Emu Nsɛm
January 15, 2015
© 2015 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
NEA ADESUA NSƐM WOM
MARCH 2-8, 2015
MARCH 9-15, 2015
Awurade Anwummeduane No—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
MARCH 16-22, 2015
Ma W’awareɛ Nnyina na Emu Nyɛ Anika
KRATAFA 15 • NNWOM: 36, 51
MARCH 23-29, 2015
Ma Yehowa Nhyɛ W’awareɛ Mu Den na Ɔmmɔ Ho Ban
KRATAFA 21 • NNWOM: 87, 50
MARCH 30, 2015–APRIL 5, 2015
Ɔdɔ Kann To Ntwa Da—Ɛyɛ Ampa?
KRATAFA 27 • NNWOM: 72, 63
ADESUA NSƐM
▪ Da Yehowa Ase na Nya Nhyira
Sɛ yɛdwendwene nhyira a yɛanya ho na yɛda Yehowa ase a, yɛbɛtumi akyerɛ anisɔ daa. Sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa a, ɛremma yɛnyɛ bonniayɛ, na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano. Afe 2015 afe asɛm no bɛma yɛakae wei afe mũ no nyinaa.
▪ Awurade Anwummeduane No—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
Adesua yi kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yesu wuo Nkaedie no. Ɛbɛma yɛahu nea paanoo ne bobesa no kyerɛ. Bio, ɛbɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ ɔdi paanoo no na ɔnom bobesa no bi. Afei nso ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛsiesie yɛn ho ama Awurade Anwummeduane no.
▪ Ma W’awareɛ Nnyina na Emu Nyɛ Anika
▪ Ma Yehowa Nhyɛ W’awareɛ Mu Den na Ɔmmɔ Ho Ban
Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere bɔ wɔn awareɛ ho ban na Satan wiase mu haw ne sɔhwɛ ahodoɔ annya wɔn. Yehowa bɛtumi aboa awarefoɔ ma wɔn awareɛ asɔ na ayɛ dɛ. Adesua a ɛdi kan no bɛma yɛahu nneɛma nnum a ɛbɛma awareɛ ayɛ den na agyina. Adesua a ɛtɔ so mmienu no bɛma yɛahu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn awareɛ ho ban.
▪ Ɔdɔ Kann To Ntwa Da—Ɛyɛ Ampa?
Sɛ ɔdɔ kann wɔ ɔbarima ne ɔbaa ntam a, ɛkyerɛ sɛn? Ɔdɔ kann to ntwa da—ɛyɛ ampa? Ɔkwan bɛn so na yɛda ɔdɔ kann adi? Hwɛ nea Solomon Dwom no ma yɛhu fa ɔdɔ kann a ɛto ntwa da ho.
ANIM: Wɔredi adanseɛ wɔ Grindelwald; Bernese Alps bepɔ na ɛgu akyire no
SWITZERLAND
NNIPA DODOƆ
7,876,000
ADAWURUBƆFOƆ
18,646
NNIPA DODOƆ A WƆKƆƆ NKAEDIE (2013)
31,980