Anuanom a Mo Mfe Akɔ Anim—Mosom Bo Ma Asafo No
“Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi na mekae nneɛma a na kan no mitumi yɛ no a, na ɛyɛ me nwanwa. Nanso seesei onyin nti, mintumi nkɔ mma bio te sɛ kan no.”—Connie, wadi mfe 83.
Ebia wo nso, wode nokwaredi asom Yehowa mfe pii, nanso seesei onyin nti nea na kan wutumi yɛ no, ebia wuntumi nyɛ no saa bio. Wei betumi ama w’abam abu na ama woate nka sɛ wommɔ wo ho mmɔden. Anhwɛ a wode nea wutumi yɛ no seesei bɛtoto nea bere bi na wutumi yɛ no ho. Sɛ saa na wote nka a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so de anigye asom Yehowa?
DƐN NA YEHOWA HWEHWƐ FI WO HƆ?
Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi me hɔ?’ Asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 6:5 no betumi akyekye wo werɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”
Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ, Yehowa pɛ sɛ wode wo koma, wo kra ne w’ahoɔden nyinaa som no. Sɛ wote saa asɛm yi ase a, ɛremma wonhwɛ obi asa so nsa w’asa. Afei nso, nea wutumi yɛ no seesei no, woremfa ntoto nea na kan no wutumi yɛ no ho.
Susuw wei ho hwɛ: Bere a na woyɛ aberante anaa ababaawa no, na wo som te sɛn? Yehowa asomfo dodow no ara bɛka sɛ wɔyeree wɔn ho yɛɛ nea wɔbetumi biara maa Yehowa. Saa ara na wo nso, bere a na wugyina wo nan so no, ebia woyeree wo ho som Yehowa yiye paa. Nea woyɛe no, na ɛno ne nea w’ahoɔden betumi. Frɔmfrɔm nte hɔ daa, enti seesei a nneɛma asesa yi, yenim sɛ wugu so ara rebɔ wo ho mmɔden sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara ama Yehowa. Wususuw nneɛma ho sei a, wubehu sɛ hwee nsesae; seesei nso woreyɛ nea wubetumi biara te sɛ kan no.
Sɛnea woyeree wo ho som Yehowa wo mmerantebere anaa wo mmabaabere mu no, sɛ wobɔ akwakoraa anaa aberewa na wufi wo koma nyinaa mu som Yehowa a, ɛno ara no no; nsonsonoe biara nnim
WO SUAHU BETUMI ABOA AFOFORO
Biribi foforo nso a wubetumi asusuw ho ni: Nka da sɛ, ‘Nea m’atifi adu yi, dɛn koraa na metumi ayɛ?’ Kae sɛ bere a na wusua no, nneɛma bi wɔ hɔ a na wuntumi nyɛ, nanso seesei esiane sɛ woyɛ Kristoni a wo mfe akɔ anim nti wubetumi ayɛ. Ɛho nhwɛso ni:
Wubetumi de osuahu a woanya no aboa afoforo. Yɛnhwɛ nea nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu kae:
Ɔhene Dawid: “Ná meyɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔtreneeni anaasɛ n’asefo srɛsrɛ aduan.”—Dw. 37:25.
Yosua: “Hwɛ! Merebewu, na munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nni hɔ a ɛmmaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo nni hɔ a amma mu.”—Yos. 23:14.
Ebia wusua no, wo nso wokaa asɛm bi a ɛte saa de hyɛɛ obi nkuran. Nanso Dawid ne Yosua de, na wɔde mfe pii na asom Yehowa, na na wɔde wɔn ani ahu no mpɛn pii sɛ Yehowa nni n’asomfo huammɔ, enti yebetumi asua biribi afi nea wɔkae no mu.
Sɛ wode mfe pii na asom Yehowa a, nneɛma a woahu sɛ Yehowa ayɛ ama wo anaa afoforo no, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ wo nuanom Kristofo de ahyɛ wɔn nkuran. Wokae bere bi a wo ara wuhui sɛ Yehowa reboa ne nkurɔfo wɔ ɔkwan soronko bi so? Sɛ saa a, ka ho asɛm kyerɛ afoforo! Sɛnea ɛhyɛɛ wo nkuran no, wɔn nso, ebetumi ahyɛ wɔn nkuran. Nokwasɛm ne sɛ, osuahu a woanya wɔ Yehowa som mu no, sɛ woka ho asɛm kyerɛ anuanom a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran paa.—Rom. 1:11, 12.
Ade foforo a wubetumi ayɛ de ahyɛ anuanom nkuran ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye nko ara de a, wobɛkɔ asafo nhyiam ama anuanom ahu wo. Wokɔ a, wobɛhyɛ anuanom nkuran na wɔn nso ahyɛ wo nkuran. Connie a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Mekɔ adesua a, ɛmma memmotow. Anuanom a atwa me ho ahyia wɔ Ahenni Asa so ne ɔdɔ a wɔyi no adi kyerɛ me no, ɛbɛyɛ dɛn na mabotow? Me nso, mekyɛ wɔn nneɛma nketenkete de kyerɛ nea wɔyɛ ma me no ho anisɔ. Masi me bo sɛ mɛkɔ so ayɛ nea metumi wɔ Yehowa som mu de ahyɛ anuanom nkuran na wɔn nso ahyɛ me nkuran.”
YEHOWA ANI SƆ NOKWAREDI A WODE SOM NO NO
Nnipa pii wɔ Bible mu a, na wɔn tebea ntumi mma wɔnyɛ pii, nanso, na Yehowa dɔ wɔn. Yɛhwɛ Israelni Simeon sei a, wɔwoo Yesu no, na ne mfe akɔ anim. Sɛ ɔkɔ asɔrefie hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ na ohu sɛ mmerante reyɛ adwuma a ɛho hia wɔ hɔ. Na ɔno ara nso ɛ, dɛn na na obetumi ayɛ? Ebia na obetumi anya adwene sɛ sɛnea ne mfe akɔ anim nti, Yehowa de no yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye, efisɛ nnwuma a na mmerante no yɛ no, na ɔrentumi nyɛ bi. Nanso Yehowa de, na ɛnyɛ saa koraa na ohu no. Ohuu Simeon sɛ “onipa trenee a nyamesuro wɔ ne mu,” na ɔma onyaa hokwan huu Yesu bere a na Yesu yɛ abofra no. Anigyesɛm mpo ne sɛ, Yesu a na daakye ɔbɛba abɛyɛ Mesia no, Yehowa maa Simeon hyɛɛ ne ho nkɔm! (Luka 2:25-35) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa anhwɛ Simeon nipadua a na ayɛ mmerɛw no, na mmom ohuu no sɛ ɔbarima a ne gyidi yɛ den, “na honhom kronkron wɔ no so.”
Yehowa hyiraa Simeon ma onyaa hokwan huu Yesu bere a na Yesu yɛ abofra no, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu na ɔbɛba abɛyɛ Mesia no
Wo nso, sɛ biribi nti wuntumi nyɛ pii mpo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa ani sɔ nokwaredi a wode som no no. Yehowa de, afɔrebɔ a ɛsɔ n’ani ne sɛ, ‘obi de nea ɔwɔ bɛma, na ɛnyɛ nea onni.’—2 Kor. 8:12.
Enti, fa w’adwene si nea wubetumi ayɛ so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, asɛnka adwuma no afa biara a w’ahoɔden betumi ama woayɛ bi no, sɛ bere tiaa bi mpo na wode bɛyɛ a, yere wo ho yɛ. Afei nso, wubetumi afrɛ anuanom wɔ fon so ahyɛ wɔn nkuran. Wubetumi nso akyerɛw nkuranhyɛsɛm agu kaad so akɔma wɔn. Sɛ Yehowa somfo bi yɛ nneɛma nketenkete a ɛte saa de kyerɛ sɛ ɔdɔ anuanom a, ɛka wɔn koma paa, ɛnkanka sɛ onii no de mfe pii asom Yehowa a.
Ɛmfa ho sɛ mo ahoɔden so atew anaa moyare no, mubetumi afi mo koma nyinaa mu asom Yehowa. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a ofi Afrika Apuei suahu; ɛwɔ adaka a yɛato din, “Egyee No Nkwa” no mu.
Nokwaredi a wode asom Yehowa mfe pii a wunnyaee no, kae sɛ ebetumi ahyɛ afoforo nkuran. W’animia ne wo mmɔdenbɔ no, afoforo betumi ahwɛ asuasua, na wubetumi anya awerɛhyem sɛ ‘Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi w’adwuma ne sɛnea woasom akronkronfo na woda so som wɔn de kyerɛ sɛ wodɔ ne din no.’—Heb. 6:10.
KƆ SO ARA YƐ NEA WUBETUMI BIARA
Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔboa afoforo no, wɔn mu bebree wɔ apɔwmuden, wɔtumi dwen yiye na wɔnyin kyɛ nso.
Ɛwom, woyɛ nneɛma pa ma afoforo a, ɛrentumi nyi ɔhaw a mpanyinyɛ de ba no nyinaa mfi hɔ. Mpanyinyɛ ne owu de, bɔne a yenya fii Adam hɔ no na ɛde ba. Ɛno nso de, Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ayi afi hɔ.—Rom. 5:12.
Seesei mpo, Yehowa apɛde a woreyɛ ne boa a woreboa afoforo ma wɔabehu no no, ɛma wokaakae anidaso a wowɔ no, na ebetumi mpo aboa wo ama wo mpɔw mu ayɛ den. Anuanom a mo mfe akɔ anim, yɛsrɛ mo, monkae sɛ biribiara a moyɛ de som Yehowa no, ɛsom bo ma no paa, na asafo no nso ani sɔ mo gyidi ne mo nokwaredi no.