Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 107
  • Sɛ Bible Ka Sɛ Wɔasan Awo Obi Bio a, Ɛkyerɛ Sɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Bible Ka Sɛ Wɔasan Awo Obi Bio a, Ɛkyerɛ Sɛn?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • ‘Awo Foforo’​—Onipa Afã ne Onyankopɔn Afã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Henanom Na ‘Wɔawo Wɔn Foforo’?
    Nyan!—1988
  • ‘Awo Foforo’ Trɛw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 107
Wɔabɔ Yesu asu wɔ Asubɔnten Yordan mu awie; Yesu rehwɛ soro

Sɛ Bible Ka Sɛ Wɔasan Awo Obi Bio a, Ɛkyerɛ Sɛn?

Nea Bible ka

Sɛ Bible ka sɛ ‘wɔasan awo obi bio’ a, ɛkyerɛ sɛ, onii no ne Onyankopɔn abenya ayɔnkofa soronko bi. (Yohane 3:3, 7) Wɔn a wɔasan awo wɔn bio no, Onyankopɔn gye wɔn de wɔn yɛ ne mma. (Romafo 8:15, 16; Galatifo 4:5; 1 Yohane 3:1) Sɛnea obi tumi kogye abofra bi wɔ mmara kwan so de no yɛ ne ba no, saa ara na sɛ wɔsan wo obi bio a, onipa no asetena sesa ma Onyankopɔn gye no bɛka n’abusua ho.—2 Korintofo 6:18.

Adɛn nti na wɔsan wo obi bio?

Yesu kaa sɛ: “Sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn Ahenni no.” (Yohane 3:3) Enti sɛ wɔsan wo obi bio a, ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn resiesie no ama ɔne Kristo akodi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Onyankopɔn Ahenni no, ebefi soro na adi tumi. Enti Bible ka “awo foforo,” anaa wo a wɔsan wo obi bio no ho asɛm sɛ, ɛma onipa no nya agyapade a “wɔakora so wɔ ɔsoro.” (1 Petro 1:3, 4) Wɔn a wɔsan wo wɔn bio no, Onyankopɔn ma wɔnya gyidi paa sɛ ‘wɔne Kristo bedi hene.’—2 Timoteo 2:12; 2 Korintofo 1:21, 22.

Sɛn na wɔsan wo obi bio?

Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu no, ɔkaa sɛ, wɔn a wɔsan wo wɔn bio no, ‘wɔde nsu ne honhom bɛwo wɔn.’ (Yohane 3:5) Nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ, wɔbedi kan abɔ wɔn asu wɔ nsu mu, na ɛno akyi no, wɔde honhom kronkron nso abɔ wɔn asu.—Asomafo Nnwuma 1:5; 2:1-4.

Yesu ne onipa a odi kan a wɔsan woo no bio. Wɔbɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu, na ɛno akyi no, Onyankopɔn de honhom kronkron sraa no, anaa ɔde honhom kronkron bɔɔ no asu. Saa kwan yi so na Onyankopɔn de honhom kronkron san woo Yesu bio ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn ba a ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛsan akɔ soro. (Marko 1:9-11) Onyankopɔn nyanee Yesu fii awufo mu ma ɔbɛyɛɛ ɔbɔfo; wei maa anidaso a na Yesu wɔ no baa mu.—Asomafo Nnwuma 13:33.

Yesu akyi no, nnipa a wɔsan wo wɔn bio no, wɔn nso, wɔbɔ wɔn asu wɔ nsu mu ansa na wɔanya honhom kronkron.a (Asomafo Nnwuma 2:38, 41) Ɛno akyi no, wɔnya anidaso a edi mũ sɛ wɔbɛkɔ soro. Saa anidaso no, sɛ wɔwu a, Onyankopɔn benyan wɔn afi awufo mu ama aba mu.—1 Korintofo 15:42-49.

Asɛm a ɛnyɛ nokware a nkurɔfo ka fa wo a wɔsan wo obi bio ho

Asɛm a ɛnyɛ nokware: Sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrennya nkwagye, na ɔrentumi mmɛyɛ Kristoni nso.

Asɛm a ɛyɛ nokware: Kristo de ne nkwa bɔɔ afɔre, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔasan awo wɔn bio a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no benya nkwagye. Nanso, ɛnyɛ wɔn nko ara na afɔre a Kristo bɔe no ma wɔnya nkwagye. Mmom, Kristo afɔre no nti, wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo wɔ asaase so no nso benya nkwagye. (1 Yohane 2:1, 2; Adiyisɛm 5:9, 10) Onyankopɔn Ahenni no manfo a wɔnka wɔn a wɔbɛkɔ soro no ho no, wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ akwannya sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asaase so.—Dwom 37:29; Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:1-5.

Asɛm a ɛnyɛ nokware: Obi betumi ama wɔasan awo no bio.

Asɛm a ɛyɛ nokware: Akwannya wɔ hɔ ma obi biara sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn adamfo na wanya nkwagye. (1 Timoteo 2:3, 4; Yakobo 4:8) Nanso, wo a wɔbɛsan awo obi bio, anaa honhom kronkron a wɔde bɛsra obi no de, ɛwɔ Onyankopɔn nsam. Bible ma yehu sɛ, wo a wɔsan wo obi no, “ennyina nea obi pɛ anaa ne mmɔdenbɔ so, na mmom egyina Onyankopɔn . . . so.” (Romafo 9:16) Bible asɛm a ɛne ‘wɔsan wo obi bio’ no, yebetumi asan aka no sɛ, ‘wɔawo obi afi soro.’ Wei di adanse sɛ, sɛ́ wɔbɛwo obi bio anaa wɔrenyɛ saa no, ‘efi soro,’ anaa Onyankopɔn na ɔkyerɛ.—Yohane 3:3, ase hɔ asɛm.

a Kornelio ne wɔn a na wɔka ne ho no nko ara de, wɔdii kan de honhom kronkron bɔɔ wɔn asu ansa na wɔrebɔ wɔn asu wɔ nsu mu.—Asomafo Nnwuma 10:44-48.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena