Wopɛ Sɛ ‘Asaase No Yɛ Wo Dea’?
YESU bɔhyɛ yi da yɛn koma so: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.” (Mat. 5:5) Asaase no bɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no dea bere a wɔne Yesu redi ade wɔ soro no. (Adi. 5:10; 20:6) Nokware Kristofo dodow no ara hwɛ kwan sɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea na wɔatena so afebɔɔ. Saa bere no, sintɔ biara befi wɔn ho, na wɔbenya asomdwoe ne anigye. Ansa na saa anidaso no bɛbam korakora no, ebehia sɛ wɔyɛ nnwuma bi a ɛho hia. Ma yensusuw emu mmiɛnsa ho: asaase no a wobɛboa ma ayɛ paradise, wɔn a wɔbenya owusɔre a wobɛboa ama wɔanya baabi atena, ne wɔn a wɔbenyan wɔn a wobɛboa ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn. Afei nso, hwɛ nea wubetumi ayɛ no nnɛ mpo de akyerɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ saa nneɛma no bi daakye.
ASAASE NO A WOBƐBOA MA AYƐ PARADISE
Bere a Yehowa ka kyerɛɛ nnipa sɛ ‘wɔnhyɛ asaase so ma na wɔnnya so tumi’ no, ɔkyerɛe sɛ nkakrankakra asaase no nyinaa bɛdan paradise. (Gen. 1:28) Wɔn a asaase no bɛyɛ wɔn dea no, ɛsɛ sɛ wɔdi saa ahyɛde no so. Mfiase no de, ɛnyɛ paradise na wɔbɛtena, efisɛ Eden turo no nni hɔ bio. Ahyɛase pɛɛ no ara, wɔbenya nnwuma pii ayɛ de asiesie mmeae a asɛe wɔ asaase so no. Ɛbɛyɛ adwumasono paa!
Wei ma yɛkae adwuma a na ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ bere a wɔfi Babilon san baa wɔn kurom no. Ná wɔn asaase no ada mpan mfe 70. Nanso Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa mmoa nti, wɔbetumi ama wɔn asaase no asan asi ne dedaw mu. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ: “Ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.” (Yes. 51:3) Israelfo no tumi yɛɛ saa. Saa ara na Yehowa mmoa nti, wɔn a asaase no bɛyɛ wɔn dea no nso betumi ama asaase no ayɛ paradise. Ɛnnɛ mpo, wubetumi akyerɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no bi.
Ade baako a wubetumi ayɛ ne sɛ, wobɛyɛ nea wubetumi biara ama wo fie ne wo mpɔtam atew kama. Sɛ wɔn a ɛte bɛn wo nni wɔn ho ni mpo a, wo de, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden di wo ho ni. Mo Ahenni Asa ne mo Nhyiam Asa nso, wubetumi akɔboa ma moasiesie hɔ. Sɛ wo tebea bɛma wo kwan a, ebia wubetumi nso atu wo ho ama na sɛ atoyerɛnkyɛm bi si mo mpɔtam hɔ a, woakɔboa. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woayɛ krado sɛ wo nuanom hia mmoa a, wubetu wo ho ama. Bisa wo ho sɛ, ‘Metumi asua adwuma bi a mfaso wɔ so, na sɛ Yehowa dom me ma minya asaase no so tena a, mede aboa anaa?’
WƆN A WƆBENYA OWUSƆRE A WOBƐBOA AMA WƆANYA BAABI ATENA
Yesu nyanee Yairo babea no wiei pɛ na ɔkaa sɛ wɔmma abofra no biribi nni. (Mar. 5:42, 43) Ebia anyɛ den sɛ wɔbɛhwɛ abaayewa a na wadi mfe 12 no. Nanso Yesu bɔhyɛ a ɛne sɛ “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔapue” no, sɛ ɛba mu a, wo de hwɛ adwuma a ɛde bɛba. (Yoh. 5:28, 29) Ɛwom sɛ Bible no nka ɛno ho asɛm nkɔ akyiri, nanso yebetumi de yɛn adwene abu ahu sɛ, wɔn a wɔbenyan wɔn no behia aduan, dabere, ne nea wɔbɛhyɛ. Ɛnnɛ mpo, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ woayɛ krado sɛ wobɛboa? Nsɛmmisa bi a yebetumi asusuw ho na edidi so yi.
Dɛn na wubetumi ayɛ no nnɛ de akyerɛ sɛ wopɛ sɛ asaase no yɛ wo dea?
Sɛ wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔmansin sohwɛfo rebɛsra mo asafo no a, ɛyɛ a woto nsa frɛ no sɛ obetumi abedidi wɔ wo fie anaa? Sɛ wɔde onua bi a na ɔyɛ adwuma wɔ Betel anaa ɔmansin sohwɛfo bi a ne mansin adwuma no aba awiei ba mo asafo mu a, wubetumi aboa no ma wanya baabi atena anaa? Sɛ wɔrebɛyɛ ɔmantam nhyiam anaa nhyiam titiriw bi wɔ mo mpɔtam hɔ a, adwuma a wɔyɛ ansa na nhyiam no afi ase, anaa nea wɔyɛ bere a nhyiam no aba awiei no, wubetumi atu wo ho ama akɔyɛ bi? Anaa wubetumi atu wo ho ama na woama ahɔho a ɛbɛba nhyiam no akwaaba anaa?
WƆN A WƆBENYAN WƆN A WOBƐBOA MA WƆAKYERƐKYERƐ WƆN
Esiane asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 24:15 nti, yɛhwɛ kwan sɛ wɔbenyan nnipa ɔpepepem pii. Wɔn mu pii bɛyɛ nkurɔfo a wɔannya hokwan anhu Yehowa ansa na wɔrewu. Sɛ wɔnyan wɔn a, wɔbɛma wɔanya hokwan de asua Yehowa ho ade.a Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔn ho akokwaw na wɔbɛyɛ saa adwuma no. (Yes. 11:9) Charlotte a waka asɛmpa no wɔ Europe, South America, ne Afrika rehwɛ saa adwuma no kwan. Ɔde anigye ka sɛ: “Mehwɛ kwan sɛ mɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔbenyan wɔn no. Sɛ mekenkan obi a ɔtenaa ase tete no ho ade a, metaa ka no me tirim sɛ: ‘Sɛ anka saa nipa yi huu Yehowa a, anka wammɔ ne bra saa.’ Me ho repere me sɛ mɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔbenyan wɔn no Yehowa ho ade, na maka akyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔsom Yehowa a, wɔn ani begye paa.”
Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase ansa na Yesu reba no, ebehia sɛ wɔsua nneɛma pii. Nkɔmhyɛ a Daniel kyerɛwee a na ɔnte ase no, sɛnea ɛbaa mu no, hwɛ sɛ wode anigye rekyerɛkyerɛ mu akyerɛ no. Ɛbɛyɛ hokwan kɛse! (Dan. 12:8) Anaa hwɛ sɛ woreboa Rut ne Naomi ma wɔahu sɛ wɔn abusua mu na Mesia no fi bae. Nkyerɛkyerɛ adwuma a ɛbɛkɔ so wɔ wiase baabiara no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛyɛ bi! Saa bere no, na nhyɛso ne nneɛma a ɛtwetwe yɛn adwene wɔ wiase bɔne yi mu no nni hɔ bio.
Ɛnnɛ, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wopɛ sɛ woyɛ saa nkyerɛkyerɛ adwuma no bi? Ɔkwan baako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, wobɛbɔ mmɔden ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn, na woayere wo ho ayɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase baabiara no bi. (Mat. 24:14) Sɛ mfe a woadi anaa tebea bi nti, wuntumi nyɛ pii saa bere yi mpo, na woyere wo ho yɛ nea wubetumi biara a, ɛbɛkyerɛ sɛ woayɛ krado sɛ wobɛboa ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn a wɔbenyan wɔn no.
Ɛho hia sɛ wususuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Wopɛ paa sɛ asaase no yɛ wo dea? Worehwɛ kwan sɛ wobɛboa ma asaase no ayɛ paradise, wobɛboa ma wɔn a wɔbenyan wɔn no anya baabi atena, na wɔaboa ama wɔakyerɛkyerɛ wɔn? Ɛnnɛ, nnwuma bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea wobɛyɛ wɔ paradise. Enti hokwan biara a wubenya no, sɛ wode yɛ bi a, ɛbɛkyerɛ sɛ wopɛ paa sɛ asaase no yɛ wo dea!
a Hwɛ asɛm a yɛato din “Wɔboa Nnipa Bebree Ma Wɔbɛyɛ Atreneefo” a ɛwɔ September 2022 Ɔwɛn-Aban mu no.