MMABUN BISA SƐ
Mɛyɛ Dɛn Anya Obi a Ɔwɔ Suban Pa a Mɛhwɛ No Asuasua No?
“Bere a mewɔ sukuu no, nea na ɛboa me ne sɛ, sɛ mihyia ɔhaw bi a, na mede m’adwene si obi a ne suban yɛ me fɛ a na wafa ɔhaw a ɛte saa mu pɛn so. Ná mebɔ mmɔden sɛ mesuasua saa nipa no suban pa no. Sɛ wunya obi a ɔwɔ suban pa suasua no, na wuhyia ɔhaw ne ateetee a, ɛboa ma wutumi fa mu.”—Haley.
Sɛ wunya obi a ɔwɔ suban pa a wubetumi ahwɛ no asuasua no a, ebetumi aboa wo na woankɔfa ɔhaw ammɛto wo ho so, na ɛbɛboa wo ama woadu botae a wode asisi w’ani so ho nso. Enti, nea ehia paa ne sɛ wubenya obi a ɔwɔ suban pa asuasua no.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye?
Nnipa a wohwɛ wɔn suasua wɔn no, sɛnea wɔbɔ wɔn bra no, saa ara na wo nso wobɛbɔ wo bra.
Bible tu Kristofo fo sɛ wɔnsuasua nnipa a wɔyɛ nhwɛso pa. Ɛka sɛ: “Momfa mo ani nto fam nhwɛ sɛnea wɔn abrabɔ bewie, na munsuasua wɔn gyidi.”—Hebrifo 13:7.
Nyansahyɛ: Nnipa a wobɛhwɛ wɔn asuasua wɔn no, wɔbetumi ama w’abrabɔ ayɛ papa anaa wɔasɛe w’abrabɔ. Enti nkurɔfo a wɔn suban yɛ fɛ paa no, wɔn na ɛsɛ sɛ wusuasua wɔn, ɛnyɛ nkurɔfo a wɔagye din kɛkɛ, anaa wɔn a wo ne wɔn bɔ tipɛn.
“Misuaa nneɛma pii fii me nua Kristoni bi a yɛfrɛ no Adam hɔ. Misuasuaa ne suban pa ne n’abrabɔ pa no. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, meda so ara kae nsɛm pɔtee bi a ɔkae ne nneɛma pɔtee bi a ɔyɛe. Onnim da sɛ ne suban ne ne nneyɛe boaa me paa.”—Colin.
Nnipa a wohwɛ wɔn suasua wɔn no, ebetumi aka sɛnea wuhu wo ho ne adwene a wukura wɔ wo ho.
Bible ka sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Korintofo 15:33.
Nyansahyɛ: Sɛ worepɛ obi ahwɛ no asuasua no a, pɛ obi a ɔwɔ suban pa, ɛnyɛ obi a ne ho yɛ fɛ kɛkɛ. Anyɛ saa a, wo nsa betumi asi fam.
“Sɛ wotaa de wo ho toto nnipa a wɔn ho yɛ fɛ ho a, ɛma wunya adwene sɛ wo ho nyɛ fɛ, na wonsɛ hwee. Afei ebetumi ama woadwen ahoɔfɛ ne sɛnea wo nipadua te ho atra so.”—Tamara.
Susuw wei ho hwɛ: Sɛ nnipa a wɔagye din wɔ wiase ne wɔn a wɔagye din wɔ agokansi mu na wobɛhwɛ wɔn asuasua wɔn a, ɔhaw bɛn na wubetumi akɔfa abɛto wo ho so?
Nnipa a wohwɛ wɔn suasua wɔn no na ɛbɛkyerɛ sɛ wubetumi adu botae a wode asisi w’ani so ho anaa worentumi nnu ho.
Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.
Nyansahyɛ: Sɛ worepɛ nnipa a wobɛhwɛ wɔn asuasua wɔn a, hwehwɛ nnipa a wɔwɔ suban a wopɛ sɛ wunya bi no, na suasua wɔn. Bere a worehwɛ wɔn no, wubetumi ahu suban pɔtee bi wɔ wɔn ho a wubetumi asuasua na aboa wo ama woadu botae a wode asi w’ani so no ho.
“Sɛ wode botae bi resi w’ani so a, nka biribi kɛkɛ te sɛ, ‘Mepɛ sɛ meyɛ obi a n’ani da fam.’ Mmom ka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meyɛ obi a n’ani da fam te sɛ Jane. Ɔnka akyi wɔ biribiara mu, na nea wɔde bɛhyɛ ne nsa biara, ɔyɛ no pɛpɛɛpɛ; ɔmfa nni agorɔ.’ ”—Miriam.
Nea yɛreka akosi: Sɛ wunya obi a ɔwɔ suban pa suasua no a, wo nso wubenyin abɛyɛ obi a ɔwɔ suban pa.
Sɛ wunya nnipa a wɔwɔ suban pa suasua wɔn a, ɛrenyɛ den sɛ wubedu botae a wode asisi w’ani so ho!
Sɛnea wubenya obi asuasua no
Sɛ worepɛ obi ahwɛ no asuasua no a, wubetumi afa akwan mmienu so.
Wubetumi apɛ suban bi a ɛyɛ wo fɛ a wopɛ sɛ wusuasua. Ɛno akyi no, na woahwɛ obi a ne suban yɛ wo fɛ a ɔwɔ saa suban no bi, na woasuasua no.
Wubetumi apɛ obi a ne suban yɛ wo fɛ, na ɛno akyi no, woahwɛ suban pa bi a ɔwɔ, na woasuasua.
Wɔn a wubetumi ahwɛ wɔn asuasua wɔn no, wɔbetumi ayɛ:
W’atipɛnfo. “M’adamfo paa wɔ suban pa, na mepɛ sɛ misuasua no. Sɛ ohu sɛ obi ho akyere no a, ogyae nea ɔreyɛ biara kɔboa no. Manyin sen no, nanso mahu sɛ ɔwɔ suban pa bi a minni bi, na mepɛ sɛ misuasua ne suban pa no.”—Miriam.
Nnipa a wɔanyinyin. Weinom betumi ayɛ w’awofo anaa nnipa bi a wo ne wɔn wɔ ɔsom baako mu. “Metumi aka paa sɛ, m’awofo yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa a metumi asuasua wɔn. Wɔn suban yɛ me fɛ paa. Mihu sɛ mfomso wɔ wɔn ho, nanso wɔn mfomso nyinaa akyi no, wɔdi Onyankopɔn nokware. Sɛ minyin du baabi a m’awofo adu no a, minyae a anka nkurɔfo behu me sɛ me nso mewɔ suban pa, anaa me suban yɛ fɛ te sɛ wɔn.”—Annette.
Nnipa a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu. “Nnipa pii na wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu a merehwɛ wɔn asuasua wɔn. Saa nkurɔfo no ne: Timoteo, Rut, Hiob, Petro, ne Israelni abaayewa no. Wɔn mu biara wɔ suban pa bi a merehwɛ asuasua. Da biara a mesua nnipa a Bible ka wɔn ho nsɛm no ho ade no, ɛma mihu sɛ me nso metumi ayɛ nea wɔyɛe no bi. Bere a misuaa nnipa a wɔn ho nsɛm wɔ Suasua Wɔn Gyidi nhoma no mu ho ade no, m’ani gyei paa. Nnipa a wɔn ho nsɛm wɔ ‘Role Model Index’ afã hɔ wɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no, Ɔfã 1 ne ‘Ɔfã 2 no mu nso, bere a misuaa wɔn ho ade no, ɛhyɛɛ me den paa.—Melinda.
Nyansahyɛ: Sɛ worepɛ obi asuasua no a, mfa onipa baako pɛ nsi w’ani so. Ɔsomafo Paul tuu ne nuanom Kristofo fo sɛ: “Monhwɛ wɔn a wɔnantew sɛnea yɛayɛ ho nhwɛso akyerɛ mo no nso.”—Filipifo 3:17.
Wunim biribi? Wo nso, obi betumi ahwɛ wo asuasua wo! Bible ka sɛ: “Yɛ nhwɛso ma anokwafo no wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.”—1 Timoteo 4:12.
“Ɛwom sɛ ebia worebɔ mmɔden sɛ wubenya suban pa ahorow bi de, nanso ne nyinaa mu no, nkurɔfo betumi ahwɛ wo asuasua wo na wɔn nso anya suban pa. Ebia obi rehwɛ wo asuasua wo a wunnim, na ebia sɛnea woyɛ w’ade ne nsɛm a woka no betumi asesa obi ama wanya suban pa bere mpo a wunnim.”—Kiana.