Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w20 September kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Kristofo Adwene wɔ Tumidi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Onyankopɔn Asomdwoe Nniso No
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • “Anigye Ne Wɔn a Wɔn Abrabɔ Di Mu” Wɔ Yehowa Ani So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
w20 September kr. 31
Mfoni a ɛrekyerɛ Yehowa a ɔte ahabammonobo ahengua so, na n’abɔfodɔm atwa ne ho ahyia. Ahengua no retew gya yerɛwyerɛw.

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 5:8 no, ɛfa nnipa a wodi tumi anaa Yehowa ho?

Saa kyerɛwsɛm yi kenkan sɛ: “Sɛ wuhu sɛ obi hyɛ ohiani so na ɔde atirimɔden kyea n’atemmu wɔ asase bi so a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa; wɔn a wɔkorɔn no, nea ɔyɛ kɛse sen wɔn rehwɛ wɔn, na wɔn a wɔkorɔn no, ebinom nso wɔ hɔ a wɔkorɔn sen wɔn.”—Ɔsɛnk. 5:8.

Nnipa ani so de, ayɛ sɛ kyerɛwsɛm yi reka wɔn a wodi tumi wɔ aban mu ho asɛm. Nanso sɛ yɛhwɛ kyerɛwsɛm no yiye a, ɛma yehu Yehowa ho nokwasɛm bi nso. Ɛsɛ sɛ wei hyɛ yɛn nkuran na ɛka yɛn koma to yɛn yam.

Ɔsɛnkafo 5:8 ka otumfoɔ bi a ɔhyɛ ahiafo so na ɔkyea wɔn atemmu ho asɛm. Ɛsɛ sɛ saa otumfoɔ no kae sɛ ɛbɛyɛ sɛ obi a ɔwɔ aban mu a ɔwɔ tumi sen no rehwɛ nea ɔreyɛ. Saa atumfoɔ yi akyi no, ebia ebinom wɔ hɔ a wɔwɔ tumi sen wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa aban mu no, ebetumi aba sɛ saa atumfoɔ yi nyinaa kɛtɛasehyɛ ne porɔwee ahyɛ wɔn ma, na wei nti ɛma ɔmanfo no hu amane.

Sɛ mpo ayɛ sɛ nea anidaso biara nni hɔ a, yebetumi anya awerɛkyekye efisɛ yenim sɛ Yehowa ‘rehwɛ wɔn a wɔkorɔn’ wɔ nnipa aban mu no. Yebetumi de yɛn asɛm ato Onyankopɔn anim na yɛadan yɛn adesoa ato no so. (Dw. 55:22; Filip. 4:6, 7) Yenim sɛ “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.”—2 Be. 16:9.

Enti Ɔsɛnkafo 5:8 ma yehu nea ɛkɔ so paa wɔ nnipa aban mu; ɛma yehu sɛ bere nyinaa obi wɔ tumi sen obi. Afei nso kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛka obi a ɔwɔ tumi sen obiara a, obiara nto Yehowa efisɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni. Seesei ɔnam ne ba Yesu Kristo a ɔyɛ Ahenni no so Hene redi tumi. Ade nyinaa so Tumfoɔ a ɔrehwɛ yɛn nyinaa no bu atɛntrenee na ɔne obiara di no yiye. Saa ara na ne Ba no nso te.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena