Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 94
  • Dɛn Ne Babilon Kɛse?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Babilon Kɛse?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Sɛn na Onyankopɔn hu Babilon Kɛse?
  • Dɛn na ɛbɛto Babilon Kɛse?
  • “Babilon Kɛse” no a Wubehu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Babilon Kɛse No Ahwe Ase Na Wɔabu No Ntɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Wɔasɛe Kurow Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 94
Tuutuuni bea bi a ɔhyɛ ataade afasebiri ne ataade kɔkɔɔ ayɛ ɔhene bi atuu. Saa ɔbea no gyina hɔ ma Babilon Kɛse no. Wohwɛ n’akyi a, Kristoman sɔfo bi rehyɛ ɔhene bi ahenkyɛw.

Dɛn Ne Babilon Kɛse?

Nea Bible ka

Adiyisɛm nhoma no ka “ɔbea bi” a ɔyɛ “tuutuuni kɛse” ho asɛm, na ɛka sɛ ɔwɔ din bi a ‘ɛyɛ ahintasɛm: “Babilon Kɛse.”’ (Adiyisɛm 17:1, 3, 5) Saa ɔbea yi gyina hɔ ma atoro som a ɛwɔ wiase nyinaa. Saa ɔsom ahorow yi, “wɔde Onyankopɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokware no sesaa atoro.”a (Romafo 1:25) Ɛwom, nsɔrensɔre ahorow a ɛka bom yɛ Babilon Kɛse no, ɛsono sɛnea ebiara te, nanso emu biara fa kwan bi so twe nkurɔfo fi Yehowa a ɔyɛ nokware Nyankopɔn no som ho.—Deuteronomium 4:35.

Nea Ɛboa Yɛn Ma Yehu Nea Babilon Kɛse Gyina Hɔ Ma

  1. Babilon Kɛse gyina hɔ ma biribi. Adiyisɛm nhoma no, emu nsɛm yɛ “nsɛnkyerɛnne.” Enti sɛ yɛka sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma biribi, na ɛnyɛ ɔbea ankasa a, ntease wom. (Adiyisɛm 1:1) Afei nso, saa ɔbea no ‘te nsu pii so.’ “Nsu pii” no gyina hɔ ma “nkurɔfo ne nnipakuw ne aman ne kasa horow.” (Adiyisɛm 17:1, 15) Ɔbea ankasa rentumi nyɛ wei.

  2. Babilon Kɛse gyina hɔ ma biribi a ɛwɔ wiase baabiara. Bible frɛ no “kurow kɛse a ɛwɔ ahenni a edi asaase so ahemfo so.” (Adiyisɛm 17:18) Enti ɛwɔ wiase baabiara, na ɛwɔ aman pii so tumi.

  3. Babilon Kɛse nyɛ amanyɔsɛm ahyehyɛde, ɛnyɛ aguadi ahyehyɛde, mmom ɛyɛ ɔsom ahyehyɛde. Tete Babilon kurow no, na nkurɔfo a ɛte hɔ no mfa wɔn som nni agorɔ koraa. “Kaberɛkyere” ne ‘asumansɛm’ de, na wɔfa no kwa. (Yesaia 47:1, 12, 13; Yeremia 50:1, 2, 38) Ná wɔnsom nokware Nyankopɔn Yehowa. Ɔsom a Yehowa kyi na na wɔde wɔn ho ahyem. (Genesis 10:8, 9; 11:2-4, 8) Babilon atumfoɔ no, na wɔwɔ adwene sɛ wɔkorɔn sen Yehowa; ná wɔpɛ sɛ nkurɔfo som wɔn, na ɛnyɛ Onyankopɔn. (Yesaia 14:4, 13, 14; Daniel 5:2-4, 23) Babilon Kɛse nso, edi ‘ahonhonsɛm’ paa. Ɛno ma yehu sɛ ɛyɛ ɔsom ahyehyɛde.—Adiyisɛm 18:23.

    Babilon Kɛse rentumi nyɛ amanyɔsɛm ahyehyɛde, efisɛ sɛ wɔsɛe no a, “asaase so ahemfo” besu no. (Adiyisɛm 17:1, 2; 18:9) Saa ara nso na ɛnyɛ aguadi ahyehyɛde, efisɛ Bible ma yehu sɛ ɛsono Babilon Kɛse, ɛnna ɛsono “asaase so aguadifo.”—Adiyisɛm 18:11, 15.

  4. Photograph taken by courtesy of the British Museum

    Babilon hene Nabonido nkaedum bi ni, na anyame mmiɛnsa a wɔyɛ baasakoro ahyɛnsode wɔ so. Anyame no ne Sin, Ishtar, ne Shamash

  5. Wohwɛ Babilon Kɛse a, biribiara kyerɛ sɛ egyina hɔ ma atorosom. Atorosom mmoa nkurɔfo mma wɔmmɛn nokware Nyankopɔn Yehowa, mmom nea ɛte ne sɛ, wɔma nkurɔfo som anyame foforo. Nea wɔyɛ no nti, Bible ka sɛ wɔne anyame no bɔ “aguaman.” (Leviticus 20:6; Exodus 34:15, 16) Nneɛma a na wɔkyerɛkyerɛ wɔ tete Babilon no, ɛno ara bi na ɛnnɛ, atorosom a ɛwɔ hɔ no pii kyerɛkyerɛ. Ebi ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ, nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra bi hyɛ yɛn mu a enwu da, ne ahoni a wɔde di adwuma wɔ ɔsom mu. Afei nso, wohwɛ nneɛma a atorosom mufo yɛ no a, wuhu sɛ wɔdɔ wiase. Ɛno nso de, Bible ka sɛ ɛyɛ awaresɛe.—Yakobo 4:4.

    Atorosom sika ne wɔn agyapade a wɔde hoahoa wɔn ho no, ɛne nea Bible ka fa Babilon Kɛse ho no hyia. Bible ka sɛ, ɔhyɛ “ataade afasebiri ne ataade kɔkɔɔ,” na “ɔde sika kɔkɔɔ ne aboɔden abo ne abohene ahyehyɛ ne ho.” (Adiyisɛm 17:4) “Asaase so akyiwade,” anaa nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a egu Onyankopɔn din ho fi nyinaa fi Babilon Kɛse. (Adiyisɛm 17:5) Nnipa a wɔwɔ atorosom mu no, wɔn na wɔyɛ “nkurɔfo ne nnipakuw ne aman ne kasa horow” a wɔtaa Babilon Kɛse akyi no.—Adiyisɛm 17:15.

Babilon Kɛse no di “wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa” mogya ho fɔ. (Adiyisɛm 18:24) Efi tete besi nnɛ, atorosom asoso gya agu ɔko mu, na awurukasɛm a ɛkɔ so wɔ wiase no nso, wɔn na wɔhyɛ akyi. Ɛnyɛ ɛno nko ara. Yehowa a ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn no, wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo mma wɔnhu ne ho nokwasɛm. (1 Yohane 4:8) Wei ama mogyahwiegu pii akɔ so.

Mfoni: Nsɔredan bi sisi hɔ. Wohwɛ mfoni a ɛwowɔ ho no a, wubehu akwan a atorosom afa so ahyɛ ɔko ho nkuran fi tete besi nnɛ. 1. Ɔko a ɛkɔɔ so wɔ Kristoman ne Nkramofo ntam wɔ tete mmere mu. 2. Wiase Ko a Edi Kan. 3. Ɔsɔfo bi rehyira sogyani bi.  4. Afrika sɔfo bi reka mmusuakuw bi ti abom ama wɔako. 5. Japan asogyafo bi resom wɔn hempɔn.

Sɛn na Onyankopɔn hu Babilon Kɛse?

Onyankopɔn ani so no, Babilon Kɛse no “bɔne no aboaboa ano akodu soro.” (Adiyisɛm 18:4, 5) Onyankopɔn bo afuw atorosom paa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ ne ho atosɛm, na wɔteetee n’asomfo.

Dɛn na ɛbɛto Babilon Kɛse?

Babilon Kɛse no, Bible ka sɛ “Onyankopɔn abu no atɛn.” (Adiyisɛm 18:20) Bible aka ato hɔ sɛ, Onyankopɔn bɛsɛe atorosom nyinaa. (Adiyisɛm 18:8) Onyankopɔn bɛma akekaboa kɔkɔɔ bi atow ahyɛ atorosom so asɛe no korakora. Saa akekaboa kɔkɔɔ no, egyina hɔ ma amanyɔsɛm ahyehyɛde bi a ɛwɔ tumi paa. (Adiyisɛm 17:16, 17) “Saa ara na wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wɔrenhu no bio da.” (Adiyisɛm 18:21) Enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɛsɛ sɛ ‘ofi mu,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi atorosom ho koraa.—2 Korintofo 6:14-17.

a Hwɛ asɛm a yɛato din “Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena