Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 July kr. 31
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • ‘Asɔrefie Ma Amanaman Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Hokwan a Woanya De Resom Wɔ Yehowa Honhom Fam Asɔrefie No, Ma W’ani Nsɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 July kr. 31
Asɔfo de mmoa rebɔ afɔre wɔ asɔrefie no afɔremuka so.

So Wunim?

Asɔfo a na wɔyɛ adwuma wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no, sɛ wɔkum mmoa a wɔde bɔ afɔre no wie a, na wɔhwie wɔn mogya no gu he?

AFE biara, asɔfo a wɔwɔ tete Israel no, na wɔkum mmoa mpempem pii de wɔn bɔ afɔre wɔ afɔremuka a na ɛwɔ asɔrefie hɔ no so. Tete Yuda abakɔsɛm kyerɛwfo a ne din de Josephus kaa sɛ, edu Twam afahyɛ no a, na wɔkum nguan bɛboro 250,000 de bɔ afɔre. Ná wei ma wɔhwie mogya pii gu. (Lev. 1:​10, 11; Num. 28:​16, 19) Ɛhe na na saa mogya no nyinaa kogu?

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu akã pii wɔ Herode asɔrefie no ase. Wɔde saa akã yi dii dwuma kosii sɛ wɔsɛee asɔrefie no afe 70. Ɛda adi sɛ, saa akã yi bi mu na na mmoa a wɔde bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ no mogya sen fa.

Yɛnhwɛ nneɛma mmienu bi a ɛboa maa afɔremuka no so tewee:

  • Ná ntokuru bi deda afɔremuka no ase: Tete Yudafo no wɔ nhoma bi a wɔkyerɛw no Yesu awo akyi bɛyɛ mfe 200 a wɔato din Mishnah. Wɔn mmara ne wɔn amammerɛ a wɔaboaboa ano na ɛwom. Saa nhoma no ka ɛkã bi a na ɛwɔ afɔremuka no ase ho asɛm. Nhoma no kyerɛ mu sɛ, na ntokuru mmienu deda afɔremuka no ase hɔ baabi. Ná mmoa a wɔde bɔ afɔre no mogya ne nsu a wɔde hohoro mogya no sen fa ntokuru no mu kɔfa ɛkã no mu kopue Kidron Bon no mu.

    “Ntokuru” a ɛdeda afɔremuka no ase a saa tete nhoma no ka ho asɛm no, ɛne nea wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu nnansa yi no hyia. Nhoma bi a ɛka Yudafo abakɔsɛm ho asɛm kyerɛ mu sɛ, wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu akã bi a ɛbɛn asɔrefie no. Mmoa a na wɔde abɔ afɔre no mogya ne nsu a na wɔde hohoro afɔremuka no so no, ɛbɛyɛ sɛ emu na na ɛsen fa.

  • Ná nsu pii wɔ hɔ: Ná asɔfo no hia nsu pii a wɔde bɛhohoro afɔremuka no ase ma ɛhɔ atew, ne ɛkã a na mogya no fa mu no nso, na ama emu atew. Ná asɔfo no nya nsupa fi kurow no mu de yɛ saa adwumasono no. Ná wɔayeyɛ nsuka a nsu no fa mu fi kurow no mu kɔ asɔrefie hɔ; edu hɔ a na akogu mmura ne atare a ɛwowɔ hɔ no mu. Joseph Patrich a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no kaa sɛ: “Nsu ho nhyehyɛe a na ɛma wɔtumi nya nsu pii de hohoro asɔrefie hɔ ma ɛhɔ tew no, saa bere no na biribiara nni hɔ a ɛte saa, na ɛda mu fua.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena