Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 193
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Daniel Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Daniel Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Na Daniel yɛ onipa bɛn?
  • Daniel—Nhoma a Wɔredi N’asɛm
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Bere a Yehowa Maa Ahempɔn Suaa Biribi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 193
Odiyifo Daniel rebɔ Onyankopɔn mpae wɔ gyata amena mu.

Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Daniel Ho?

Nea Bible ka

Bɛyɛ mfe 700 ansa na wɔrewo Yesu no, na Daniel yɛ odiyifo mmɔdenbɔfo a ɔwɔ Yuda. Onyankopɔn maa no tumi a na ɔtumi de kyerɛ dae ase. Afei nso ɔmaa onyaa anisoadehu faa nneɛma a na ebesisi daakye ho. Onyankopɔn san maa Daniel kyerɛw Bible mu nhoma a ne din Daniel da so no.—Daniel 1:17; 2:19.

Na Daniel yɛ onipa bɛn?

Yuda ahemman no mu na Daniel nyinii. Ná ɛyɛ ahemman a n’ahenkurow ne Yerusalem; ɛhɔ na na Yudafo asɔrefie no nso wɔ. Afe 617 ansa na Yesu reba no, Babilon hene Nebukadnesar bɛtow hyɛɛ Yerusalem kurow no so, na ɔde “asaase no so atitiriw” kɔɔ Babilon. (2 Ahene 24:15; Daniel 1:1) Wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no, na Daniel ka ho. Saa bere no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔda so ara yɛ ɔbaabun.

Asraafo de Daniel ne mmerante bi rekɔ Babilon hene ahemfie.

Wɔde Daniel ne mmerante bi kɔɔ Babilon ahemfie sɛ wɔnkɔtete wɔn mma wɔmmɛyɛ adwuma wɔ ahemfie hɔ. Ná Sadrak, Mesak, ne Abednego ka ho. Ɛwom, ahemfie mpanyimfo no hyɛɛ Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no sɛ wɔnyɛ biribi a ɛbɛto wɔn Nyankopɔn mmara, nanso wɔde wɔn nan sii fam dii Yehowa wɔn Nyankopɔn no nokware. (Daniel 1:3-8) Bere a wɔtetee wɔn mfe mmiɛnsa wiei no, Ɔhene Nebukadnesar kamfoo wɔn. Ohui sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhumu “boro akɔmfo ne nkonyaayifo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu no nyinaa de so mpɛn du.” Ɔhene no ma wɔsomee wɔ ahemfie hɔ.—Daniel 1:18-20.

Mfe pii akyi no, ɔhene bi a wɔfrɛ no Belsasar bedii Babilon so. Da bi, nsa bi bɛkyerɛw biribi guu ban ho wɔ n’ahemfie, na na ɛyɛ hu paa, enti ɔfrɛɛ Daniel sɛ ɔmmɛkyerɛ ase. Saa bere no, na Daniel adi bɛyɛ mfe 90. Onyankopɔn boaa Daniel ma ɔtee nkyerɛwee no ase, enti Daniel ma wɔhui sɛ Babilon ahenni no bɛkɔ akodi Media ne Persia Ahemman no nsam. Saa anadwo no ara na Mediafo ne Persiafo bɛko faa Babilon.—Daniel 5:1, 13-31.

Daniel rekyerɛ nkyerɛwee bi a egu ban ho ase.

Bere a Media ne Persia Ahemman no bedii Babilon so no, wɔmaa Daniel bɛyɛɛ ahemfie panyin. Ɔhene Dario yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma no dibea kɛse paa wɔ ahenni no mu. (Daniel 6:1-3) Ná ahemfie mpanyimfo no bi ani bere Daniel, enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbekum no; wɔmaa wɔde no kɔtoo gyata amena mu, nanso Yehowa twitwa gyee no. (Daniel 6:4-23) Aka kakra ama Daniel awu no, ɔbɔfo bi baa ne nkyɛn mprenu bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ ɔbarima a wosom bo paa.” Saa asɛm yi kyekyee Daniel werɛ.—Daniel 10:11, 19.

Saa nsɛm yi, yɛayɛ ho video a wubetumi ahwɛ. Ɛyɛ Bible drama a ɛwɔ afã mmienu. Yɛato din: Daniel—Ɔbarima a Na Ɔwɔ Gyidi.

Nea abakɔsɛm ma yehu fa Bible mu nhoma a Daniel kyerɛwee no ho.

Daniel bɔɔ amanneɛ sɛ: Nebukadnesar yɛɛ ohoni tenten kɛse bi, na ɔhyɛɛ ne manfo nyinaa sɛ wɔnkotow ohoni no, na wɔn a wɔanyɛ saa no, ɔtoo wɔn guu fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu.—Daniel 3:1-6.

Nea abakɔsɛm ma yehu: Nebukadnesar sisii adan, yeyɛɛ nneɛma akɛseakɛse wɔ Babilon. Encyclopædia Britannica bɔ amanneɛ sɛ, nneɛma akɛseakɛse a Nebukadnesar yɛe no, “ɛnyɛ sɛ na ɔde rehyɛ ne ho anuonyam kɛkɛ oo, mmom na ɔde rehyɛ n’anyame nso anuonyam.” Nhoma no de kaa ho sɛ, “Nebukadnesar kaa sɛ, ‘ɛyɛ ɔno na ɔmaa nkurɔfo no suroo anyame akɛse no.’”

Kyerɛwtohɔ ahorow a Babilonfo no yɛe ma yehu sɛ, akwan a na wɔfa so kum nkurɔfo no, ebi ne sɛ wɔbɛhyew wɔn wɔ fononoo mu. Kyerɛwtohɔ no ka wei ho asɛm mpɛn pii. Ɛka mpo sɛ, ɛtɔ da a, na ɛyɛ wɔn a wɔdi ade no na ɛma wɔhyew nkurɔfo. Asotwe a na wɔde ma ahemfie mpanyimfo a wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔabu Babilon anyame no animtiaa no, tete kyerɛwtohɔ bi a wɔyɛe wɔ Nebukadnesar bere so kyerɛkyerɛɛ mu. Ɛka sɛ: “Sɛe wɔn, hyew wɔn, toto wɔn, . . . wɔ fononoo mu . . . ma wɔn wusiw nkɔ soro, na ma ogya a ano yɛ den no nkunkum wɔn.”a

Daniel kyerɛwee sɛ: Ɔhene Nebukadnesar de adan a osisii ne nneɛma akɛseakɛse a ɔyɛe no tuu ne ho.—Daniel 4:29, 30.

Birikisi bi a wɔatutu fam akohu wɔ Babilon a Nebukadnesar din wɔ so

Nea abakɔsɛm ma yehu: “Nsɛm a Nebukadnesar kyerɛw faa ɔno ara ne ho no ma yehu sɛ . . . na ogye ne ho di sɛ ɔyɛ ɔhene a ɔtene, na ɔsan wɔ tumi.”b Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nkyerɛwee bi a egu ɔdan bi ho ka sɛ Nebukadnesar dwaa n’anom sɛ: “Mede kootaa ne birikisi sii ɔfasu a ɛte sɛ bepɔw a obiara ntumi nnwiriw ngu . . . Esagila ne Babilon abannennen no, mehyɛɛ mu den sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛkae m’ahenni afebɔɔ.”c Birikisi a wɔtutuu fam kɔhui wɔ Babilon no, bebree wɔ hɔ a na Nebukadnesar din wɔ so.

Daniel kyerɛwee sɛ: Ɔhene Belsasar bedii ade wɔ Babilon no, ɔkae sɛ ɔbɛma Daniel ayɛ “nea ɔto so abiɛsa a obedi tumi wɔ ahenni yi mu.”—Daniel 5:1, 13-16.

Ade bi a wɔde dɔte ayɛ a wɔfrɛ no cuneiform; wɔyɛɛ no afe 550 ansa na Yesu reba. Wɔakyerɛw Ɔhene Nabonido ne ne ba Belsasar din wɔ so

Nea abakɔsɛm ma yehu: Nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Daniel ti 5 no, bere a wɔkyerɛwee no, ɔbarima bi a ne din de Nabonido na na odi ade wɔ Babilon. Bere a Nabonido dii ade no, na ɔntaa ntena Babilon koraa; Arabia mmom na na ɔtaa tena. Enti onni Babilon hɔ a, hena na na osi n’ananmu? Raymond Philip Dougherty a ɔkyerɛw abakɔsɛm kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Kyerɛwtohɔ bi a akyɛ paa kyerɛ sɛ Nabonido de ahenni no hyɛɛ ne ba barima panyin a ne din de Belsasar nsa. Belsasar na esii ne papa a na ɔyɛ ɔhene no ananmu yɛɛ nnwuma a na ɛsɛ sɛ ɔhene yɛ.” (Nabonidus and Belshazzar) Esiane sɛ na Nabonido yɛ ɔhene, na Belsasar yɛ n’abadiakyiri nti na Belsasar kaa sɛ ɔbɛma Daniel abɛyɛ obi a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ n’ahenni mu no.

a Journal of Biblical Literature, Ɔfã 128, Nea Ɛtɔ So 2, nkratafa 279, ne 284.

b Babylon—City of Wonders nhoma a Irving Finkel ne Michael Seymour kyerɛwee, kratafa 17.

c Archæology and the Bible nhoma a George Barton kyerɛwee, kratafa 479.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena