Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 26
  • Enti Mebɔ Mpae a, Onyankopɔn Bɛboa Me?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Enti Mebɔ Mpae a, Onyankopɔn Bɛboa Me?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Fa Wo Dadwen Ne Haw To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Yehowa Tie Yɛn?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Onyankopɔn Tie Yɛn Mpaebɔ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 26

Enti Mebɔ Mpae a, Onyankopɔn Bɛboa Me?

Nea Bible ka

Aane, wɔn a wɔyi wɔn yam bisa nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia no, ɔboa wɔn. Sɛ wommɔɔ mpae da mpo a, nhwɛso bebree wɔ Bible mu a ɛbɛtumi aboa wo. Nea ebinom kae ne sɛ, ‘Onyankopɔn, boa me.’ Saa mpaebɔ no bɛtumi ahyɛ wo nkuran. Ebi na ɛdidi so yi:

  • “O Yehowa, me Nyankopɔn, boa me; gye me sɛnea w’adɔe te.”​—Dwom 109:26.

  • “Meyɛ mmɔborɔni ne ohiani: O Nyankopɔn, boa me.”​—Dwom 69:6, Douay Version.

Ampa, onipa a ɔkyerɛw saa nsɛm no, na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi paa. Nanso Onyankopɔn tie wɔn a wɔde koma pa ba n’anim nyinaa. Ebi ne nnipa a wɔn “koma abubu” anaa “wɔn honhom abotow.”​—Dwom 34:18.

Mɛnnya adwene sɛ Onyankopɔn ne wo ntam ware na ɔhaw a worehyia no nyɛ no asɛm. Bible ka sɛ: “Yehowa korɔn, nanso ohu ɔhobrɛasefo; ɔhantanni de, ohu no wɔ akyirikyiri.” (Dwom 138:6) Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mo ti so nhwi koraa wakan.” (Mateo 10:30) Onyankopɔn nim wo sen wo ankasa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde adɛn nti na biribi hyɛ wo so na wobɔ mpae bisa ne hɔ mmoa a, ɔrentie. Ɔbɛtie wo dodo!​—1 Petro 5:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena