Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 2/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Onyankopɔn De Aban Biako Bɛba Wiase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Onyankopɔn Asomdwoe Nniso No
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 2/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Enti berɛ bi bɛba a wiase nyinaa bɛnya aban baako?

Aban baako aka nnipa a wɔfiri aman nyinaa so abom

Ɛbɛyɛ Dɛn na Wiase Ahennie Atumi Aka Nnipa a Wɔfiri Aman Nyinaa so Abom? Yesaia 32:1, 17; 54:13

Sɛ aban baako na ɛdi wiase nyinaa so a, hwɛ sɛnea anka nnipa bɛnya ahotɔ. Ɛnnɛ ebinom di yie paa, nanso nnipa pii na ohia nti, wɔrehunu amane. Nanso aban a ɛdwene ne manfoɔ ho deɛ, ɛbɛtumi ama obiara nsa aka nea ɔhia. Wohwɛ a nnipa bɛtumi de aban a ɛte saa aba asase so?​—Kenkan Yeremia 10:23.

Ɛfiri tete nyinaa, nnipa aban adi nkoguo. Wɔntumi mmaa wɔn a wɔdi wɔn so no nsa nkaa nea wɔhia; wɔn a wɔn ho taa ka mu paa ne ahiafoɔ. Aban no bi di atirimɔdensɛm. (Ɔsɛnkafoɔ 4:1; 8:9) Nanso adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛma aban bi abɛsi aban a ɛwɔ wiase nyinaa ananmu. Nea ɔbɛdi saa aban no so no bɛhwɛ ne manfoɔ yie paa.​—Kenkan Yesaia 11:4; Daniel 2:44.

Dɛn na Onyankopɔn Ahennie bɛyɛ?

Yehowa Nyankopɔn ayi obi a ɔfata paa sɛ ɔnni wiase so hene. Ne Ba Yesu ne saa Ɔhene no. (Luka 1:31-33) Berɛ a Yesu wɔ asase so no, na ɔtaa boa nkurɔfoɔ. Sɛ ɔbɛdi asase so hene a, ɔbɛka nnipa a wɔfiri aman nyinaa so abom, na ɔbɛyi amanehunu nyinaa afiri wɔn so.​—Kenkan Dwom 72:8, 12-14.

Nnipa nyinaa na wɔbɛgye Yesu atom sɛ Ɔhene anaa? Dabi. Nanso, Yehowa wɔ aboterɛ. (2 Petro 3:9) Wama nnipa anya hokwan a wɔde bɛgye Yesu atom sɛ Ɔhene. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛyi nnipa abɔnefoɔ afiri asase so, na ɔbɛma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa anya asomdwoeɛ ne akomatɔyam.​—Kenkan Mika 4:3, 4.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma yi ti 8. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena