Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 123
  • Onyankopɔn Wɔ Baabiara Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Wɔ Baabiara Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Onyankopɔn Wɔ Baabiara?
    Nyan!—2005
  • Sɛnea Onyankopɔn Te
    Nyan!—2013
  • Dɛn Ne Honhom Kronkron?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu Onyankopɔn Yiye?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 123
Owia rekɔtɔ, na nsoromma nso gu wim pii

Onyankopɔn Wɔ Baabiara Anaa?

Nea Bible ka

Onyankopɔn tumi hu biribiara, na baabiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi nso, otumi yɛ. (Mmebusɛm 15:3; Hebrifo 4:13) Nanso Bible nka sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara. Mmom ɛma yehu sɛ ɔyɛ obi, na ɔwɔ baabi pɔtee a ɔte.

  • Sɛnea Onyankopɔn te: Onyankopɔn yɛ honhom. (Yohane 4:24) Nnipa ntumi mfa wɔn ani nhu no. (Yohane 1:18) Onyankopɔn ho anisoadehu pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ ɔwɔ baabi pɔtee a ɔte. Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ baabiara.—Yesaia 6:1, 2; Adiyisɛm 4:2, 3, 8.

  • Ɛhe na Onyankopɔn wɔ? Bible ka sɛ Onyankopɔn “tenabea” wɔ “soro.” (1 Ahene 8:30) Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn nte asaase so anaa onni baabi foforo biara, na mmom ɔwɔ soro. Bible kyerɛ sɛ bere bi abɔfo “begyinagyinaa Yehowaa anim.” Ɛno ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ baabi pɔtee.—Hiob 1:6.

Sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔwɔ baabiara a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi aboa obi biara?

Onyankopɔn betumi aboa wo. Odwen yɛn ho mmaako mmaako. Ɛwom, ɔwɔ soro nanso n’ani tua asaase so nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde nyinaa, na ɔpɛ sɛ odi boa wɔn. (1 Ahene 8:39; 2 Beresosɛm 16:9) Yɛnhwɛ nneɛma bi a Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ wɔn a woyi wɔn yam som no no, odwen wɔn ho:

  • Bere a worebɔ mpae: Wunya bue w’ano sɛ worebɔ mpae a, Yehowa te.—2 Beresosɛm 18:31.

  • Bere a adwinnwen ahyɛ wo so: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.”—Dwom 34:18.

  • Bere a wuhia akwankyerɛ: Yehowa nam n’Asɛm Bible so bɛma ‘woanya nhumu na wakyerɛ wo ɔkwan a fa so.’—Dwom 32:8.

Atosɛm a nkurɔfo ka de kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara

Atosɛm: Baabi a wobɛfa biara Onyankopɔn wɔ hɔ.

Nokwasɛm: Onyankopɔn nte asaase so, na onni baabi foforo biara wɔ amansan yi mu. (1 Ahene 8:27) Ɛwom, nsoromma ne nneɛma foforo a Onyankopɔn abɔ “ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ.” (Dwom 19:1) Nanso sɛ obi drɔ nneɛma bi a, yɛrentumi nka sɛ ɔte nneɛma a wadrɔ no mu. Enti saa ara na Onyankopɔn nso nte nneɛma a wabɔ mu. Ne nyinaa mu no, sɛ yehu ade a obi adrɔ a, ɛma yesua biribi fa onii a ɔdrɔe no ho. Saa ara na yɛn nso sɛ yɛhwɛ nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayɛ a, ɛma yehu ne “su horow a wonhu no.” Esu no bi ne tumi, nyansa, ne ɔdɔ.—Romafo 1:20.

Atosɛm: Sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔwɔ baabiara a, anka ɛnyɛ biribiara na obetumi ahu anaa obetumi ayɛ.

Nokwasɛm: Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ tumi a ɔde yɛ ade. Ne honhom kronkron nti, otumi hu biribiara. Afei nso ɛma otumi yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara, na ɔyɛ wɔ baabi a ɔpɛ ne bere a ɔpɛ a enhia sɛ ɔno ankasa wɔ hɔ.—Dwom 139:7.

Atosɛm: Asɛm a ɛwɔ Dwom 139:8 no ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara. Ɛka sɛ: “Sɛ meforo kɔ soro a, wuni; na sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ Adamoa mu a, ɛhɔ nso wowɔ hɔ.”

Nokwasɛm: Ɛnyɛ baabi a Onyankopɔn wɔ na kyerɛwsɛm yi reka ho asɛm. Mmom ɛyɛ anwensɛm a ɛma yehu sɛ baabi a yɛhyɛ biara, Onyankopɔn betumi adi aboa yɛn.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena