Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 29
  • Eye Sɛ Mebɔ Ahotefo Mpae Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Eye Sɛ Mebɔ Ahotefo Mpae Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Eye sɛ Yɛbɛbɔ Ahotefo Mpae Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔkwan Bɛn So na Nokware Ahotefo Betumi Aboa Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yesu ne Obi a Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ no Mpaeɛ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 29

Eye Sɛ Mebɔ Ahotefo Mpae Anaa?

Nea Bible ka

Dabi. Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ Yesu din mu. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9, Akuapem Twi Bible) Yesu anka ankyerɛ n’asuafo da sɛ wɔmmɔ ahotefo, abɔfo, anaa obi foforo biara mpae. Mmom no, ɔkaa sɛ Onyankopɔn nkutoo na wɔmmɔ no mpae.

Yesu san ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6, Akuapem Twi Bible) Yesu nko ara na Onyankopɔn ama no kwan sɛ onnyina yɛn ananmu nsrɛ mma yɛn.​—Hebrifo 7:25.

Sɛ mebɔ Onyankopɔn mpae na mesan bɔ ahotefo mpae nso ɛ?

Onyankopɔn kaa wɔ Mmara Nsɛm Du no baako mu sɛ: “Me, Awurade wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo.” (Exodus 20:5, Akuapem Twi Bible) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn yɛ “ninkufo”? Ase hɔ asɛm a ɛwɔ New American Bible mu no kyerɛ mu sɛ, Onyankopɔn pɛ “ɔsom a wɔde ma ɔno nkutoo.” Sɛ ɛba ɔsom ne mpaebɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde ma ɔno nkutoo.​—Yesaia 48:11.

Sɛ yɛbɔ ahotefo, abɔfo kronkron anaa obi foforo biara mpae a, ɛhyɛ Onyankopɔn abufuw. Bere bi, ɔsomafo Yohane yɛe sɛ ɔresom ɔbɔfo bi. Ɔbɔfo no ampene. Mmom no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi: kotow Nyankopɔn!”​—Adiyisɛm 19:10, Akuapem Twi Bible.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena