Adiyisɛm Nhoma No—Emu Nsɛm No Kyerɛ Sɛn?
Nea Bible ka
Adiyisɛm nhoma no, Greek kasa mu wɔfrɛ no A·po·kaʹly·psis. Nea ɛkyerɛ ne sɛ “Worebue Biribi So” anaa “Woreyi Biribi Adi.” Wei ma yehu nea enti a wɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no. Ɛne sɛ, nsɛm bi a asie no, ebue so kyerɛ yɛn. Afei nso, nkɔmhyɛ bebree wom. Ebi aba mu dedaw; bebree nso bɛba mu daakye.
Adiyisɛm Nhoma No, N’apɔ So N’apɔ So
Nnianim nsɛm.—Adiyisɛm 1:1-9.
Nsɛm a Yesu de kɔmaa nsafo nson no.—Adiyisɛm 1:10–3:22.
Onyankopɔn a ɔte n’ahengua so wɔ soro ho anisoadehu.—Adiyisɛm 4:1-11.
Anisoadehu ahorow bi; baako si a, na foforo di so:
Ahyɛnsode nson.—Adiyisɛm 5:1–8:6.
Ntorobɛnto nson; mmiɛnsa a etwa to no, sɛ wɔhyɛn baako biara a, na mmusu di so.—Adiyisɛm 8:7–14:20.
Nkyɛnsee nson; emu biara ɔhaw wom. Ɔhaw biara gyina hɔ ma atemmu a Onyankopɔn de reba asaase so.—Adiyisɛm 15:1–16:21.
Anisoadehu ahorow bi; ɛma yehu sɛnea wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo.—Adiyisɛm 17:1–20:10.
Anisoadehu ahorow bi; ɛma yehu nhyira a Onyankopɔn de bɛba ɔsoro ne asaase so.—Adiyisɛm 20:11–22:5.
Awiei nsɛm.—Adiyisɛm 22:6-21.
Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛate Adiyisɛm nhoma no ase
Ma ɛntena wo tirim sɛ, wɔn a wɔsom Onyankopɔn no, nhoma no mu nsɛm yɛ anigyesɛm ma wɔn. Emu nsɛm no mmɔ wɔn hu. Nnipa pii ka sɛ, Adiyisɛm nhoma no de, amanehunu ne mmusu nko ara na ɛwom. Nanso wohwɛ nhoma no ahyɛase pɛɛ ne n’awiei a, ɛka sɛ wɔn a wɔkenkan, na wɔte ase, na wɔde emu nsɛm bɔ wɔn bra no, wɔn ani begye sɛ wɔreyɛ saa.—Adiyisɛm 1:3; 22:7.
Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm no, bebree yɛ “nsɛnkyerɛnne,” kyerɛ sɛ yɛkan a, ɛnsɛ sɛ yɛfa no traa.—Adiyisɛm 1:1.
Wɔn a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu, ne nneɛma bi a nhoma no de yɛ nsɛnkyerɛnne no, Bible mu nhoma no bi adi kan aka ho asɛm dedaw. Ebi na edidi so yi:
Yehowa—ɔno ne ‘nokware Nyankopɔn a ɔwɔ soro’ no; ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.—Deuteronomium 4:39; Dwom 103:19; Adiyisɛm 4:11; 15:3.
Yesu Kristo—ɔno ne “Onyankopɔn Guammaa no.”—Yohane 1:29; Adiyisɛm 5:6; 14:1.
Satan Ɔbonsam—ɔno ne Onyankopɔn tamfo no.—Genesis 3:14, 15; Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9.
Babylon Kɛse—ɛyɛ kuw bi a ɛsɔre tia Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo, na ɛhɔ na atoro nkyerɛkyerɛ nyinaa fi. Saa na na tete kurow Babilon (anaa Babel) te.—Genesis 11:2-9; Yesaia 13:1, 11; Adiyisɛm 17:4-6; 18:4, 20.
‘Ɛpo’—ɛyɛ nnipa abɔnefo a wɔsɔre tia Onyankopɔn.—Yesaia 57:20; Adiyisɛm 13:1; 21:1.
Nneɛma bi a nhoma no bobɔ din no, wohwɛ ntamadan a na Onyankopɔn nkurɔfo de som tete mmere mu no a, wubehu sɛ na ebi wom—ebi ne apam adaka no, ahwehwɛ po (anaa ɔsɛn a na wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan wom), nkanea, aduhuam a wɔhyew, ne afɔremuka a wɔbɔ afɔre wɔ so.—Exodus 25:10, 17, 18; 40:24-32; Adiyisɛm 4:5, 6; 5:8; 8:3; 11:19.
Nkekaboa—egyina hɔ ma nnipa aban.—Daniel 7:1-8, 17-26; Adiyisɛm 13:2, 11; 17:3.
Nɔma ahorow a egyina hɔ ma biribi.—Adiyisɛm 1:20; 8:13; 13:18; 21:16.
Anisoadehu a ɛwom no, ɛbɛba mu wɔ “Awurade da no mu.” Yɛka Awurade da no a, efii ase afe 1914. Saa afe no na Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi. Saa bere no ara nso na Yesu fii ase dii hene. (Adiyisɛm 1:10) Enti yebetumi aka sɛ Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm no, ne kɛse no ara bɛba mu wɔ yɛn bere yi so.
Bible de, sɛ yɛbɛte ase a, gye sɛ yenya nyansa a efi Onyankopɔn hɔ, na yɛma wɔn a wɔte ase dedaw no boa yɛn. Enti Adiyisɛm nhoma no nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛte ase a, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Asomafo Nnwuma 8:26-39; Yakobo 1:5.