Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 32
  • Suban Pa​—Ɛho Hia Pa Ara?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suban Pa​—Ɛho Hia Pa Ara?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu fa suban pa ho
  • Sɛnea wubetu mpɔn
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Minya Su Horow A Eye
    Nyan!—1985
  • Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Su Pa Wɔ Asɛnka Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Momma Yɛnna Obu Adi Sɛ Onyankopɔn Asomfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 32
Aberewa bi akodi gua na aberantewa bi reboa no ama ɔde akɔ

MMABUN BISA SƐ

Suban Pa​—Ɛho Hia Pa Ara?

‘Nkurɔfo mmue pon mma me; adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibue pon ma wɔn?’

‘“Mepa wo kyɛw,” “meda wo ase,” ne “mesrɛ wo.” Saa nsɛm no de, sɛ́ ɛho nhyɛ da nhia. Nneɛma a ɛho hia na ɛsɛ sɛ yedwen ho, anaa ɛnte saa?’

‘Ɛho nhia sɛ meda suban pa adi kyerɛ me nuanom efisɛ yɛyɛ abusua.’

Nsɛm a ɛte saa no, woaka bi pɛn anaa? Sɛ saa, ɛnde mfaso a ɛwɔ suban pa so no, woreyɛ ama afa wo kɔn ho!

  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu fa suban pa ho

  • Sɛnea wubetu mpɔn

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea ɛsɛ sɛ wuhu fa suban pa ho

Suban pa betumi aboa wo wɔ akwan mmiɛnsa yi so:

  1. Sɛnea afoforo hu wo. Sɛnea wo ne afoforo di nsɛm no betumi ama woanya din pa anaa dimmɔne. Sɛ woda suban pa adi a, nkurɔfo behu sɛ wonyɛ abofra na wobetumi de wɔn ho ato wo so​—wɔne wo bedi no sɛ obi a wanyin! Sɛ wo suban nye a, nkurɔfo behu sɛ wo nko ara ho na wudwen. Enti sɛ adwuma bi ba anaa hokwan foforo bi bue a, anhwɛ a na yɛamfrɛ wo. Bible ka sɛ, “Otirimɔdenfo de mmusu na ɛba ne honam so.”​—Mmebusɛm 11:17.

  2. Sɛnea wo ne wo nnamfo bɛbɔ. Bible ka sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:​14) Sɛ ɛba adamfofa a, ɔdɔ a yɛbɛda no adi ho hia pa ara. Wɔn a wɔwɔ suban pa, na wɔne afoforo di no yiye no, nkurɔfo taa bɛn wɔn. Yemmisa sɛ, hena na ɔbɛpɛ sɛ ɔfa obi a ommu ade anaa watoto n’ani awe adamfo?

  3. Sɛnea afoforo ne wo di nsɛm. Jennifer yɛ ababaa a wadi mfe 23; ɔka sɛ, “sɛ woda suban pa adi bere nyinaa a, nkakrankakra wubehu sɛ wɔn a obiara nim sɛ wommu ade koraa befi ase de obu ama wo.” Nanso sɛ wummu ade a, obiara nso remfa wo nyɛ hwee. Bible ka sɛ: “Susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.”​—Mateo 7:2.

Nea yɛreka akosi: Asetena mu de, daa wubehyia nkurɔfo. Sɛnea wo ne wɔn bedi nsɛm no bɛka sɛnea wɔn nso ne wo bedi. Ne tiaatwa mu no, suban ho hia pa ara!

Sɛnea wubetu mpɔn

  1. Susuw suban a woda no adi no ho. Bisa wo ho nsɛm bi te sɛ: ‘Me ne mpanyimfo kasa obu so anaa? Mpɛn dodow ahe na meka “mepa wo kyɛw,” “meda wo ase,” anaa “mesrɛ wo”? Sɛ me ne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, mema nneɛma twetwe m’adwene anaa? Ɛyɛ a mekenkan ade anaa mesɛnde text message bere a yɛrebɔ nkɔmmɔ no? Meda obu adi kyerɛ m’awofo ne me nuanom anaa meyɛ nea mepɛ esiane sɛ wɔyɛ m’abusuafo nti?’

    Bible ka sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.”​—Romafo 12:10.

  2. Fa botae ahorow sisi w’ani so. Kyerɛw nneɛma mmiɛnsa a wubetumi atu mpɔn wom. Sɛ nhwɛso no, Allison a wadi mfe 15 ka sɛ, sɛ ɔne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, ɔpɛ sɛ “otie asɛm yiye sen sɛ ɔbɛkasa bebree.” David adi mfe 19, na ɔka sɛ, ɛwɔ sɛ ɔbɔ mmɔden gyae sɛ ɔne n’abusuafo anaa ne nnamfo wɔ hɔ a, ɔde nsɛm bɛfa ne fon so amena obi. “Ɛnkyerɛ obu. Meyɛ saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi foforo mmom na mepɛ sɛ me ne no bɔ nkɔmmɔ na ɛnyɛ wɔn.” Edward adi mfe 17. Ɔka sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ obi rekasa a ɔrentwa n’ano. Jennifer a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ka sɛ, wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛda suban pa adi akyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. “Kan no, mihyia wɔn a, na mikyia wɔn a minnyina koraa. Afei na mapɛ asɛm bi ayi me ho ano atoa so kɔ m’atipɛnfo nkyɛn. Nanso seesei de migye bere bɛn wɔn na mebɔ mmɔden sɛ mehu wɔn yiye. Aboa me ama mayɛ nsakrae pii.”

    Bible ka sɛ: “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”​—Filipifo 2:4.

  3. Fa w’ani di wo nkɔso akyi. Fa bosome baako si hɔ na hwɛ sɛnea wokasa anaa woyɛ w’ade. Afei hwɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wutu mpɔn wom. Bosome no kɔ awiei a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛn na suban pa a mada no adi no aboa me? Dɛn bio na ɛsɛ sɛ mitu mpɔn wom?’ Fa si w’ani so sɛ wobɛyɛ nea wotɔ sin wom no ho adwuma.

    Bible ka sɛ: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”​—Luka 6:31.

Wunim biribi? Nea woyɛ wɔ ɔman bi so a wɔbɛka sɛ ɛyɛ ne kwan so no, sɛ wokɔyɛ wɔ ɔman foforo so a, ebia wɔbɛka sɛ ɛnyɛ suban pa. Sɛ nhwɛso no, Japanfo amammerɛ hwehwɛ sɛ wuyi wo mpaboa ansa na woawura obi fie. Aman afoforo so no, sɛ obi yɛ saa a ɛkyerɛ sɛ ommu ade. Nneyɛe bɛn na wogye tom wɔ wo kurom?

NEA W’ATIPƐNFO KA

Selena

Selena

“Sɛ woda suban pa adi a, ɛno ne ade a edi kan a afoforo hu na wɔkyerɛ ho anisɔ. Wo nso w’ani begye efisɛ wunim sɛ woreyɛ adepa.”

Megan

Megan

“Sɛ woanna suban pa adi a, nkurɔfo remfa w’asɛm nyɛ asɛm. Sɛ woda suban pa adi a, afoforo nso de obu a ɛfata bɛma wo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena