ: “Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu ne abura a wotuu mo fii mu no, monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe.” (Yesaia 51:1b, 2) “Ɔbotan” a wɔpaee Yudafo fii mu no ne Abraham, abakɔsɛm mu nipa a Israel man bu no kɛse no. (Mateo 3:9; Yohane 8:33, 39) Ɔne ɔman no honam fam agya. Sara ne “abura” a Israel tete agya Isak fii n’awotwaa mu bae no.
APRIL 13-19
BIBLE MU AKORADE YESAIA 52-53
Ɔdɔ a Yesu Daa No Adi Kyerɛɛ Yɛn No, Ɛkyɛn So!
w10 11/15 7 ¶2
Mmabun—Munnyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano
2 So w’atipɛnfo nneyɛe hyɛ wo so denneennen? Sɛ ɛte saa a, dɛn ntia? So ebetumi aba sɛ wopɛ sɛ wogye wo tom? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mfomso sɛ wobɛte nka saa. Nokwarem no, mpanyimfo nso ani gye ho sɛ wɔn atipɛnfo begye wɔn atom. Obiara nni hɔ a n’ani gye ho sɛ afoforo bɛpo no, sɛ́ ɔyɛ abofra anaa ɔpanyin. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, ɛnyɛ bere nyinaa na afoforo ani begye wo ho. Yesu mpo hyiaa tebea a ɛte saa. Nanso, Yesu yɛɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Bere a ebinom dii Onyankopɔn Ba no akyi na wɔbɛyɛɛ n’asuafo no, afoforo de, wobuu no animtiaa na ‘wɔamfa no anyɛ hwee.’—Yes. 53:3.
ip-2 205 ¶25
Yehowa Ma Ne Mesia Akoa no So
25 So Mesia no befi ne pɛ mu ahu amane na wawu? Yesaia ka sɛ: “Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano.” (Yesaia 53:7) Ná anka Yesu betumi afrɛ “abɔfo asafotow dumien ne akyiri” ma wɔabɛboa no wɔ anadwo a etwa to wɔ n’asetram no mu. Nanso ɔkae sɛ: “Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?” (Mateo 26:53, 54) Mmom no, “Onyankopɔn guammaa” no anko antia. (Yohane 1:29) Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no totoo Yesu ano wɔ Pilato anim no, “wammua bi.” (Mateo 27:11-14) Wampɛ sɛ ɔbɛka biribi a ebetumi atwitware Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no mu. Na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obewu sɛ Oguammaa a wɔde no bɔ afɔre, a na onim yiye sɛ ne wu no begye adesamma a wɔyɛ asoɔmmerɛw afi bɔne, yare, ne owu mu.
Tweetwee Bible Mu
it “Anwenne” ¶2
Anwenne
Hebri asɛmfua keliʹ no, mpɛn pii no, wɔde gyina hɔ ma anwenne a na wɔde yɛ adwuma wɔ kronkronbea hɔ no. Saa anwenne no, ebi ne nyowa, nkuruwa akɛse, sofi, nkyɛnsee, adinam, nkyɛnsee a wɔde ogya gu mu, adumgya, nneɛma a wɔde fa ogya, asɛn, ne nkuruwa. (Ex 25:29, 30, 39; 27:3, 19; 37:16, 23; 38:3; 1Ah 7:40-50; 2Be 4:11-22) Esiane sɛ na wɔde saa anwenne yi yɛ Yehowa adwuma nti, na ɛyɛ “kronkron.” (1Ah 8:4) Bere a Babilon hene Nebukadnesar dii Yerusalem so nkonim no, ɔfaa anwenne kronkron a na wɔde yɛ Yehowa som adwuma no fii Yerusalem kɔɔ Babilon. Akyiri yi, bere a Israelfo no resan akɔ wɔn kurom afe 537 ansa na Yesu reba no, wɔnyaa hokwan sɛ wɔbɛsoa saa anwenne no asan de akɔ Yerusalem. Ɛno nti, wɔn a wɔbɛsoa no, na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ho tew Yehowa som mu ne wɔn abrabɔ mu. Enti ahyɛde a Yehowa nam Yesaia so ka too hɔ no, na ehia sɛ wɔn a wɔbɛsoa nneɛma no di so. Asɛm a Yesaia ka too hɔ no ne sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho, mumfi [Babilon], mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew! Mumfi ne mu, montew mo ho, mo a moso Yehowa anwenne.” (Yes 52:11) Saa asɛm yi, na ɛmfa wɔn nipadua a wɔbɛma ɛho atew nko ara ho. Ná ehia sɛ wɔma wɔn koma mu nso tew. Bere a ɔsomafo Paul kyerɛw Korintofo no, ɔfaa asɛm a ɛwɔ Yesaia 52:11 no kaa asɛm de kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo nso ‘hohoro wɔn ho fi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.’—2Ko 6:14-18; 7:1.
APRIL 20-26
BIBLE MU AKORADE YESAIA 54-55
Nneɛma Bɛn Na Wopɛ Sɛ Wode Gu Nkyɛn?
w09 9/15 21 ¶3
Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Kyɛn So Kɛse
3 Yehowa papayɛ nti, n’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔtɔ sin. Bere a Yesaia reka Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu no, ɔkae wɔ Yesaia 54:13 sɛ: “Yehowa ankasa bɛkyerɛkyerɛ wo mma nyinaa, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” Yebetumi aka sɛ, saa asɛm no fa Kristo “nguan foforo” no nso ho. (Yoh. 10:16) Nkɔmhyɛ bi a ɛrenya mmamu wɔ yɛn bere yi so ma yehu eyi pefee. Yesaia hui wɔ anisoadehu bi mu sɛ nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu reba nokware som mu. Ɔka wɔn ho asɛm sɛ obiara reka kyerɛ ne yɔnko sɛ: “[Momma] yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.” (Yes. 2:1-3) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan kɛse sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ yɛn!
w18.11 4 ¶6-7
“Tɔ Nokware Na Ntɔn”
6 Kenkan Yesaia 55:1-3. Yehowa asɛm a Yesaia kyerɛwee no nso boa yɛn ma yɛte nokware a yɛbɛtɔ no ase. Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, Yehowa de n’asɛm toto nsu, nufusu, ne nsã ho. Sɛnea yɛnom nsu a emu adwo na ani tew a ɛma yɛn ho dwo yɛn no, saa pɛpɛɛpɛ na nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu nso ma yɛn ho dwo yɛn. Afei nso, sɛnea nufusu ma yenya ahoɔden na ɛboa mmofra ma wonyin no, saa ara na Yehowa asɛm nso hyɛ yɛn den na ɛboa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den. Bio nso, Yehowa asɛm te sɛ nsã. Ɔkwan bɛn so? Bible ka sɛ nsã ma nnipa ani gye. (Dwom 104:15) Enti sɛ Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔntɔ nsa’ a, na ɔrema wɔn awerɛhyem sɛ, sɛ wɔde n’asɛm bɔ wɔn bra a, wɔn ani begye. (Dw. 19:8) Yehowa nam saa mfatoho yi so boa yɛn ma yehu mfaso a yenya bere a yesua nokware no na yɛde bɔ yɛn bra. Adwuma a yɛyɛ ansa na yɛanya nokware no, ɛno ne nea yɛde tɔ nokware no. Ɛnde, afei yɛnhwɛ nneɛma nnum a yebetumi de atɔ nokware.
DƐN NA WODE ABƆ AFƆRE DE ATƆ NOKWARE?
7 Bere. Ɛyɛ ade a obiara a ɔtɔ nokware no de bɔ afɔre. Egye bere na obi atumi atie Ahenni asɛm no, wakenkan Bible ne Bible ho nhoma, ɔne Yehowa Adansefo asua Bible, na wasua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase na wakɔ bi. Ɛsɛ sɛ ‘yɛtɔ’ bere anaa yegye bere, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma foforo a ɛho nhia pii no bi akyi di. (Kenkan Efesofo 5:15, 16.) Bere dodow sɛn na ebegye na yɛde anya Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ho nokware nimdeɛ? Ebegyina yɛn mu biara so. Yɛrentumi nsua Yehowa nyansa, n’akwan, ne ne nnwuma ho ade nwie da. (Rom. 11:33) Ɔwɛn-Aban a edi kan koraa no de nokware no totoo “nhwiren ketewa bi” ho, na ɛkaa sɛ: “Sɛ wunya nokware a ɛte sɛ nhwiren no baako a, mma wo tirim nyɛ wo dɛ. Sɛ baako no ara dɔɔso a anka ebi ammɛka ho. Kɔ so ara boaboa ano, kɔ so hwehwɛ pii.” Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nokware no ho nimdeɛ a mewɔ no, ɛdɔɔso anaa?’ Sɛ yɛtena ase daa mpo a, yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da. Ɛnnɛ, nea ehia ne sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma yiye, na ama yɛatumi atɔ nokware no pii sɛnea yebetumi. Momma yɛnhwɛ obi a na ɔpɛ sɛ ohu nokware no.
be 14 ¶2-4
‘Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye’
Aso a yɛbɛyɛ atie asɛm ho akwanside pii wɔ hɔ. Dadwen betumi ahyɛ yɛn so. Dede anaa akɔneaba a atiefo no di wɔ nhyiam no ase anaa akyi no betumi atwetwe yɛn adwene. Yɛn ho a ɛmfa yɛn betumi ama ayɛ den sɛ yɛde yɛn adwene besi asɛm a wɔreka no so. Ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔwɔ mmofra nkumaa no behu sɛ wɔn adwene wɔ nneɛma abien so. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi dwumadi no so?
Aniwa no wɔ ade a yɛde yɛn adwene si so no so nkɛntɛnso kɛse. Fa w’aniwa di dwuma ma ɛmmoa wo denam ɔkasafo no so a wode besi no so. Sɛ ɔfrɛ Bible mu asɛm bi—nea wunim no yiye mpo—a, bue na kenkan di n’akyi. Kwati sɛ wobɛdan wo ti akɔ baabi a dede biara wɔ anaa biribiara a ɛretwam so. Sɛ w’aniwa retwetwe nneɛma pii ba w’adwenem a, worente nsɛm a wɔka wɔ asɛnka agua so no mu pii.
Sɛ ‘wo mu dadwen’ bi ma ɛyɛ den ma wo sɛ wode w’adwene besi dwumadi no so a, bɔ Yehowa mpae ma ɔmma wo adwene ne koma a edwo a ɛbɛboa wo ma woayɛ aso atie asɛm. (Dw. 94:19; Fil. 4:6, 7) Sɛ ɛho hia a, yɛ saa mpɛn pii. (Mat. 7:7, 8) Asafo nhyiam ahorow no yɛ nsiesiei a efi Yehowa hɔ. Wubetumi anya ahotoso sɛ ɔpɛ sɛ wunya dwumadi no mu mfaso.—1 Yoh. 5:14, 15.
Tweetwee Bible Mu
w19.01 6 ¶14-15
“Mma W’ani Nnyɛ Wo Totɔtotɔ, Na Mene Wo Nyankopɔn”
14 Nea edi kan, esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo nti, yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn. (Mat. 10:22) Yesu ka too hɔ sɛ nkurɔfo bɛtaa n’asuafo denneennen wɔ nna a edi akyiri no mu. (Mat. 24:9; Yoh. 15:20) Nea ɛto so mmienu, Yesaia nkɔmhyɛ no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnyɛ ɔtan kɛkɛ na yɛn atamfo bɛtan yɛn; wɔde akode ahorow nso bɛba yɛn so. Akode no bi ne sɛ yɛn atamfo bɛfa anifere kwan so sɛ wɔbɛdaadaa yɛn, wɔbɛkata wɔn ani atwa atoro ato yɛn so, na wɔatu wɔn ani asi yɛn so ataa yɛn denneennen. (Mat. 5:11) Sɛ yɛn atamfo de akode a ɛte saa ba yɛn so a, Yehowa rensiw wɔn kwan. (Efe. 6:12; Adi. 12:17) Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro. Adɛn ntia?
15 Yɛnhwɛ nokwasɛm a ɛto so mmiɛnsa a ɛsɛ sɛ yɛkae. Yehowa kaa sɛ “akode biara” a wɔde bɛba yɛn so “renyɛ yiye.” Sɛnea ɔfasu bɔ yɛn ho ban fi ahum a etumi sɛe ade ho no, saa ara na Yehowa bɔ yɛn ho ban fi “atirimɔdenfo hwenem mframa” ho. (Kenkan Yesaia 25:4, 5.) Yɛn atamfo rentumi nyɛ biribi a ɛbɛma yɛahu amane afebɔɔ.—Yes. 65:17.
APRIL 27–MAY 3
BIBLE MU AKORADE YESAIA 56-57
Ɛyɛ Yɛn Anigye Sɛ Yehowa Ne Yɛn Nyankopɔn
ip-2 269 ¶14-16
Yehowa Ma Ahobrɛasefo Honhom Nya Nkwa
14 Nanso, na Onyankopɔn abodwokyɛre no bɛba awiei. Bere a na Yehowa rehwɛ saa bere no kwan no, ɔkae sɛ: “Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi. Woteɛm a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa, ohuw bɛfa wɔn akɔ.” (Yesaia 57:12, 13a) Ná Yehowa bɛpa Yuda nyaatwomyɛ no ho ntama. Na mfaso biara remma ne nyaatwomyɛ no so. Ne nneɛma a ‘wapra aboa ano,’ n’abosompem no rennye no. Sɛ bɔne bi si a, mframa kɛkɛ na na ɛbɛsoa anyame a ɔde ne ho too so no akɔ.
15 Yehowa nsɛm no baa mu wɔ afe 607 A.Y.B. Ɛno ne bere a Babilon hene Nebukadnesar sɛee Yerusalem, sɛee asɔrefie no, na ɔfaa nnipa dodow no ara nnommum no. “Saa na wotuu Yuda fii wɔn asase so.”—2 Ahene 25:1-21.
16 Saa ara na Kristoman abosompem no rennye no Yehowa abufuw da no. (Yesaia 2:19-22; 2 Tesalonikafo 1:6-10) Wɔbɛtɔre Kristoman ne “Babilon Kɛse”—wiase atoro som ahemman—nkae no nyinaa ase. Sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no ne ne mmɛn du no ‘bɛyɛ Babilon Kɛse no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.’ (Adiyisɛm 17:3, 16, 17) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛatie ahyɛde a ese: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi” no! (Adiyisɛm 18:4, 5) Mommma yɛnnsan nnkɔ ne nkyɛn anaasɛ yɛmmfa n’akwan so bio da.
w18.06 7 ¶16
“M’ahenni Mfi Wiase”
16 Ehia pa ara sɛ yɛyɛ nsakrae a ɛte saa! Bible de nnipa toto ɛpo a ɛrebu fa so ho; ɛpo a entumi nyɛ komm. (Yes. 17:12; 57:20, 21; Adi. 13:1) Amanyɔsɛm hwanyan nnipa, ɛpaapae wɔn mu, na ɛde basabasayɛ a ntease biara nnim ba, nanso yɛn de, yɛwɔ asomdwoe, na baakoyɛ wɔ yɛn mu. Sɛ Yehowa hwɛ sɛnea wiase no mu apaapae, na ohu baakoyɛ a ɛwɔ ne nkurɔfo mu a, n’ani gye pa ara.—Kenkan Sefania 3:17.
w99 10/1 11 ¶4
‘Asomdwoe Bere’ Abɛn!
4 Esiane sɛ Yehowa yɛ “asomdwoe Nyankopɔn” nti, nnipa a wɔdɔ Nyankopɔn na wɔwɔ obu kɛse ma ne trenee nnyinasosɛm nkutoo na wobetumi anya asomdwoe. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ obiara na Yehowa ma no asomdwoe. “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose.” Eyi te saa efisɛ abɔnefo mma Onyankopɔn honhom kronkron aba a ɛne asomdwoe no nkyerɛ wɔn kwan.—Romafo 15:33; Yesaia 57:21; Galatifo 5:22.
Tweetwee Bible Mu
w07 1/15 10 ¶3
Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II
56:6—Henanom ne “ananafo” no, na akwan bɛn so na “wokura [Yehowa apam] mu”? “Ananafo” no ne Yesu “nguan foforo” no. (Yohane 10:16) Wokura apam foforo no mu a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wodi mmara a ɛfa apam no ho so, wɔboa nhyehyɛe ahorow a wɔnam apam no so yɛe, wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no di honhom fam aduan koro, na wɔboa wɔn wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu.
w06 11/1 27 ¶1
Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yɛn Nhyiam A Ɛyɛ Kronkron No
YEHOWA aboaboa ne nkurɔfo a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo ano sɛ wɔnsom no wɔ ne “bepɔw kronkron” no so. Ɔma wɔn ani gye wɔ ne “mpaebɔ fi,” ne honhom fam asɔrefie a ɛyɛ ne ‘mpaebɔ fi ma aman nyinaa’ no mu. (Yesaia 56:7; Marko 11:17) Saa nhyehyɛe yi kyerɛ sɛ Yehowa som korɔn, ɛyɛ kronkron, na ɛho tew. Sɛ yɛkyerɛ obu ma nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛma yetumi hyiam sua ade na yɛsom Yehowa no a, ɛnde na yebu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron.