Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 27
  • Adɛn Nti Na Minni Adamfo Biara?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Minni Adamfo Biara?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ankonamyɛ ho sɔhwɛ
  • Adamfofa ne ankonamyɛ ho nokwasɛm
  • Sɛnea wubedi ɔhaw no so
  • Ɛmma Ankonamyɛ Nnsɛe W’asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛnea Wobɛdi Ankonamyɛ So
    Nyan!—2015
  • Dɛn Nti na Nnipa Pii Ayɛ Ankonam?
    Nyan!—2004
  • Ankonamyɛ Ano a Yebegyina
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 27
Ababaa bi a ɔte nka sɛ wayɛ ankonam

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Minni Adamfo Biara?

Wowɔ intanɛt so rehwɛ mfoni bi a nkurɔfo twae wɔ apontow bi ase nnansa yi ara. Wuhu wo nnamfo nyinaa wɔ mfoni no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔregye wɔn ani ankasa. Nanso wohwɛ mu a ɛte sɛ nea biribi ayera wɔ mfoni no mu no. Wosan hwɛ no yiye na wuhu sɛ, sɛɛ na obi mmom na onni mu. Ɛnde ɛbɛyɛ hena? Ɛnyɛ obiara sɛ wo!

Afei wubisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti na wɔanto nsa amfrɛ me?’

Wudwen ho a, wunhu nea enti a wɔanto nsa amfrɛ wo, na wei ma wo bo fuw. Wote nka sɛ wo nnamfo no ayi wo baako ahyɛ wo nsa! Ɛte sɛ nea mo adamfofa no akɔyɛ sɛ woaforo dua akodu soro na wo nnamfo abeyi antweri no. Afei de woaka nsensɛnmu! Woto w’ani a, ɛntɔ obiara anim. Enti wubisa wo ho sɛ, ‘Adɛn nti na minni adamfo biara?’

  • Ankonamyɛ ho sɔhwɛ

  • Adamfofa ne ankonamyɛ ho nokwasɛm

  • Sɛnea wubedi ɔhaw no so

  • Nea w’atipɛnfo ka

  • Sɛnea wubedi adamfofa ho suro so

Ankonamyɛ ho sɔhwɛ

Ampa anaa Atoro

  1. Wowɔ nnamfo bebree a, worenyɛ ankonam da.

  2. Wode sohyial nɛtwɛk di adwuma a, worenyɛ ankonam da.

  3. Wode text message pii menamena afoforo a, worenyɛ ankonam da.

  4. Woyɛ nneɛma de boa afoforo a, worenyɛ ankonam da.

Nsɛm nnan no nyinaa ho mmuae yɛ atoro.

Adɛn ntia?

Adamfofa ne ankonamyɛ ho nokwasɛm

  • Sɛ wowɔ nnamfo bebree a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ worenyɛ ankonam da.

    “Midwen me nnamfo ho, nanso ɛtɔ mmere bi a, mete nka sɛ wɔn de wonnwen me ho saa. Sɛ nnamfo pii atwa wo ho ahyia nanso ɛte sɛ nea wo ho nhia wɔn mu biara, na wɔnnɔ wo sɛnea wodɔ wɔn no a, saa bere no na wubetumi ate nka pa ara sɛ woayɛ ankonam.”​—Anne.

  • Wode sohyial nɛtwɛk di adwuma a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ worenyɛ ankonam da.

    “Ebinom sesaw nnamfo bɔ so te sɛ nea wɔresesaw abaduaba de akosiesie wɔn dan mu no. Sɛ wowɔ abaduaba pii wɔ wo dan mu a, ɛno bɛma woate nka sɛ abaduaba no dɔ wo anaa? Dabida! Sɛ wunni nnamfo pa a, nyɛ w’adwene sɛ intanɛt so nnamfo betumi aboa wo. Wɔte sɛ abaduaba a nkwa biara nni mu.”​—Elaine.

  • Wode text message pii menamena afoforo a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ worenyɛ ankonam da.

    “Ɛtɔ mmere bi na wote nka sɛ woayɛ ankonam a, wohwɛ wo mobal fon so mpɛn pii sɛ ebia wo nnamfo asɛnde wo biribi anaa. Na sɛ wuhu sɛ obiara nyɛɛ n’adwene sɛ ɔne wo bedi nkitaho a, na biribi reyɛ ayɛ wo!”​—Serena.

  • Woyɛ nneɛma boa afoforo a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ worenyɛ ankonam da.

    “Mpɛn pii no mebɔ mmɔden sɛ mɛkyɛ me nnamfo ade nanso mihu sɛ wɔn de wɔnyɛ me saa. Ɛwom, minnuu me ho sɛ mekyɛ wɔn ade, nanso ɛyɛ me nwonwa kakra sɛ wɔnkyɛɛ me biribiara mfa nkyerɛɛ nea meyɛ no ho anisɔ da.”​—Richard.

Nea yɛreka akosi: Yɛbɛka pa ara a, adwene no na ɛma obi te nka sɛ wayɛ ankonam. Ababaa bi a ne din de Jeanette ka sɛ: “Wo ara na wote nka saa, na emfi afoforo.”

Sɛ wote nka sɛ wunni adamfo biara anaa woayɛ ankonam a, dɛn na wobɛyɛ?

Sɛnea wubedi ɔhaw no so

Ababaa bi a ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee

Mmu wo ho abomfiaa.

“Wote nka sɛ obiara nnwen wo ho a, ebetumi ama woayɛ ankonam. Sɛ ɛyɛ wo sɛ w’asɛm mfa obiara ho a, ɛbɛyɛ den sɛ wubebue wo komam ahwehwɛ nnamfo.”​—Jeanette.

Bible ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” (Galatifo 5:14) Sɛ yebenya nnamfo pa a, ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛsom bo, nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛsen afoforo.​—Galatifo 6:3, 4.

Aberante bi resu ne ho mmɔbɔ

Kwati sɛ wubesu wo ho mmɔbɔ.

“Ankonamyɛ akɔyɛ sɛ anwea anaa atɛkyɛ a obi gyina mu a etumi didi n’ase ma ɔmem. Dodow a wumunumunum wɔ mu no, dodow no ara na ɛbɛyɛ den sɛ wubepue afi mu. Sɛ woma ankonamyɛ ho adwinnwen bɛtɔ wo so na daa wusu wo ho mmɔbɔ a, obiara ani rennye ho sɛ ɔbɛbɛn wo; ɛno mmom bɛma w’ankonamyɛ no ayɛ kɛse.”​—Erin.

Bible ka sɛ: ‘Ɔdɔ . . . nhwehwɛ nea n’ankasa hia.’ (1 Korintofo 13:​4, 5) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛde yɛn adwene si nea yɛn nko ara hia so a, ɛremma yɛn yam nhyehye yɛn mma afoforo. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ den sɛ yebenya nnamfo. (2 Korintofo 12:15) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wugyina sɛnea afoforo yɛ wɔn ade so na ɛkyerɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma wo a, ɛnde wubedi nkogu kẽ! Sɛ wotaa keka nsɛm te sɛ “Obiara mfrɛ me” anaa “Obiara nto nsa mfrɛ me nkɔ baabiara” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ w’ani begye a egyina afoforo so. Wunhu sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma nkurɔfo anya wo so tumi dodo anaa?

Aberante bi mpɛ sɛ ɔnom sigaret

Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ wofa no adamfo.

“Nnipa a wɔayɛ ankonam pɛ sɛ afoforo nya bere ma wɔn. Enti nkakrankakra ebedu baabi no, obiara a obeyi ne ti no, sɛ ɔte sɛn oo, sɛ ɔte sɛn oo, ɛnyɛ ɛhɔ koraa na wɔhwɛ. Nea wɔpɛ ara ne sɛ afoforo begye wɔn atom. Nanso ebinom betumi ama woate nka sɛ w’asɛm yɛ wɔn asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi wo ho anaa wɔde wo bɛyɛ nea wɔpɛ. Wɔyɛ wo saa a, afei wobɛte nka sɛ wotenaa wo baabi koraa a anka eye.”​—Brianne

Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmebusɛm 13:20) Sɛ ɔkɔm de obi a, nea ne nsa bɛka biara odi no saa ara. Saa ara na sɛ obi repɛ adamfo denneennen a, anhwɛ a ɔbɛpaw obiara kɛkɛ sɛ n’adamfo. Obi a ɔte saa no, nkurɔfo betumi adaadaa no ayɛ no nea wɔpɛ biara. Ɛba saa a, obetumi asusuw sɛ saa ara na adamfofa biara te; papa biara nni hɔ.

Awiei Nsɛm: Nnipa binom tumi te nka sɛ wɔayɛ ankonam pa ara; afoforo nso, wɔnte nka pii saa. Ne nyinaa mu no, ɛwom ara a, obiara tumi te nka sɛ wayɛ ankonam. Ankonamyɛ betumi ama obi ate nka sɛ wabubu koraa, nanso nokwasɛm a ɛwom ne sɛ ankonamyɛ yɛ atenka kɛkɛ​—ɛno ara ne no. Mpɛn pii no, nea yedwen ho na ɛde atenka no ba. Nea yedwen ho nso de, yebetumi ayɛ ho biribi.

Nhwehwɛ nea ɛboro so mfi afoforo hɔ. Jeanette a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ adamfo pa akosi awiei. Bere rekɔ so no, wubenya nnipa a wodwen wo ho. Sɛ wuhu sɛ obi dwen wo ho a, ɛno ara na ehia na ama woadi ankonamyɛ so.”

Wuhia mmoa pii anaa? Kenkan “Sɛnea Wubedi Adamfofa Ho Suro So.” Wubetumi nso atwe dwumadi krataa a yɛato din: “Sɛnea wubegyina ankonamyɛ ano” no bi.

NEA W’ATIPƐNFO KA

Vanessa

“Wote nka sɛ woayɛ ankonam a, ka ho asɛm kyerɛ obi. Mfa sɛnea wote nka nsie. Wobɛhwɛ koraa no, ebia nnipa pii a wunim wɔn nso te nka sɛ wo ara. Ɛtɔ mmere bi a, nea wuhia ara ne adamfo baako pɛ bi a ɔbɛte w’ase.”​—Vanessa.

Taylor

“Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ wobɔ afoforo sobo bere a woayɛ ankonam. Ɛtɔ mmere bi a, wobɛhwɛ na wo mmom na woatwe wo ho afi w’adamfo bi ho. Enti yɛ nea wubetumi fa hyɛ adamfofa no mu kena bio. Sɛ ɛno anyɛ yiye a, hwehwɛ nnamfo foforo. Ebetumi ayɛ obi a wommɔɔ mmɔden sɛ wobɛfa no adamfo da.”​—Taylor.

Sɛnea Wubedi Adamfofa Ho Suro So

“M’adamfo bi te nka sɛ ankonamyɛ abɛtena ne so. Ɛwom sɛ nnipa a wodwen ne ho pii atwa ne ho ahyia de, nanso ɔda so ara te nka sɛ obiara nnwen ne ho na obiara nso nnɔ no. Ɔyɛ n’ade te sɛ nea hwee nhaw no, enti ɛmma obiara nhu sɛ wayɛ ankonam. Misusuw sɛ sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ nnipa ani so no nti na onni nnamfo no. Nkurɔfo pii te nka sɛ ɔmpɛ nnipa. Enti wɔn a wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhwehwɛ mu ahu sɛnea ɔte pa ara no, wohu no saa a na wɔatwe wɔn ho.

“M’adamfo yi nso te nka sɛ, sɛ ɔfa obi adamfo a, onii no bɛyɛ biribi a ɛbɛhaw no. Enti sɛ ebinom mpo pɛ sɛ wɔbɛn no na wohu no yiye a, osusuw sɛ wonni adwempa. Ɛtɔ da nso a, ɔfa no sɛ ɔkwan biara so adamfofa no renyɛ yiye. Nnipa pii nnim sɛ saa na ɔte, enti wɔnte n’ase, na wei ma ɔte nka sɛ wayɛ ankonam. Ɔno nso nka n’asɛm nkyerɛ wɔn.

“Ɛsɛ sɛ m’adamfo no hu sɛ, sɛ wopɛ sɛ obi te w’ase na ɔfa wo adamfo a, ɛsɛ sɛ woka w’asɛm kyerɛ no, na ɔno nso ka ne de kyerɛ wo. Wei bɛma ayɛ mmerɛw ama mo sɛ mobɛfa adamfo. Mehwɛ kwan sɛ m’adamfo no bedwen nneɛma ho akɔ akyiri, na wahu sɛnea obedi adamfofa ho suro so.”​—Elaine.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena